< Efesofo 3 >

1 Me Paulo, mo amanamanmufo nti Kristo Yesu de me yɛɛ odeduani.
For this cause, I Paul, the prisoner of Christ Jesus for you the nations,
2 Nokware mu, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm,
if, indeed, you heard of the dispensation of the grace of God that was given to me in regard to you,
3 a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyi so de ama sɛnea makyerɛw no tiaa dedaw no.
that by revelation He made known to me the secret, according as I wrote before in few [words]—
4 Na sɛ mokenkan eyi a na mobɛte nhumu a mewɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase,
in regard to which you are able, reading [it], to understand my knowledge in the secret of the Christ,
5 nea wɔanyi ankyerɛ awo ntoatoaso bi mu nnipa sɛnea nnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafo ne adiyifo akronkron no.
which in other generations was not made known to the sons of men, as it was now revealed to His holy apostles and prophets in the Spirit—
6 Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ amanamanmufo ne Israelfo bɔ mu yɛ adedifo. Wɔbɔ mu yɛ nipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu.
that the nations are fellow-heirs, and of the same body, and partakers of His promise in the Christ, through the good news,
7 Onyankopɔn dom akyɛde a ɔnam ne tumi so yɛ adwuma wɔ yɛn mu nti, meyɛɛ asɛmpa no ho somfo.
of which I became a servant, according to the gift of the grace of God that was given to me, according to the working of His power;
8 Ɛwɔ mu sɛ me ne aketewa pa ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufo,
to me—the less than the least of all the holy ones—was given this grace, among the nations to proclaim good news—the untraceable riches of the Christ,
9 na memma nnipa nyinaa nhu saa ahintasɛm yi dwumadi a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa mu wɔ mfe bebree a atwa mu no mu no. (aiōn g165)
and to cause all to see what [is] the fellowship of the secret that has been hid from the ages in God, who created all things by Jesus Christ, (aiōn g165)
10 Nʼatirimpɔw ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ wim mpanyinni ne atumfo,
that there might be made known now to the principalities and the authorities in the heavenly [places], through the Assembly, the manifold wisdom of God,
11 sɛnea ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so wiee ne botae a ɛwɔ hɔ daa no. (aiōn g165)
according to a purpose of the ages, which He made in Christ Jesus our Lord, (aiōn g165)
12 Afei Kristo ma yɛn akokoduru ne ahotoso a ɛma yenya gyidi ba Onyankopɔn anim.
in whom we have the freedom and the access in confidence through the faith of Him,
13 Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mihu ma mo no ho. Ɛyɛ mo anuonyamhyɛ.
for this reason, I ask [you] not to faint in my tribulations for you, which is your glory.
14 Eyi nti mibu nkotodwe wɔ Agya no anim,
For this cause I bow my knees to the Father of our Lord Jesus Christ,
15 ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so no so.
of whom the whole family in the heavens and on earth is named,
16 Mebɔ mpae sɛ omfi nʼanuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den,
that He may give to you, according to the riches of His glory, to be strengthened through His Spirit with might, in regard to the inner man,
17 sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidi so abɛtena mo koma mu. Sɛ moagye ntin na moatim wɔ ɔdɔ mu no, mebɔ mpae sɛ
that the Christ may dwell through the faith in your hearts, having been rooted and founded in love,
18 mo ne ahotefo nyinaa benya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛw, ne tenten, ne korɔn ne emu dɔ no ase,
that you may be in strength to comprehend, with all the holy ones, what [is] the breadth, and length, and depth, and height,
19 na moahu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma.
to know also the love of the Christ that is exceeding the knowledge, that you may be filled—to all the fullness of God;
20 Anuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so yɛ nea yebisa anaa nea yesusuw ma ɛboro so.
and to Him who is able to do exceedingly [and] abundantly above all things that we ask or think, according to the power that is working in us,
21 Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfi nnɛ nkosi daa daa. Amen. (aiōn g165)
to Him [is] the glory in the Assembly in Christ Jesus, to all the generations of the age of the ages. Amen. (aiōn g165)

< Efesofo 3 >