< 1 Mose 18 >

1 Awia ketee bi a Abraham te ne ntamadan a ɛwɔ Mamrɛ odum kwae kwan ano no, Awurade yii ne ho adi bio kyerɛɛ no.
And God appeared to him by the oaks of Mamre, as he sat at the entrance to the tent in the heat of the day.
2 Abraham maa nʼani so no, ohuu sɛ mmarima baasa bi apue ne ntentenso. Ohuu wɔn no, otuu mmirika fii ne ntamadan no kwan ano kohyiaa wɔn, kotow wɔn.
He lifted up his eyes and looked, and saw that three men stood opposite him. When he saw them, he ran to meet them from the entrance of the tent, and bowed himself to the earth,
3 Abraham kae se, “Me wura, sɛ manya adom wɔ wʼanim a, ntwa me a meyɛ wʼakoa ho nkɔ.
and said, "My lord, if now I have found favor in your sight, please do not go on past your servant.
4 Momma wɔmfa nsu bi mmrɛ mo nhohoro mo anan ase, na monhome wɔ nnua yi ase kakra.
Now let a little water be brought, and wash your feet, and rest yourselves under the tree.
5 Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduan kakra bi mma monka mo ano, na munnya ahoɔden nkɔ mo kwan.” Nnipa no penee so kae se, “Eye, yɛ nea wopɛ sɛ woyɛ.”
I will get a bit of food so you may refresh yourselves. After that you may go your way, now that you have come to your servant." They said, "Very well, do as you have said."
6 Enti Abraham de ahoɔhare kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntamadan no mu, kɔka kyerɛɛ no se, “Ka wo ho fa asikresiam pa susukoraa abiɛsa, na fɔtɔw na fa to brodo.”
Abraham hurried into the tent to Sarah, and said, "Quickly, get three measures of fine flour, knead it, and make bread."
7 Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuw no mu, kɔkyeree nantwi ba a oye na wadɔ srade de no maa ne somfo ma ɔde ahoɔhare yɛɛ ne ho adwuma.
Abraham ran to the herd, and took a tender and good calf, and gave it to the servant, and he hurried to prepare it.
8 Afei, ɔfaa nufusu ani srade ne nufusu ne nantwi ba a ɔde anoa aduan no, de too nnipa baasa no pon. Bere a nnipa no gu so redidi no, na ogyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase.
He took curds, milk, and the calf that he had prepared, and set it before them. He stood by them under the tree, and they ate.
9 Nnipa no bisaa Abraham se, “Wo yere Sara wɔ he?” Abraham buaa wɔn se, “Ɔwɔ ntamadan no mu.”
They said to him, "Where is Sarah, your wife? He said, "See, in the tent."
10 Afei, Awurade kae se, “Nea ɛbɛyɛ biara, afe sesɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no na wo yere Sara awo ɔbabarima.” Saa bere no, na Sara gyina ntamadan no pon akyi, retie nkɔmmɔ no.
Then he said, "I will certainly return to you at the time of life. Look, Sarah your wife will have a son." Sarah heard from the entrance of the tent, which was behind him.
11 Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyin yiye a wɔn mfe akɔ anim koraa nti, na Sara awo apa ho.
Now Abraham and Sarah were old, well advanced in age. Sarah was past the age of childbearing.
12 Sara tee asɛm no, ɔserew ne tirim, kae se, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akwakoraa yi, ɛbɛyɛ dɛn na manya saa anigyede yi?”
Sarah laughed within herself, saying, "After I have grown old will I have pleasure, my husband being old also?"
13 Enti Awurade bisaa Abraham se, “Adɛn nti na Sara serew bisae se, ‘Ampa ara sɛ manyin adu sɛɛ yi, metumi awo ba ana?’
And God said to Abraham, "Why did Sarah laugh, saying, 'Will I really bear a child when I am old?'
14 Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sesɛɛ a mɛsan aba sɛnea mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”
Is anything too difficult for God? At the set time I will return to you, at the time of life, and Sarah will have a son."
15 Na Sara suro nti, otwaa atoro se, “Manserew.” Nanso Onyankopɔn kae se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ woserewee.”
But Sarah denied it, saying, "I did not laugh," for she was afraid. He said, "No, but you did laugh."
16 Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kogyaa wɔn kwan.
The men rose up from there, and looked toward Sodom. Abraham went with them to see them on their way.
17 Afei, Awurade kae se, “Ade a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no memfa nsie Abraham ana?
And God said, "Will I hide from Abraham what I am about to do,
18 Ɛyɛ nokware turodoo sɛ Abraham bɛyɛ ɔman kɛse a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wobehyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa.
seeing that Abraham will surely become a great and mighty nation, and all the nations of the earth will be blessed through him?
19 Efisɛ mapaw Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fifo Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade trenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.”
