< Hesekiel 15 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2 “Onipa ba, ɔkwan bɛn so na bobe dutan so bɛba mfaso asen kwae mu dua foforo biara mman? 3 Wotwa dua no bi de yɛ biribi a so wɔ mfaso? Wɔde yɛ pɛe a wɔde nneɛma sensɛn so ana? 4 Na sɛ wɔde ne nnyina hyɛ ogya mu na eti ne ti hyew ma mfimfini yɛ nso a, so ba mfaso bi ana? 5 Na sɛ so amma mfaso bere a ɛyɛ mua no a, ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi de ayɛ ade bi a mfaso wɔ so, bere a ahyew atɔ nso no? 6 “Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛnea mede bobe dua a ɛfra kwaennua ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɔkwan no ara so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no nso bɛfa. 7 Metu mʼani asi wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ wɔafi ogya no mu de, nanso ɛbɛhyew wɔn bio. Na sɛ mitu mʼani si wɔn so a, wubehu sɛ mene Awurade. 8 Mɛma asase no ada mpan efisɛ wɔanni nokware, Otumfo Awurade asɛm ni.”

< Hesekiel 15 >