< Hesekiel 43 >

1 Na ɔbarima no de me baa apuei fam pon no ano,
Und er ließ mich gehen zum Tor, dem Tor, das des Weges gen Osten gewendet ist.
2 na mihuu Israel Nyankopɔn anuonyam sɛ apue wɔ apuei fam reba. Na ne nne te sɛ asuten a ɛreworo, na asase no so hyerɛnee wɔ nʼanuonyam no mu.
Und siehe, die Herrlichkeit des Gottes Israels kam des Weges von Osten her, und Seine Stimme war wie die Stimme vieler Wasser, und die Erde leuchtete von Seiner Herrlichkeit.
3 Anisoadehu a minyaa no te sɛnea minyaa no bere a ɔba bɛsɛee kuropɔn no ne nea minyaa wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mede mʼanim butuw fam.
Und das Ansehen der Erscheinung, die ich sah, war wie die Erscheinung, die ich sah, als ich kam die Stadt zu verderben, und die Erscheinung war wie die Erscheinung, die ich sah am Fluß Chebar, und ich fiel auf mein Angesicht.
4 Awurade anuonyam faa ɔpon a ani kyerɛ apuei fam no mu hyɛn asɔredan no mu.
Und die Herrlichkeit Jehovahs kam herein zu dem Haus, auf dem Wege des Tores, dessen Vorderseite auf dem Wege nach dem Osten ist.
5 Na honhom no pagyaw me de me baa mfimfini adiwo hɔ na Awurade anuonyam hyɛɛ asɔredan no ma.
Und der Geist hob mich auf und brachte mich hinein nach dem inneren Vorhof, und siehe, das Haus war voll der Herrlichkeit Jehovahs.
6 Bere a ɔbarima no gyina me ho no, metee sɛ obi rekasa fi asɔredan no mu kyerɛ me.
Und ich hörte, wie Einer aus dem Hause zu mir sprach; und ein Mann stand neben mir.
7 Ɔkae se, “Onipa ba, ɛha ne mʼahengua sibea ne mʼanan ntiaso. Ɛha na mɛtena wɔ Israelfo mu afebɔɔ. Israelfi rengu me din ho fi bio da; wɔn anaa wɔn ahemfo remfa wɔn aguamammɔ ne ahemfo no ahoni a nkwa nni mu a wɔwowɔ wɔn sorɔnsorɔmmea no ngu me din ho fi.
Und Er sprach zu mir: Menschensohn, dies ist der Ort Meines Thrones und der Ort der Sohlen Meiner Füße, wo Ich wohnen werde inmitten der Söhne Israels in Ewigkeit; und nicht sollen mehr verunreinigen die vom Hause Israels den Namen Meiner Heiligkeit, sie und ihre Könige, durch ihre Buhlerei und durch die Leichen ihrer Könige, wenn sie gestorben sind;
8 Bere a wɔmaa wɔn abobow ano bɛnee me, na wɔn apongua nso bɛnee me de a na ɔfasu na etwa yɛn ntam no, wɔde wɔn akyiwadeyɛ guu me din kronkron ho fi. Ɛno nti mesɛee wɔn wɔ mʼabufuw mu.
Weil sie ihre Schwelle neben Meine Schwelle und ihre Türpfosten neben Meine Türpfosten setzten, und die Wand war zwischen Mir und ihnen, und sie den Namen Meiner Heiligkeit verunreinigten durch ihre Greuel, die sie taten, da verzehrte Ich sie in Meinem Zorn.
9 Afei ma wonnyi wɔn aguamammɔ ne ahemfo no ahoni a wonni nkwa no mfi mʼani so, na mɛtena wɔn mu afebɔɔ.
Nun sollen sie fernhalten von Mir ihre Buhlerei und die Leichen ihrer Könige, und Ich will ewiglich in ihrer Mitte wohnen.
