< 1 Mose 23 >

1 Sara dii mfe ɔha aduonu ason.
A Sara dożyła stu dwudziestu siedmiu lat. [Tyle było] lat życia Sary.
2 Owui wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kogyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ.
Sara umarła w mieście Kiriat-Arba, czyli w Hebronie, w ziemi Kanaan. I Abraham przyszedł, aby odbyć żałobę po Sarze i opłakiwać ją.
3 Abraham gyaw ne yere Sara amu no wɔ hɔ, kɔɔ Hetifo mpanyimfo nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn se,
Potem Abraham wstał od swej zmarłej i powiedział do synów Cheta:
4 “Meyɛ ɔhɔho ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na minsie me yere wɔ so.”
Jestem wśród was przybyszem i przychodniem. Dajcie mi na własność grób między wami, abym pogrzebał moją zmarłą sprzed mojego oblicza.
5 Hetifo no buaa Abraham se,
Synowie Cheta odpowiedzieli Abrahamowi:
6 “Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn somfo kɛse wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wusie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kosie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”
Słuchaj nas, mój panie: [Jesteś] księciem Boga wśród nas. Pochowaj swoją zmarłą w naszych najlepszych grobach. Nikt z nas nie odmówi ci swego grobu, abyś pochował swoją zmarłą.
7 Ɛhɔ ara na Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Hetifo no anim,
Wtedy Abraham wstał, pokłonił się ludowi tej ziemi, czyli synom Cheta;
8 ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ moapene so sɛ minsie mʼamu no wɔ ha de a, mepa mo kyɛw, monsrɛ Efron a ɔyɛ Sohar babarima no mma me,
I powiedział do nich: Jeśli zgadzacie się, abym pochował moją zmarłą sprzed mojego oblicza, posłuchajcie mnie i wstawcie się za mną do Efrona, syna Sochara;
9 na ɔntɔn Makpela ɔboda a ɛwɔ nʼafuw ano no mma me. Monka nkyerɛ no na ɔntɔn no sɛnea ne bo di pɛpɛɛpɛ mma me, na mede hɔ ayɛ me ne mʼabusuafo amusiei.”
Aby mi ustąpił swą jaskinię Makpela, która znajduje się na końcu jego pola. Niech mi ją odda za odpowiednią cenę jako grób na własność wśród was.
10 Saa bere no na Hetini Efron a ɔte ne manfo mu no buaa Abraham, maa ne nkurɔfo a wɔahyia wɔ kurow no pon ano nyinaa tee sɛ,
A Efron siedział wśród synów Cheta. Odpowiedział więc Efron Chetyta Abrahamowi w obecności synów Cheta i wszystkich, którzy wchodzili w bramę jego miasta:
11 “Dabi, me wura, tie me! Mede afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Migyina me manfo anim, na mede kyɛ wo. Kosie wʼamu no wɔ hɔ.”
Nie, panie mój, posłuchaj mnie. Daję ci to pole i jaskinię, która na nim [jest]. Daję ją tobie w obecności synów mego ludu. Pochowaj swoją zmarłą.
12 Bio Abraham de obu ne nidi bɔɔ ne mu ase wɔ ɔmanfo no anim,
Wtedy Abraham pokłonił się przed ludem tej ziemi;
13 ka kyerɛɛ Efron maa wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa tee asɛm a ɔkae no se, “Mesrɛ mo, ɔmanfo, monyɛ aso mma me. Momma mintua asase no ka. Mompene so mma me, na minnya kwan nkosie mʼamu no.”
I powiedział do Efrona w obecności ludu tej ziemi: Raczej jeśli [się da], proszę, posłuchaj mnie. Dam ci pieniądze za pole, weź [je] ode mnie, a pochowam tam moją zmarłą.
14 Efron buaa Abraham se,
Efron odpowiedział Abrahamowi:
15 “Me wura, tie me! Asase no bo yɛ dwetɛ kilogram anan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako ana? Meregye saa sika yi ayɛ dɛn? Kosie wʼamu no!”
Mój panie, posłuchaj mnie. Ta ziemia jest warta czterysta syklów srebra, ale cóż to jest między mną a tobą? Pochowaj swoją zmarłą.
16 Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram anan ne fa a ɛyɛ asase no bo a ɔbɔ maa Hetifo no tee no de tuaa ka.
I Abraham wysłuchał Efrona. Odważył więc Abraham Efronowi srebro, które ten wymienił w obecności synów Cheta: czterysta syklów srebra, jakie były w obiegu u kupców.
17 Enti wɔde Efron asase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ, a ɛyɛ afuw no, ɔboda a ɛwɔ mu no, nnua a ɛwɔ afuw no mu ne nʼahye so nyinaa maa
Tak więc pole Efrona, które [jest] w Makpelu naprzeciw Mamre, pole i jaskinia, która na nim [jest], i wszystkie drzewa, które [były] na polu i wkoło na wszystkich jego granicach, przeszły;
18 Abraham sɛ nʼagyapade. Eyi nyinaa sii wɔ Hetifo no ne wɔn a wɔbaa kurow no pon no ano nyinaa anim.
Na własność Abrahama w obecności synów Cheta i wszystkich, którzy wchodzili w bramę tego miasta.
19 Akyiri no, Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela afuw a ɛbɛn Mamrɛ a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no mu.
Potem Abraham pochował swoją żonę Sarę w jaskini pola w Makpelu naprzeciwko Mamre, czyli Hebronie, w ziemi Kanaan.
20 Enti Hetifo no yɛɛ nhyehyɛe de afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no maa Abraham sɛ nʼagyapade ne nʼamusiei.
I zostały oddane Abrahamowi pole i jaskinia, która [była] na nim, jako grób na własność, przez synów Cheta.

< 1 Mose 23 >