< Hesekiel 11 >

1 Afei honhom no maa me so de me baa Awurade fi pon a ani kyerɛ apuei fam no ano. Na mmarima aduonu anum wɔ hɔ, na mihuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofo.
Moreover the Spirit lifted me up, and brought me to the east gate of Jehovah's house, which looks eastward: and see, at the door of the gate twenty-five men; and I saw in their midst Jaazaniah the son of Azzur, and Pelatiah the son of Benaiah, officials of the people.
2 Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, eyinom ne mmarima a wɔbɔ pɔw bɔne na wotu fo bɔne wɔ kuropɔn yi mu.
He said to me, "Son of man, these are the men who devise iniquity, and who give wicked counsel in this city;
3 Wɔkae se, ‘Bere a wɔde sisi afi no nnuu so ana? Kuropɔn yɛ dadesɛn, na yɛyɛ nam.’
who say, 'The time is not near to build houses: this is the caldron, and we are the meat.'
4 Ɛno nti hyɛ nkɔm tia wɔn, hyɛ nkɔm, onipa ba.”
Therefore prophesy against them, prophesy, son of man."
5 Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me se menka se, “Sɛɛ na Awurade se: Saa na moreka, mo Israel akannifo, nanso minim nsusuwii a ɛwɔ mo adwene mu.
The Spirit of Jehovah fell on me, and he said to me, "Speak, Thus says Jehovah: 'Thus you have said, house of Israel; for I know the things that come into your mind.
6 Moakunkum nnipa bebree wɔ kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyehyɛ ne mmɔnten so amaama.
You have multiplied your slain in this city, and you have filled its streets with the slain.'
7 “Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Afunu a moatotow apete hɔ no yɛ nam na kuropɔn yi ne dadesɛn no, nanso mɛpam mo afi mu.
Therefore thus says Jehovah: 'Your slain whom you have laid in its midst, they are the meat, and this is the caldron; but I will bring you out of it.
8 Musuro afoa, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sɛɛ na Awurade se.
You have feared the sword; and I will bring the sword on you,' says Jehovah.
9 Mɛpam mo afi kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafo nsa, na matwe mo aso.
'I will bring you forth out of its midst, and deliver you into the hands of strangers, and will execute judgments among you.
10 Mobɛtotɔ wɔ afoa ano, na mebu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei mubehu sɛ mene Awurade no.
You shall fall by the sword; I will judge you in the border of Israel; and you shall know that I am Jehovah.
11 Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛnea dadesɛn bɔ nam a ɛwɔ mu no ho ban no; Mebu mo atɛn wɔ Israel asase so.
This shall not be your caldron, neither shall you be the meat in its midst; I will judge you in the border of Israel;
12 Na mubehu sɛ mene Awurade no, efisɛ moanni mʼahyɛde so, moapo me mmara na nea aman a atwa mo ho ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.”
and you shall know that I am Jehovah: for you have not walked in my statutes, neither have you executed my ordinances, but have done after the ordinances of the nations that are around you.'"
13 Afei bere a migu so rehyɛ nkɔm no, Benaia babarima Pelatia wui. Na mede mʼanim butuw fam suu dennen se, “Aa, Otumfo Awurade, wobɛtɔre Israel nkae yi ase koraa ana?”
It happened, when I prophesied, that Pelatiah the son of Benaiah died. Then I fell down on my face, and cried with a loud voice, and said, "Ah, Jehovah. Will you make a full end of the remnant of Israel?"
14 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
The word of Jehovah came to me, saying,
15 “Onipa ba, wo nuabarimanom, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israelfi nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho se, ‘Wɔne Awurade ntam kwan ware, na wɔde saa asase yi maa yɛn sɛ yɛn agyapade.’”
"Son of man, your brothers, the men of your relatives, and all the house of Israel, all of them, to whom the inhabitants of Jerusalem have said, 'Go far away from Jehovah. This land has been given to us for a possession.'
16 “Ɛno nti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛwɔ mu sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so de, nanso bere tiaa bi mu no meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ so no so.’
Therefore say, 'Thus says Jehovah: "Whereas I have removed them far off among the nations, and whereas I have scattered them among the countries, yet will I be to them a sanctuary for a little while in the countries where they have come."'
17 “Enti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mɛboaboa mo ano afi amanaman no ne nsase a mehwetee mo guu so no asan aba, na mede Israel asase bɛsan ama mo.’
Therefore say, 'Thus says Jehovah: "I will gather you from the peoples, and assemble you out of the countries where you have been scattered, and I will give you the land of Israel."
18 “Wɔbɛsan aba so na wɔayiyi nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no nyinaa.
They shall come there, and they shall take away all the detestable things of it and all its abominations from there.
19 Mɛma wɔn koma koro na mede honhom foforo ahyɛ wɔn mu; meyi wɔn komaden no na mama wɔn koma a ɛyɛ mmerɛw.
I will give them one heart, and I will put a new spirit within you; and I will take the stony heart out of their flesh, and will give them a heart of flesh;
20 Afei wobedi mʼahyɛde so na wɔahwɛ akora me mmara yiye. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn.
that they may walk in my statutes, and keep my ordinances, and do them: and they shall be my people, and I will be their God.
21 Nanso wɔn a wɔde wɔn koma ama nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no de, mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ti so, sɛɛ na Otumfo Awurade se.”
But as for them whose heart walks after the heart of their detestable things and their abominations, I will bring their way on their own heads,' says Jehovah."
22 Afei kerubim no ne wɔn nkyimii trɛtrɛw wɔn ntaban mu, na Israel Nyankopɔn anuonyam konkɔn wɔn so.
Then the cherubim lifted up their wings, and the wheels were beside them; and the glory of the God of Israel was over them above.
23 Awurade anuonyam maa ne ho so fii kuropɔn no mu kogyinaa bepɔw a ɛwɔ apuei fam no atifi.
The glory of Jehovah went up from the midst of the city, and stood on the mountain which is on the east side of the city.
24 Honhom no maa me so de me baa nnommum a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn wɔ anisoadehu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu. Afei anisoade a mihuu no fii me so kɔɔ ɔsoro.
The Spirit lifted me up, and brought me in the vision by the Spirit of God into Chaldea, to them of the captivity. So the vision that I had seen went up from me.
25 Na mekaa biribiara a Awurade yi kyerɛɛ me no kyerɛɛ nnommum no.
Then I spoke to them of the captivity all the things that Jehovah had shown me.

< Hesekiel 11 >