< 5 Mose 3 >

1 Afei, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Basan kwan so. Basanhene Og ne nʼasrafo nyinaa fi behyiaa yɛn wɔ Edrei ne yɛn koe.
Then we turned, and went up the way to Bashan: and Og the king of Bashan came out against us, he and all his people, to battle at Edrei.
2 Nanso Awurade ka kyerɛɛ me se, “Nsuro no, efisɛ mede ɔno ne nʼakofo ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Sɛnea woyɛɛ Amorihene Sihon a odii ade wɔ Hesbon dii no, yɛ no saa ara.”
Jehovah said to me, "Do not fear him; for I have delivered him, and all his people, and his land, into your hand; and you shall do to him as you did to Sihon king of the Amorites, who lived at Heshbon."
3 Enti Awurade, yɛn Nyankopɔn, san de Basanhene Og ne nʼakofo nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Yɛbɔɔ wɔn gui a anka wɔn mu baako koraa.
So Jehovah our God delivered into our hand Og also, the king of Bashan, and all his people: and we struck him until none was left to him remaining.
4 Saa bere no, yɛfaa ne nkuropɔn nyinaa. Nkuropɔn aduosia no mu baako koraa nni hɔ a yɛannye amfi wɔn nsam. Argob mantam a ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan nyinaa.
We took all his cities at that time; there was not a city which we did not take from them; sixty cities, all the region of Argob, the kingdom of Og in Bashan.
5 Na wɔato afasu atenten afa saa nkuropɔn yi nyinaa ho de nnade apon atoto ano. Saa bere koro no ara mu, yɛfaa nkuraa a na wɔntoo afasu mfaa ho no bebree.
All these were cities fortified with high walls, gates, and bars; besides the unwalled towns a great many.
6 Yɛsɛee Basan kuropɔn no pasaa sɛnea yɛsɛee Hesbonhene Sihon no. Yɛsɛee nkurow no ne mu mmarima, mmea ne mmofra nyinaa pasapasa.
We utterly destroyed them, as we did to Sihon king of Heshbon, utterly destroying every inhabited city, with the women and the little ones.
7 Nanso nkuropɔn no mu nyɛmmoa ne asade ahorow no de, yɛsoa kɔe.
But all the livestock, and the spoil of the cities, we took for a prey to ourselves.
8 Saa bere no, yɛfaa Amorifo ahemfo baanu no nsase a na ɛdeda Asubɔnten Yordan apuei fam no nyinaa; nsase a efi Arnon subon mu de kosi bepɔw Hermon so nyinaa.
We took the land at that time out of the hand of the two kings of the Amorites who were beyond the Jordan, from the Valley of the Arnon to Mount Hermon.
9 Sidonfo frɛ no Hermon Sirion na Amorifo frɛ no Senir.
(The Sidonians call Hermon Sirion, and the Amorites call it Senir.)
10 Yɛfaa nkuropɔn a ɛwɔ bepɔw no atifi no nyinaa so a Gilead ne Basan ka ho de kosi nkurow a ɛwɔ Saleka ne Edrei a na ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan no nso ka ho bi.
We took all the cities of the plain, and all Gilead, and all Bashan, to Salecah and Edrei, cities of the kingdom of Og in Bashan.
11 Abran no de, Basanhene Og nko na na waka. Ne dade mpa tenten boro anammɔn dumiɛnsa na ne trɛw yɛ anammɔn asia. Ɛda so wɔ Amonfo kuropɔn Raba mu mprempren ara.
(For only Og king of Bashan remained of the remnant of the Rephaim; look, his bedstead was a bedstead of iron; isn't it in Rabbah of the people of Ammon? Thirteen feet three inches was its length, and five feet eleven inches its breadth, according to the standard measure.)
12 Nsase a yɛfaa no saa bere no, mede ne fa a ɛda fi Aroer Arnon subon mu ne ɔman a ɛda Gilead bepɔw no fa ne ne nkurow no maa Rubenfo ne Gadfo.
This land we took in possession at that time: from Aroer, which is by the Valley of the Arnon, and half the hill country of Gilead, and its cities, gave I to the Reubenites and to the Gadites:
13 Afei, mede asase no nkae a ɛyɛ Gilead ne Basan nyinaa a na anka ɛyɛ Og ahemman no maa Manase abusua fa no. Na wɔfrɛ Argob mantam a ɛwɔ Basan no nyinaa se Abran asase.
and the rest of Gilead, and all Bashan, the kingdom of Og, gave I to the half-tribe of Manasseh. All the region of Argob, with all Bashan, was called the land of Rephaim.
