< Ɛsra 10 >

1 Bere a Ɛsra rebɔ mpae, reka saa bɔne yi no, na ɔresu, de ne ho toto fam wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim, na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfo, mmarima, mmea ne mmofra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo.
As Ezra prayed and confessed, he wept and threw himself down before God's house. A very great assembly of Israelite men, women, and children gathered to him, for the people were weeping very greatly.
2 Na Yehiel babarima Sekania a ɔyɛ Elam aseni no ka kyerɛɛ Ɛsra se, “Yɛpae mu ka sɛ yɛanni yɛn Nyankopɔn nokware, efisɛ yɛawareware abosonsomfo mmea a wɔwɔ asase no so. Nanso eyi akyi no, anidaso wɔ hɔ ma Israel.
Shekaniah son of Jehiel of the descendants of Elam said to Ezra, “We have been unfaithful to our God and have married foreign women from the people of the other lands. But in spite of this, there is still hope for Israel.
3 Afei, momma yɛne yɛn Nyankopɔn nyɛ apam, na yennyaa yɛn yerenom abosonsomfo no aware, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yebetie afotu a wo ne afoforo a wodi yɛn Nyankopɔn mmara so no de ama yɛn. Yebedi Onyankopɔn mmara no so.
So now let us make a covenant with our God to send out all the women and their children according to the Lord's instructions and the instructions of those who tremble at the commandments of our God, and let it be done according to the law.
4 Sɔre, na nya akokoduru, efisɛ ɛyɛ wʼasɛde sɛ wokyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so tee, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛboa.”
Arise, for this thing is for you to carry out, and we are with you. Be strong and do this.”
5 Na Ɛsra sɔre gyinae, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfo no ntuanofo, Lewifo ne Israelfo nyinaa nka ntam sɛ wɔbɛyɛ nea Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den.
So Ezra rose and made the priestly officials, the Levites, and all of Israel promise to act in this way. So they all took a solemn oath.
6 Na Ɛsra sɔre fii Onyankopɔn Asɔredan no anim kɔɔ Eliasib babarima Yehohanan dan mu. Ɔdaa hɔ, nanso wannidi annom. Na ɔda so di awerɛhow esiane nnommum a wɔasan aba no nokware a wɔanni no nti.
Then Ezra rose from before God's house and went to the rooms of Jehohanan son of Eliashib. He did not eat any bread or drink any water, since he was mourning concerning the faithlessness of those who had been in captivity.
7 Afei, wɔbɔɔ dawuru wɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa se, nnommum a wɔasan aba no nyinaa mmra Yerusalem.
So they sent word in Judah and Jerusalem to all the people back from exile to assemble in Jerusalem.
8 Na wɔn a wɔamma nnansa ntam no, sɛ ntuanofo ne mpanyimfo pɛ a, wɔde wɔn nsa bɛto wɔn agyapade so, na wɔapam wɔn afi wɔn mu.
Anyone who did not come in three days according to the instructions from the officials and elders forfeited all of his possessions and would be excluded from the great assembly of the people who had come back from exile.
9 Nnansa ntam no, na Yudafo ne Benyaminfo aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Asɛm yi sii wɔ Kislev ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa aguabɔbea hɔ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, efisɛ nea edi kan no, na asɛm no mu yɛ duru, na nea ɛto so abien no, na osu nso retɔ.
So all the men of Judah and Benjamin assembled in Jerusalem in three days. It was the ninth month and the twentieth day of the month. All the people stood in the square before God's house and trembled because of the word and the rain.
10 Na ɔsɔfo Ɛsra sɔre gyina kae se, “Moayɛ bɔne, efisɛ moawareware mmea abosonsomfo. Enti mprempren, yɛwɔ afɔbu a ano yɛ den mu sen kan de no.
Ezra the priest arose and said, “You yourselves have committed treason. You lived with foreign women so as to increase Israel's guilt.
11 Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ nʼapɛde. Montwe mo ho mfi nnipa a wɔwɔ asase no so ne mmea abosonsomfo no ho.”
But now give praise to Yahweh, your ancestors' God, and do his will. Separate from the people of the land and from the foreign women.”
12 Afei bagua no nyinaa maa wɔn nne so ka se, “Ampa, wʼasɛm no yɛ nokware. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea woaka no.
All the assembly answered in a loud voice, “We will do as you have said.
13 Nanso nnipa bebree wɔ ha na ɛyɛ asusow bere, enti yɛrentumi ntena mfikyiri. Bio, yɛrentumi mfa da koro anaa nnaanu nni saa asɛm yi, efisɛ, yɛn mu bebree na saa bɔne kɛse yi ka yɛn.
However, there are many people, and it is the rainy season. We have no strength to stand outside, and this is not only one or two days of work, since we have greatly transgressed in this matter.
14 Momma yɛn mpanyimfo nsi yɛn anan nyɛ biribiara. Obiara a ɔware ɔbea bosonsomni no ne ntuanofo ne atemmufo a wɔwɔ kurow yi mu behyia bere a wɔahyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew a ɛfa saa asɛm yi ho no befi yɛn so.”
So let our officials represent all the assembly. Let all who have allowed foreign women to live in our cities come at the time that will be fixed with the city elders and the city judges until the raging wrath of our God goes away from us.”
15 Asahel babarima Yonatan ne Tikwa babarima Yahasia na wotiaa saa asɛm yi mu, na Mesulam ne Sabetai a ɔyɛ Lewini no foaa wɔn so.
