< Hesekiel 7 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 2 “Onipa ba, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka kyerɛ Israel asase no: “‘Awiei no! Awiei no adu asase no ntwea anan no so. 3 Awiei no adu wɔ wo so, na mehwie mʼabufuwhyew agu wo so. Megyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn na matua wo ka wɔ wo nneyɛe bɔne nyinaa ho. 4 Merenhu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. Ampa ara metua wo ka wɔ wo suban ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho, na moahu sɛ mene Awurade.’ 5 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da nam kwan so reba. 6 Awiei no aba! Awiei no aba! Ama ne ho so atia wo. Aba! 7 Ɔsɛe aba mo so, aba mo a mote asase no so no so. Bere no adu, da no abɛn; huboabɔ a ɛnyɛ mmepɔw so ahosɛpɛw. 8 Merebehwie mʼabufuwhyew agu wo so de awie mʼabufuw a etia wo no. Megyina wo nneyɛe so abu wo atɛn, na matua wo nneyɛe bɔne nyinaa so ka. 9 Merenhu wo mmɔbɔ, na meremfa wo ho nkyɛ wo. Metua wo ka wɔ wo suban ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho. Afei mubehu sɛ me, Awurade, na mebobɔ mo. 10 “‘Da no ni; hwɛ, aba! Atemmuda no apue, abaa no afefɛw, ahantan ahaahan! 11 Kitikitiyɛ asɔre, abaa a wɔde twe amumɔyɛ aso. Ɛrenka nnipa no mu biara, dɔm no mu biara, ahonyade ne nea ɛsom bo biara renka. 12 Bere no aso, da no adu. Mma adetɔni ani nnye anaa ɔdetɔnfo werɛ nhow, efisɛ abufuwhyew wɔ nnipadɔm no nyinaa so. 13 Nea ɔtɔn no nsa renka asase a watɔn no bio wɔ bere a wɔn baanu te ase, efisɛ anisoadehu a ɛfa nnipadɔm no nyinaa ho no rensesa. Wɔn bɔne nti, wɔn mu baako koraa remfa ne ho nni. 14 “‘Wɔahyɛn akobɛn no, na wɔboaboa biribiara ano de, nanso obiara renkɔ ɔsa, efisɛ mʼabufuwhyew wɔ nnipakuw no nyinaa so. 15 Afoa wɔ mfikyiri na ɔyaredɔm ne ɔkɔm wɔ fie; wɔn a wɔwɔ ɔman no mu bɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no, ɔyaredɔm ne ɔkɔm bekum wɔn. 16 Wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu na wɔaguan no bɛtena mmepɔw no so. Na wɔakurum te sɛ aku mu mmorɔnoma, wɔn mu biara bɔne nti. 17 Nsa nyinaa bedwudwo na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛw sɛ nsu. 18 Wobefurafura atweaatam na wɔabɔ huboa. Aniwu bɛkata wɔn anim na wɔayi wɔn tinwi. 19 “‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ ade a ɛho ntew. Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Awurade abufuwhyew da no. Ɛrenkum wɔn kɔm na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, efisɛ ayɛ wɔn hintidua de wɔn akɔ bɔne mu. 20 Na wɔde wɔn nnwinne afɛfɛ no hoahoa wɔn ho, na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwade ne nsɛsode tantan. Enti mɛdan eyinom nneɛma a ho ntew no ama wɔn. 21 Mede ne nyinaa bɛma ananafo sɛ asade na mede ama asase so atirimɔdenfo sɛ akorɔnne, na wobegu ho fi. 22 Meyi mʼani afi wɔn so na wobegu beae a ɛsom me bo no ho fi. Akorɔmfo bewura hɔ na wɔagu ho fi. 23 “‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn, efisɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma, na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma. 24 Mɛma aman no mu otirimɔdenfo pa ara abɛfa wɔn afi; mɛma ɔhoɔdenfo ahomaso aba awiei, na wɔn kronkrommea ho begu fi. 25 Sɛ ehu ba a, wɔbɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan nanso ɛbɛbɔ wɔn. 26 Atoyerɛnkyɛm bedi atoyerɛnkyɛm akyi aba; huhuhuhu bedi huhuhuhu akyi. Wɔbɛpɛ sɛ wobenya anisoadehu afi odiyifo no hɔ, asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn, saa ara na wɔrennya afotu mfi mpanyimfo hɔ. 27 Ɔhene no betwa adwo, ɔheneba no befura abawpa, na asase no so nnipa nsa bɛpopo. Me ne wɔn bedi no sɛnea wɔn nneyɛe te na megyina wɔn tebea so abu wɔn atɛn. Afei wobehu sɛ me ne Awurade no.’”

< Hesekiel 7 >