< 2 Mose 6 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wubehu nea mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfo no akɔ; me basa kokuroo no bɛma wapam wɔn afi ɔman no mu.”
Jehovah said to Moses, "Now you shall see what I will do to Pharaoh, for by a strong hand he shall let them go, and by a strong hand he shall drive them out of his land."
2 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, “Mene Awurade no.
Then God spoke to Moses, and said to him, "I am Jehovah.
3 Miyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfo. Nanso mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn.
And I appeared to Abraham, to Isaac, and to Jacob as El Shaddai, but I did not make myself known to them by my name Jehovah.
4 Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔho no bɛma wɔn ne wɔn asefo.
And I have also established my covenant with them, to give them the land of Canaan, the land of their sojournings, in which they were foreigners.
5 Bio, mate Israelfo apinisi ne nya a Misraimfo di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no.
Moreover I have heard the groaning of the children of Israel, whom the Egyptians keep in bondage, and I have remembered my covenant.
6 “Enti ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwonwade de ayi wɔn afi nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.
Therefore tell the children of Israel, 'I am Jehovah, and I will bring you out from under the burdens of the Egyptians, and I will rid you out of their bondage, and I will redeem you with an outstretched arm, and with great judgments:
7 Megye wɔn ato mu sɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. Na wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn a wagye wɔn afi Misraimfo nsam no.
and I will take you to me for a people, and I will be to you a God; and you shall know that I am Jehovah your God, who brings you out from under the burdens of the Egyptians.
8 Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapade. Mene Awurade no.’”
I will bring you into the land which I swore to give to Abraham, to Isaac, and to Jacob; and I will give it to you as a possession. I am Jehovah.'"
9 Enti Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, esiane abawpa a efi ɔhyɛ ntraso nti.
Moses spoke so to the children of Israel, but they did not listen to Moses for anguish of spirit, and for cruel bondage.
10 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Jehovah spoke to Moses, saying,
11 “San kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfo no mfi ne man no mu nkɔ.”
"Go in, speak to Pharaoh king of Egypt, that he let the children of Israel go out of his land."
12 Nanso Mose kae se, “Sɛ Israelfo no rentie me a, ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me, bere a mʼano ntewee yi?”
Moses spoke before Jehovah, saying, "Look, the children of Israel haven't listened to me. How then shall Pharaoh listen to me, who am of uncircumcised lips?"
13 Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsan nkɔ Israelfo no ne Farao a ɔyɛ Misraimfo hene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se ɔmma Israelfo no kwan na womfi Misraim asase so nkɔ.
Jehovah spoke to Moses and to Aaron, and gave them a command to the children of Israel, and to Pharaoh king of Egypt, to bring the children of Israel out of the land of Egypt.
14 Nnipa a na wotuatua Israel mmusuakuw no ano no din na edidi so yi: Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmabarima yɛ: Hanok, Palu, Hesron, Karmi. Eyinom na wɔwoo Ruben asefo.
These are the heads of their fathers' houses. The sons of Reuben the firstborn of Israel: Hanoch, and Pallu, Hezron, and Carmi; these are the families of Reuben.
15 Simeon mmabarima: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne na yɛ Kanaanni. Eyinom na wɔwoo Simeon asefo.
The sons of Simeon: Jemuel, and Jamin, and Ohad, and Jakin, and Zohar, and Shaul the son of a Canaanite woman; these are the families of Simeon.
16 Lewi mmabarima: Gerson, Kohat, Merari Lewi dii mfe ɔha aduasa ason.
These are the names of the sons of Levi according to their generations: Gershon, and Kohath, and Merari; and the years of the life of Levi were one hundred thirty-seven years.
17 Gerson mmabarima: Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti.
The sons of Gershon: Libni and Shimei, according to their families.
18 Kohat mmabarima: Amram, Ishar, Hebron, Usiel. Kohat dii mfe ɔha aduasa abiɛsa.
The sons of Kohath: Amram, and Izhar, and Hebron, and Uzziel; and the years of the life of Kohath were one hundred thirty-three years.
19 Merari mmabarima: Mahli, Musi. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din mpanyin mu no no yɛ Lewi abusuafo.
The sons of Merari: Mahli and Mushi. These are the families of the Levites according to their generations.
20 Amram waree nʼagya nuabea Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron. Amram dii mfe ɔha aduasa ason.
Amram took Jochebed his father's sister to himself as wife; and she bore him Aaron and Moses: and the years of the life of Amram were a hundred and thirty-seven years.
21 Ishar mmabarima: Kora, Nefeg, Sikri.
The sons of Izhar: Korah, and Nepheg, and Zikri.
22 Usiel mmabarima: Misael, Elsafan, Sitri.
The sons of Uzziel: Mishael, and Elzaphan, and Sithri.
23 Aaron waree Aminadab babea Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabea. Wɔn mma din ni: Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
Aaron took Elisheba, the daughter of Amminadab, the sister of Nahshon, as his wife; and she bore him Nadab and Abihu, Eleazar and Ithamar.
24 Kora mmabarima: Asir, Elkana, Abiasaf Eyinom ne Kora asefo.
The sons of Korah: Assir, and Elkanah, and Abiasaph; these are the families of the Korahites.
25 Aaron babarima Eleasar waree Putiel mmabea no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako. Nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne wɔn a na wotuatua Lewifo mmusuakuw no ano.
Eleazar Aaron's son took one of the daughters of Putiel as his wife; and she bore him Phinehas. These are the heads of ancestral houses of the Levites according to their families.
26 Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn se, “Munkoyi Israelfo nyinaa mfi Misraim asase so” no.
These are the Aaron and Moses to whom God said, "Bring out the children of Israel from the land of Egypt according to their regiments."
27 Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔkaa se ɔmma Israelfo no mfi Misraim no.
These are those who spoke to Pharaoh king of Egypt, to bring out the children of Israel from Egypt. These are that Moses and Aaron.
28 Da a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no,
It happened on the day when Jehovah spoke to Moses in the land of Egypt,
29 ɔkae se, “Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim hempɔn no.”
that Jehovah spoke to Moses, saying, "I am Jehovah. Speak to Pharaoh king of Egypt all that I speak to you."
30 Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio se, “Mʼano ntewee yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?”
Moses said before Jehovah, "Look, I am of uncircumcised lips, and how shall Pharaoh listen to me?"

< 2 Mose 6 >