Jonathan son of Asahel and Jahzeiah son of Tikvah opposed this, and Meshullam and Shabbethai the Levite supported them.
16 Enti eyi ne nhyehyɛe a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofo ma wosii wɔn mmusua no anan, na ɔde din bi too ntuanoni biara so. Ɔsram Kislev (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so aduonu akron no, ntuanofo no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu.
So the people who returned from exile did this. Ezra the priest selected men, the leaders in their ancestors' clans and houses—all of them by name, and they looked into the matter on the first day of the tenth month.
17 Afe a edi so no mu, Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so aduonu ason no na wɔawie mmarima a wɔawareware mmea abosonsomfo no nyinaa ho asɛnka.
By the first day of the first month they had finished discovering which men had lived with foreign women.
18 Asɔfo a na wɔawareware abosonsomfo no din ni: Yosadak babarima Yesua ne ne nuabarimanom: Maaseia, Elieser, Yarib ne Gedalia.
Among the descendants of the priests there were those who had lived with foreign women. Among the descendants of Jeshua son of Jozadak and his brothers there were Maaseiah, Eliezer, Jarib, and Gedaliah.
19 Wɔkaa ntam sɛ wobegyaa wɔn yerenom, wɔn mu biara gyee nʼafɔdi too mu, na wɔde adwennini bɛbɔɔ afɔdi ho afɔre.
So they determined to send their wives away. Since they were guilty, they offered a ram from the flock for their guilt.
20 Imer asefo mu no: Hanani ne Sebadia.
Among the descendants of Immer: Hanani and Zebadiah.
21 Harim asefo mu no: Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel ne Usia.
Among the descendants of Harim: Maaseiah, Elijah, Shemaiah, Jehiel, and Uzziah.
22 Pashur asefo mu no: Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa.
Among the descendants of Pashhur: Elioenai, Maaseiah, Ishmael, Nethanel, Jozabad, and Elasah.
23 Eyinom ne Lewifo a na afɔdi da wɔn so: Yosabad, Simei, Kelaia, a ɛyɛ Kelita, Petahia, Yuda ne Elieser.
Among the Levites: Jozabad, Shimei, Kelaiah—that is, Kelita, Pethahiah, Judah, and Eliezer.
24 Nnwontofo a na afɔdi da ne so no yɛ: Eliasib. Eyinom ne aponanohwɛfo a na afɔdi da wɔn so: Salum, Telem ne Uri.
Among the singers: Eliashib. Among the gatekeepers: Shallum, Telem, and Uri.
25 Eyinom ne nnipa bi a wɔyɛ Israelfo a na afɔdi da wɔn so: Paros asefo mu no: Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasar, Malkia ne Benaia.
Among the rest of the Israelites—among the descendants of Parosh: Ramiah, Izziah, Malchijah, Mijamin, Eleazar, Malchijah, and Benaiah.
26 Elam asefo mu no: Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia.
Among the descendants of Elam: Mattaniah, Zechariah, Jehiel, Abdi, Jeremoth, and Elijah.
27 Satu asefo mu no: Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa.
Among the descendants of Zattu: Elioenai, Eliashib, Mattaniah, Jeremoth, Zabad, and Aziza.
28 Bebai asefo mu no: Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai.
Among the descendants of Bebai: Jehohanan, Hananiah, Zabbai, and Athlai.
29 Bani asefo mu no: Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal ne Yeremot.
Among the descendants of Bani: Meshullam, Malluk, Adaiah, Jashub, and Sheal Jeremoth.
30 Pahat-Moab asefo mu no: Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Basaleel, Binui ne Manase.
Among the descendants of Pahath-Moab: Adna, Kelal, Benaiah, Maaseiah, Mattaniah, Bezalel, Binnui, and Manasseh.
31 Harim asefo mu no: Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon.
Among the descendants of Harim: Eliezer, Ishijah, Malchijah, Shemaiah, Shimeon,
32 Benyamin, Maluk ne Semaria.
Benjamin, Malluk, and Shemariah.
33 Hasum asefo mu no: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei.
Among the descendants of Hashum: Mattenai, Mattattah, Zabad, Eliphelet, Jeremai, Manasseh, and Shimei.
34 Bani asefo mu no: Maadai, Amram ne Uel,
Among the descendants of Bani: Maadai, Amram, Uel,
35 Benaia, Bedeia, Keluhi,
Benaiah, Bedeiah, Keluhi,
36 Wania, Meremot, Eliasib,
Vaniah, Meremoth, Eliashib,
37 Matania, Matenai ne Yaasu.
Mattaniah, Mattenai, and Jaasu.
38 Binui asefo mu no: Simei,
Among the descendants of Binnui: Shimei,
39 Selemia, Natan, Adaia,
Shelemiah, Nathan, Adaiah,
40 Maknadebai, Sasai, Sarai,
Maknadebai, Shashai, Sharai,
41 Asarel, Selemia, Semaria,
Azarel, Shelemiah, Shemariah,
42 Salum, Amaria ne Yosef.
Shallum, Amariah, and Joseph.
43 Nebo asefo mu no: Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel ne Benaia.
Among the descendants of Nebo: Jeiel, Mattithiah, Zabad, Zebina, Jaddai, Joel, and Benaiah.
44 Na mmarima yi mu biara aware ɔbea bosonsomni a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi wɔ mma.
All of these had taken foreign wives and had children with some of them.

< Ɛsra 10 >