< Ɔsɛnkafo 12 >

1 Kae wo Bɔfo wɔ wo mmerantebere mu, ansa na nnabɔne no aba na mfe a wobɛka se, “Minni mu anigye biara” no reba, 2 ansa na owia ne hann, ɔsram ne nsoromma aduru sum, na omununkum asan aba osutɔ akyi. 3 Bere a ofi no awɛmfo ho popo, na mmarima ahoɔdenfo akom, bere a awiyamfo agyae adwumayɛ, sɛ wosua nti na wɔn a wɔhwɛ pema mu no ani so ayɛ kusuu; 4 bere a wɔatoto abɔnten no apon mu na awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase; bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan, nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase; 5 bere a nnipa suro sorokɔ ne mmɔnten so amanenyasɛm; bere a “ɔsonkoran” dua begu nhwiren na tɛwtɛw twe ne ho kɔ no na nkatede ho adwudwo. Afei onipa kɔ ne daa home mu na agyaadwotwafo tu gu mmɔnten so. 6 Kae no, ansa na dwetɛ hama no atew, anaasɛ sikakɔkɔɔ asanka no abɔ; ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asuten ho, anaasɛ asubura so nkyimii abubu, 7 na dɔte san kɔ asase a efi mu bae, na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn. 8 “Ahuhude mu ahuhude” ɔsɛnkafo no na ose. “Biribiara yɛ ahuhude!” 9 Ɔsɛnkafo no yɛ onyansafo na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdwenee na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na obubuu mmɛ bebree. 10 Ɔsɛnkafo no hwehwɛɛ sɛ obenya nsɛm a ɛfata, na nea ɔkyerɛw no yɛ pɛ na ɛyɛ nokware nso. 11 Anyansafo nsɛm te sɛ nantwikafo mpeaw. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yiye. Saa nsɛm yi nyinaa fi Oguanhwɛfo baako nkyɛn. 12 Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho fi biribiara a ɛka eyinom ho, me babarima. Nhoma bebrebe nkyerɛw nni awiei, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛw. 13 Afei ne nyinaa atɔ asom; nsɛm no awiei ni: Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛde so, na onipa asɛde nyinaa ni. 14 Onyankopɔn bebu nneyɛe biara atɛn, nea wɔayɛ asie nso ka ho, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.

< Ɔsɛnkafo 12 >