< 2 Mose 31 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Mapaw Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nena a ofi Yuda abusua mu no 3 de Onyankopɔn Honhom, nyansa, ntease, nimdeɛ ne nnepa ahorow nyinaa ahyɛ no mma 4 sɛ ɔmfa nyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow, 5 sɛ ɔmfa nyɛ abo ne dua dwumfo ne adwinni ahorow nyinaa. 6 Bio, mayi Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne boafo. “Ɛno akyi no, mama adwumayɛfo no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi adi dwuma biara a makyerɛ sɛ munni no: 7 “Ahyiae Ntamadan, Apam Adaka ne mpata agua ne Ahyiae Ntamadan no mu ahyehyɛde nkae no nyinaa; 8 ɔpon no ne so nneɛma, sikakɔkɔɔ kaneadua ne ho nneɛma, ohuam afɔremuka; 9 ɔhyew afɔremuka ne ho nneɛma, nsankason ne ne nnyinaso; 10 ɔsɔfo Aaron ntade kronkron fɛɛfɛ no ne ne mma ntade bere a wɔsom sɛ asɔfo no; 11 ne ɔsra ngo ne Kronkronbea hɔ aduhuam no. “Ɛsɛ sɛ wɔfa kwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ eyinom nyinaa.” 12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 13 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ edu Homeda a, monhome. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam, na moahu sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.’ 14 “‘Munni Homeda no, efisɛ ɛyɛ da kronkron. Obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. Na nea ɔbɛyɛ adwuma saa da no nso, wobekum no. 15 Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ Homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no. 16 Ɛsɛ sɛ Israelfo no di Homeda no, wonni mma awo ntoatoaso no nhu sɛ ɛyɛ apam afebɔɔ. 17 Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. Efisɛ nnansia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, na ɔhomee da a ɛto so ason no.’” 18 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so wiee no, ɔde abo pon abien a ɔde ne nsa akyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no maa no.

< 2 Mose 31 >