10 “Onipa ba, kyerɛkyerɛ Israelfo sɛnea asɔredan no te na wɔn ani nwu wɔ wɔn bɔne ho. Ma wonsusuw ne so a enni no ho mfoni ho,
Du, Menschensohn, sage dem Hause Israels das Haus an, daß sie zuschanden werden ob ihrer Missetaten und dessen Ebenmaß messen.
11 na sɛ wɔn ani wu nea wɔayɛ ho a, twa asɔredan no mfoni kyerɛ wɔn; ne ntotoe, apon a wɔfa mu pue ne nea wɔfa kɔ mu, ne mfoni nyinaa, ho akwankyerɛ nyinaa ne mmara. Kyerɛw saa nneɛma yi wɔ wɔn anim na wɔadi me ntotoe ne ne si no mfoni no so.
Und werden sie zuschanden ob allem, was sie getan, so lasse sie erkennen die Gestaltung und das Ebenmaß des Hauses, und seine Ausgänge und seine Eingänge, und alle seine Gestaltungen, und alle seine Satzungen und all seine Gestaltungen, und all seine Gesetze, und schreibe sie vor ihren Augen nieder, daß sie alle seine Gestaltung und alle seine Satzungen halten und sie tun.
12 “Asɔredan no ho mmara ni: Asase a ɛda ho wɔ bepɔw no so nyinaa yɛ kronkron. Sɛɛ na asɔredan no ho mmara te.
Dies ist das Gesetz des Hauses, das auf dem Gipfel des Berges ist: All seine Grenze ringsum, ringsum ist das Heilige des Heiligen. Siehe, dies ist das Gesetz des Hauses.
13 “Afɔremuka no nsusuwii na edidi so yi. Ne suka mu dɔ yɛ ɔnammɔn ne fa na ne trɛw nso saa ara, na anoano hiɛ a etwa ho hyia no nso trɛw bɛyɛ nsateaa akron. Na eyi nso ne afɔremuka no tenten:
Und dies sind die Maße des Altars nach Ellen. Die Elle ist eine Elle und eine Handbreite. Und der Untersatz ist eine Elle und eine Elle die Breite, und sein Rand an seiner Einfassung ist ringsumher eine Spanne, und das ist der Rücken des Altars.
14 Efi ne nnyinaso a esi suka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn abiɛsa, na mu piw nso yɛ ɔnammɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛse no ntam yɛ anammɔn asia na apa no mu piw nso yɛ ɔnammɔn ne fa.
Und von dem Untersatz von Erde bis an die untere Einfassung sind es zwei Ellen, und die Breite eine Elle, und von der kleineren Einfassung bis zu der großen Einfassung sind es vier Ellen, und die Breite eine Elle.
15 Afɔremuka no wusiw tokuru no sorokɔ yɛ anammɔn asia a mmɛn anan a ano hwɛ soro tuatua ho.
Und der Herd vier Ellen, und von dem Herd und oberhalb sind vier Hörner.
16 Afɔremuka wusiw tokuru no yɛ ahinanan, na ɔfa biara yɛ anammɔn dunwɔtwe.
Und der Herd war zwölf in der Länge bei zwölf in die Breite, viereckig nach seinen vier Seiten hin.
17 Afɔremuka no apa a ɛwɔ soro no nso yɛ ahinanan a afanan no mu biara yɛ anammɔn aduonu baako, na kaa a ɛyɛ nsateaa akron da apa no ano na suka a atwa ho ahyia yɛ ɔnammɔn ne fa. Atrapoe a ɛkɔ afɔremuka no so no ani hwɛ apuei fam.”
Und die Einfassung war vierzehn in die Länge bei vierzehn in die Breite an seinen vier Seiten, und sein Rand rings um denselben eine halbe Elle, und sein Untersatz eine Elle rings herum, und seine Stufen sind gegen Osten gewendet.
18 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Eyinom na ɛbɛyɛ nhyehyɛe a wɔbɛfa so abɔ ɔhyew afɔre ne ɔkwan a, sɛ wosi afɔremuka no wie a wɔbɛfa so de mogya apete ho:
Und Er sprach zu mir: Menschensohn, so spricht der Herr Jehovah: Dies sind die Satzungen für den Altar am Tage, da man ihn macht, um Brandopfer darauf aufzuopfern und Blut darauf zu sprengen.