For I have made myself known to him, so that he may command his children and his household after him, that they may keep the way of Jehovah, to do righteousness and justice, so that God may bring to Abraham that which he has spoken to him."
20 Afei, Awurade kae se, “Mate nnebɔne a ɛyɛ duru a ɛrekɔ so wɔ Sodom ne Gomora no.
And Jehovah said, "Because the cry of Sodom and Gomorrah is great, and because their sin is so grievous,
21 Mɛkɔ hɔ akɔhwɛ sɛ, nea wɔyɛ no yɛ bɔne a ɛyɛ duru sɛnea mate no ana. Sɛ ɛnte saa nso a, mehu.”
I will go down now, and see whether they have done entirely according to the outcry which has come to me. And if not, I will know."
22 Na mmarima baasa no mu baanu dan wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Nanso Abraham de, na ɔda so gyina Awurade anim.
The men turned from there, and went toward Sodom, but Abraham remained standing before Jehovah.
23 Na Abraham twiw bɛn Onyankopɔn bisaa no se, “Wobɛsɛe nnipa trenee ne nnipa bɔnefo nyinaa afra ana?
Abraham drew near, and said, "Will you sweep away the righteous with the wicked?
24 Na sɛ nnipa trenee aduonum wɔ kurow no mu a, wobɛsɛe kurow no a worenhwɛ saa nnipa trenee aduonum no ho nnyae kurow no sɛe ana?
What if there are fifty righteous within the city? Will you sweep it away and not spare the place for the fifty righteous who are in it?
25 Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wubekum nnipa trenee ne nnipa bɔnefo afra, de asotwe koro no ara bɛma nnipa trenee ne nnipa bɔnefo. Ɛmpare wo! Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee ana?”
Be it far from you to do things like that, to kill the righteous with the wicked, so that the righteous should be like the wicked. May that be far from you. Shouldn't the Judge of all the earth do right?"
26 Na Awurade kae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduonum wɔ Sodom kurow no mu a, wɔn nti merensɛe kurow no.”
Jehovah said, "If I find in Sodom fifty righteous within the city, then I will spare all the place for their sake."
27 Na Abraham bisae se, “Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔte a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne Awurade akasa yi,
Abraham answered, "Look, I have taken it on myself to speak to the Lord, I who am but dust and ashes.
28 sɛ ɛba sɛ nnipa trenee no dodow yɛ aduanan anum nso ɛ? Esiane saa nnipa anum a wɔafi nnipa trenee aduonum no so ama aka nnipa trenee aduanan anum no nti, wobɛsɛe kurow mu no nyinaa ana?” Onyankopɔn buae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduanan anum wɔ kurow no mu a, merensɛe no.”
What if there will lack five of the fifty righteous? Will you destroy all the city for lack of five?" He said, "I will not destroy it, if I find forty-five there."
29 Abraham toaa nʼadebisa no so se, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa trenee aduanan pɛ na wɔwɔ kurow no mu ɛ?” Na Awurade buaa Abraham se, “Nnipa trenee aduanan no nti, merensɛe kurow no.”
He spoke to him yet again, and said, "What if there are forty found there?" He said, "I will not do it for the forty's sake."
30 Abraham kɔɔ so srɛɛ bio se, “Mesrɛ wo, Awurade, mma wo bo mfuw me, ma menkasa. Sɛ ɛba sɛ nnipa trenee aduasa na wɔwɔ kurow no mu nso ɛ?” Awurade buae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduasa a, merensɛe kurow no.”
He said, "Oh do not let the Lord be angry, and I will speak. What if there are thirty found there?" He said, "I will not do it, if I find thirty there."
31 Afei, Abraham bisae se, “Masi me bo ne Awurade akasa yi, ɛba sɛ nnipa trenee aduonu pɛ na wɔwɔ kurow no mu ɛ?” Onyankopɔn buae se, “Saa nnipa trenee aduonu no nti, merensɛe kurow no.”
He said, "Look, I have taken it on myself to speak to the Lord. What if there are twenty found there?" He said, "I will not destroy it for the twenty's sake."
32 Abraham kɔɔ so bisae se, “Awurade, mma wo bo mfuw me; ma mimmisa mʼasɛm baako pɛ a etwa to. Sɛ ɛba sɛ, nnipa trenee du na wɔwɔ kurow no mu nso ɛ?” Awurade buae se, “Saa nnipa trenee du no nti, merensɛe kurow no.”
He said, "Oh do not let the Lord be angry, and I will speak just once more. What if ten are found there?" He said, "I will not destroy it for the ten's sake."
33 Bere a Awurade ne Abraham kasa wiee no, ogyaw Abraham hɔ kɔe. Abraham nso san kɔɔ nʼatenae.
When he finished speaking with Abraham, he left, and Abraham returned to his place.

< 1 Mose 18 >