< Hesekiel 32 >

1 Mfe dumien mu, ɔsram a ɛto so dumien no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2 “Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no se: “‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu: wote sɛ po mu aboa a ne ho yɛ hu wububu dikyi wɔ wo nsuten mu, wode wo nan boro nsuten no de fono nsu no. 3 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Mede dɔm bɛba abɛtow mʼasau agu wo so, na wɔbɛtwe wo afi mʼasau mu. 4 Mɛtow wo akyene asase no so na mahiri wo ato sare so. Mɛma wim nnomaa nyinaa abesisi wo so na asase so mmoa nyinaa adi wo nam afrɛ so. 5 Mɛhata wo nam wɔ mmepɔw no so na mede wo funu ahyɛ aku ma. 6 Mede wo mogya a ɛresen no afɔw asase no de akɔka mmepɔw no na wo nam bɛhyɛ abon nketewa no ma. 7 Sɛ mitwa wo fi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani na madunnum wɔn nsoromma; mede omununkum bɛkata owia ani, na ɔsram renhyerɛn. 8 Ɔsoro akanea a ɛhyerɛn nyinaa mɛma aduru sum wɔ wo so; mɛma sum aduru wʼasase, Otumfo Awurade asɛm ni. 9 Mɛma nnipa bebree koma atutu bere a mede wo sɛe aba aman no mu, nsase a wunnya nhuu mu. 10 Mɛma nnipa bebree ho adwiriw wɔn wɔ wo ho, wo nti, hu bɛma wɔn ahene ho apopo bere a merehim mʼafoa wɔ wɔn anim no. Da a wobɛhwe ase no wɔn mu biara ho bɛwosow bere nyinaa mu wɔ wɔn nkwa nti. 11 “‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Babiloniahene afoa bɛsɔre wɔ wo so. 12 Mɛma wo dɔm no atotɔ wɔ dɔmmarima afoa ano, wɔ aman a wɔyɛ anuɔdenfo mu. Wɔbɛsɛe Misraim ahomaso pasaa na ne dɔm no nyinaa bedi nkogu. 13 Mekunkum nʼanantwi nyinaa afi nsu bebree no ho na onipa nan rentiatia mu bio na anantwi tɔte nso remfono no. 14 Afei mɛma ne nsu ani atew na mama ne nsuten ateɛ sɛ ngo, 15 Sɛ mema Misraim da mpan na miyi biribiara fi asase no so, sɛ mikum wɔn a wɔte so nyinaa a, afei na wobehu sɛ mene Awurade no.’ 16 “Eyi ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmabea bɛto ama Misraim ne ne dɔm nyinaa, Otumfo Awurade asɛm ni.” 17 Afe a ɛto so dumien no ne sram da a ɛto so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 18 “Onipa ba, twa adwo ma Misraim dɔm na ma ɔne amanaman akɛse no mmabea nsian nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no ho. 19 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Wadom mo dodo sen wɔn a aka no ana? Munsian nkɔ na mo ne momonotofo no nkɔda.’ 20 Wɔbɛka wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no ho. Wɔatwe afoa no, ma wɔntwe ne nnipadɔm no ase nkɔ. 21 Akannifo akɛse a wɔwɔ ɔda mu bɛka afa Misraim ne ne dɔm ho se, ‘Wɔasian aba na wɔdeda momonotofo mu, wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no.’ (Sheol h7585) 22 “Asiria ne nʼasraafo nyinaa wɔ hɔ, wɔn a wɔakunkum wɔn no nna atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no. 23 Wɔn nna no wɔ amoa no ase tɔnn na nʼasraafo deda ne nna ho nyinaa. Wɔn a na wohunahuna afoforo wɔ ateasefo asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ afoa ano. 24 “Elam wɔ hɔ, ne nnipadɔm nyinaa atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a na wohunahuna afoforo wɔ ateasefo asase so nyinaa sian kɔɔ asase ase sɛ momonotofo. Wɔde wɔn animguase kɔka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho. 25 Wɔato mpa ama no wɔ atɔfo no mu, na ne dɔm atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔatotɔ wɔ afoa ano. Esiane sɛ wɔn ahunahuna trɛw wɔ ateasefo asase so no nti, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn wɔ atɔfo no mu. 26 “Mesek ne Tubal wɔ hɔ a wɔn dɔm atwa wɔn nna ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔatotɔ wɔ afoa ano efisɛ wɔtrɛtrɛw wɔn ahunahuna mu wɔ ateasefo asase so. 27 Ɛnyɛ wɔn ne akofo momonotofo foforo a wɔatotɔ na wɔdeda hɔ no ana? Wɔn a wɔne wɔn akode sian kɔɔ nna mu na wɔn ti deda wɔn afoa so no. Wɔn amumɔyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofo yi ahunahuna atrɛtrɛw wɔ ateasefo asase so. (Sheol h7585) 28 “Farao, wo nso wobebubu wo mu na woakɔda momonotofo mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no. 29 “Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofo mu, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no. 30 “Mmapɔmma a wofi atifi fam nyinaa ne Sidonfo nyinaa wɔ hɔ, wɔne atɔfo kɔɔ wɔ animguase mu, wɔn tumi a wɔde hunahuna no nyinaa akyi. Wɔdeda hɔ sɛ momonotofo, wɔne wɔn a wokum wɔn wɔ afoa ano, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn animguase. 31 “Farao, ɔne nʼasraafo nyinaa behu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne dɔm a wokunkum wɔn wɔ afoa ano no ho, Otumfo Awurade asɛm ni. 32 Mmom me na memaa Farao ne ne nnipadɔm de ahunahuna trɛtrɛw wɔ ateasefo asase so de, nanso wɔbɛdeda momonotofo mu, wɔn a wɔde afoa kunkum wɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.”

< Hesekiel 32 >