< 2 Mose 15 >

1 Na Mose ne Israelfo no too saa dwom yi de kamfoo Awurade: “Mɛto dwom ama Awurade, efisɛ wadi nkonim anuonyam mu; Watow ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no agu po mu.
Then Moses and the children of Israel sang this song to God, and said, "I will sing to Jehovah, for he has triumphed gloriously. The horse and his rider he has thrown into the sea.
2 “Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom ne me nkwagye. Ɔyɛ me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ mʼagya Nyankopɔn, mɛma no so.
JAH is my strength and my song, and he has become my salvation. This is my God, and I will praise him; my father's God, and I will exalt him.
3 Awurade yɛ ɔkofo; ne din ne Awurade.
Jehovah is a warrior. Jehovah is his name.
4 Farao nteaseɛnam ne nʼakofo, watow wɔn agu po mu. Wɔamemem wɔ Po Kɔkɔɔ mu. Misraim akofo atitiriw awuwu asorɔkye ase.
Pharaoh's chariots and his army he hurled into the sea. His elite officers were drowned in the Red Sea.
5 Nsu akata wɔn so. Wɔmemem asubun mu sɛ ɔbo.
The depths covered them. They went down into the depths like a stone.
6 Wo nsa nifa, Awurade, tumi ne anuonyam ahyɛ no ma; wo nsa nifa, Awurade, atetew atamfo mu pasaa.
Your right hand, Jehovah, is glorious in power. Your right hand, Jehovah, shattered the enemy.
7 “Wo tumi kɛse no mu na wonam tuu wɔn a wotia wo no gui. Womaa wʼabufuw bɛhyew wɔn sɛnea ogya hyew sare.
In the greatness of your majesty you overthrew those who rise up against you. You sent forth your wrath. It consumed them like stubble.
8 Wugu ahome a, nsu mu pae. Egyinaa sɛ afasu maa po taa fa ne fa.
With the blast of your nostrils the waters piled up. The surging waters stood upright like a wall. The depths solidified in the heart of the sea.
9 Ɔtamfo kae se, ‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn. Mɛtwe mʼafoa wɔ wɔn so atwitwa wɔn asinasin.’
The enemy said, 'I will pursue. I will overtake. I will divide the spoil. My desire shall be satisfied on them. I will draw my sword, my hand shall destroy them.'
10 Nanso Onyankopɔn bɔɔ ne mframa ma po kataa wɔn so. Wɔmemem sɛ sumpii wɔ subun no mu.
You blew with your breath. The sea covered them. They sank like lead in the mighty waters.
11 Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo? Obirɛmpɔn, wɔ kronkronyɛ mu; nea yɛde osuro kronkron ma nʼanuonyam, Ɔnwonwani Nyankopɔn.
Who is like you, Jehovah, among the gods? Who is like you, majestic in holiness, fearful in praises, working wonders?
12 “Woteɛɛ wo nsa nifa na asase menee wɔn.
You stretched out your right hand. The earth swallowed them.
13 Woadi nnipa a wugyee wɔn no anim. Wʼayamye mu, wubedi wo nkurɔfo a woagye wɔn anim. Wʼahoɔden mu, wobɛkyerɛ wɔn kwan akɔ wo tenabea kronkron hɔ.
"In your loving kindness you will lead the people that you have redeemed. You will guide them by your strength to your holy dwelling.
14 Amanaman bɛte ama wɔn ho apopo. Ehu bɛka nnipa a wɔwɔ Filistia.
When the peoples hear, they will tremble. Anguish will grip the inhabitants of Philistia.
15 Edom mpanyimfo besuro. Atumfo a wɔwɔ Moab ho bɛwosow. Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa bɛbɔ huboa.
Then the chiefs of Edom will be terrified. Trembling will seize the leaders of Moab. All the inhabitants of Canaan will melt away.
16 Ehu ne suro bɛtɔ wɔn so. Awurade, wo tumi nti, wɔremma yɛn so! Wo nkurɔfo a wotɔɔ wɔn Betwa wɔn ho asomdwoe mu.
Terror and dread will fall on them. By the greatness of your arm they will be as still as a stone, until your people pass over, Jehovah, until the people pass over whom you have purchased.
17 Wode wɔn bɛba abedua wɔn wɔ wo bepɔw so, wo ara wo fi hɔ, Awurade— Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no.
You shall bring them in, and plant them in the mountain of your inheritance, the place, Jehovah, which you have made for yourself to dwell in; the sanctuary, Jehovah, which your hands have established.
18 “Awurade bedi hene akosi daa.”
Jehovah shall reign forever and ever."
19 Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafo ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa po no mu; nanso Awurade buu nsu afasu no guu wɔn so bere a na Israelfo no nam mu sɛ asase wosee so.
For the horses of Pharaoh went in with his chariots and with his horsemen into the sea, and Jehovah brought back the waters of the sea on them; but the children of Israel walked on dry land in the midst of the sea.
20 Ɛhɔ na Odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron nuabea faa akyene bi bɔ de dii mmea no anim ma wɔsawee.
Miriam the prophetess, the sister of Aaron, took a tambourine in her hand; and all the women went out after her with tambourines and with dances.
21 Ɛnna Miriam too saa dwom yi: “Monto dwom mma Awurade na wadi nkonim anuonyam mu. Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefo amem po ase.”
Miriam answered them, "Sing to Jehovah, for he has triumphed gloriously. The horse and his rider he has thrown into the sea."
22 Afei, Mose dii Israelfo no anim ne wɔn tu fii Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur sare so. Na wɔnantew sare no so nnansa a wɔannya nsu annom.
Moses led Israel onward from the Red Sea, and they went out into the wilderness of Shur; and they went three days in the wilderness, and found no water.
23 Woduu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsu, efisɛ na ɛyɛ nwene. Ɛno nti na wɔfrɛ hɔ Mara no; ase ne: Nweenwen.
When they came to Marah, they couldn't drink from the waters of Marah, for they were bitter. Therefore its name was called Marah.
24 Enti nnipa no nwiinwii tiaa Mose sɛ, “Dɛn na yɛnnom?”
The people murmured against Moses, saying, "What shall we drink?"
25 Mose srɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dubaa bi. Na ɔtow too nsu no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wotumi nomee. Mara hɔ na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn se,
Then he cried to Jehovah. Jehovah showed him a tree, and he threw it into the waters, and the waters were made sweet. There he made a statute and an ordinance for them, and there he tested them;
26 “Sɛ mubetie Awurade mo Nyankopɔn nne, na moayɛ osetie ayɛ ade trenee de a, ɔyare a mema ɛbɔɔ Misraimfo no, meremma bi mmɔ mo, efisɛ mene Awurade a mesa mo nyarewa.”
and he said, "If you will diligently listen to the voice of Jehovah your God, and will do that which is right in his eyes, and will pay attention to his commandments, and keep all his statutes, I will put none of the diseases on you, which I have put on the Egyptians; for I am Jehovah who heals you.
27 Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ, nti wosisii wɔn ntamadan, tenaa mmura no ho.
They came to Elim, where there were twelve springs of water, and seventy palm trees: and they camped there by the waters.

< 2 Mose 15 >