19 Ɛsɛ sɛ wode nantwi ba ma asɔfo a wɔyɛ Lewifo na wofi Sadok abusua mu na wɔba mʼanim bɛsom me no sɛ bɔne afɔrebɔde, Otumfo Awurade asɛm ni.
Und den Priestern, den Leviten, die aus dem Samen Zadoks sind, die Mir nahen, um Mir Dienst zu tun, spricht der Herr Jehovah, sollst du einen Farren, ein junges Rind als Sündopfer geben.
20 Ɛsɛ sɛ wofa nantwi ba no mogya no bi na wode keka afɔremuka mmɛn anan no ho. Wode bi bɛkeka apa a ɛwɔ soro no ntwɔtwɔw so ne anoano kaa a atwa ho ahyia no ho na wɔanam so atew afɔremuka no ho de ayɛ mpata nso.
Und sollst von desselben Blut nehmen und auf seine vier Hörner sprengen, und an die vier Ecken der Einfassung, und an den Rand rings herum, und ihn entsündigen und sühnen;
21 Ɛsɛ sɛ wofa bɔne afɔrebɔde nantwi no na wokɔhyew no wɔ asɔredan no ho faako a wɔayi ato hɔ, wɔ kronkronbea no akyi.
Und sollst den Farren des Sündopfers nehmen und ihn verbrennen an einem verordneten Platz des Hauses, außerhalb des Heiligtums.
22 “Da a ɛto so abien no, ɛsɛ sɛ wode ɔpapo a onni dɛm ma sɛ bɔne afɔrebɔde, na ɛsɛ sɛ wodwira afɔremuka no ho sɛnea wɔde nantwi no yɛe no.
Und am zweiten Tage sollst du darbringen einen Bock der Ziegen ohne Fehl zum Sündopfer, und den Altar damit entsündigen, wie man ihn mit dem Farren entsündigte.
23 Sɛ wowie ho dwira a, ɛsɛ sɛ wode nantwi ba ne adwennini a wofi buw no mu a wonni dɛm bɛbɔ afɔre.
Und wenn du das Entsündigen vollendet hast, sollst du darbringen einen Farren, ein junges Rind ohne Fehl, und einen Widder von der Herde ohne Fehl,
24 Ɛsɛ sɛ wode wɔn ba Awurade anim, na asɔfo de nkyene pete wɔn so na wɔde bɔ ɔhyew afɔre ma Awurade.
Und sollst sie vor Jehovah darbringen, und sollen die Priester Salz über sie werfen, und sie als Brandopfer dem Jehovah aufopfern.
25 “Ɛsɛ sɛ wode ɔpapo ba sɛ bɔne afɔrebɔde nnanson; afei ɛsɛ sɛ wode nantwi ba ne adwennini a wofi buw mu na wonni dɛm nso ba.
Sieben Tage sollst du des Tages zurichten einen Bock als Sündopfer. Und einen Farren, ein junges Rind und einen Widder von der Herde ohne Fehl sollen sie zurichten.
26 Wɔbɛyɛ mpata ama afɔremuka no nnanson de atew ho; sɛɛ na wɔbɛyɛ de asi hɔ ama dwumadi no.
Sieben Tage sollen sie den Altar sühnen und ihn reinigen und seine Hände füllen.
27 Saa nna yi akyi, efi da a ɛto so awotwe de rekɔ no, ɛsɛ sɛ asɔfo no de mo hyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde no ba afɔremuka no so. Afei megye mo ato mu, Otumfo Awurade asɛm ni.”
Und haben sie die Tage vollendet, so soll geschehen am achten Tage und fernerhin, daß die Priester auf dem Altare zurichten eure Brandopfer und eure Dankopfer, und Ich werde Wohlgefallen an euch haben, spricht der Herr Jehovah.

< Hesekiel 43 >