14 Manase aseni bi a wɔfrɛ no Yair faa Argob mantam no nyinaa de kosii Gesurfo ne Maakatfo hye so. Ɔde ne din too asase no frɛɛ hɔ Hawot-Yair de besi nnɛ.
Jair the son of Manasseh took all the region of Argob, to the border of the Geshurites and the Maacathites, and called them, even Bashan, after his own name, Havvoth Jair, to this day.)
15 Mede Gilead maa Makir,
I gave Gilead to Makir.
16 Rubenfo ne Gadfo no, memaa wɔn asase bi a efi Gilead fa bi, kosi Arnon subon ho, de kosii Asubɔnten Yabok a ɛyɛ Amonfo hye no so.
To the Reubenites and to the Gadites I gave from Gilead to the Valley of the Arnon, the middle of the valley, and its border, even to the river Jabbok, which is the border of the people of Ammon;
17 Atɔe hye no fi Asubɔnten Yordan a ɛda Araba a efi Kineret kosi Araba Po (a ɛne Nkyene Po no) wɔ Pisga bepɔw no ase.
the Arabah also, and the Jordan and its border, from Kinnereth even to the sea of the Arabah, the Salt Sea, under the slopes of Pisgah eastward.
18 Na mehyɛɛ mo saa bere no se, “Awurade, mo Nyankopɔn, de asase yi ama mo sɛ momfa. Nanso mo mmarima akofo nyinaa nhyɛ akode nni mo nuanom Israelfo no anim ntwa Yordan.
I commanded you at that time, saying, "Jehovah your God has given you this land to possess it: you shall pass over armed before your brothers the children of Israel, all the men of valor.
19 Mo yerenom, mo mma ne mo nyɛmmoa bebrebe a minim sɛ mowɔ no de, mubetumi agyaw wɔ nkurow a mede ama mo no so.
But your wives, and your little ones, and your livestock, (I know that you have much livestock), shall live in your cities which I have given you,
20 Sɛ Awurade bɔ Israelfo a wɔaka no ho ban na wɔtena asase a Awurade de rema wɔn wɔ Asubɔnten Yordan agya no so a, ansa na mo mu biara betumi asan akɔ asase a mede ama mo no so.”
until Jehovah gives rest to your brothers, as to you, and they also possess the land which Jehovah your God gives them beyond the Jordan: then you shall return every man to his possession, which I have given you."
21 Saa bere no, meka kyerɛɛ Yosua se, “Wode wʼani ahu nea Awurade, wo Nyankopɔn, ayɛ saa ahemfo baanu yi nyinaa. Saa ara na ɔbɛyɛ ahemman a ɛwɔ faako a morekɔ no nso.
I commanded Joshua at that time, saying, "Your eyes have seen all that Jehovah your God has done to these two kings: so shall Jehovah do to all the kingdoms where you go over.
22 Nsuro wɔn, na Awurade, wo Nyankopɔn, bɛko ama wo.”
Do not fear them, for Jehovah your God himself will fight for you."
23 Saa bere no, mesrɛɛ Awurade se,
I begged Jehovah at that time, saying,
24 “Otumfo Awurade, woafi ase reda wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no adi akyerɛ wʼakoa. Na onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a obetumi ayɛ mmaninne te sɛ wo?
"Lord Jehovah, you have begun to show your servant your greatness, and your strong hand: for what god is there in heaven or in earth, that can do according to your works, and according to your mighty acts?
25 Mesrɛ wo, ma mintwa Yordan nkɔhwɛ asase pa a ɛda hɔ no, Lebanon mmepɔw asase fɛfɛ no.”
Please let me go over and see the good land that is beyond the Jordan, that good hill country, and Lebanon."
26 Nanso esiane mo nti, Awurade bo fuw me. Na wantie me. Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Nka saa asɛm yi ho hwee bio nkyerɛ me.
But Jehovah was angry with me for your sakes, and did not listen to me; and Jehovah said to me, "Enough from you; speak no more to me of this matter.
27 Foro kɔ Pisga na hwɛ atɔe, atifi, anafo ne apuei. Esiane sɛ, worentwa Yordan no nti, wʼankasa fa wʼani hwɛ asase no.
Go up to the top of Pisgah, and lift up your eyes westward, and northward, and southward, and eastward, and see with your eyes: for you shall not go over this Jordan.
28 Nanso soma Yosua, hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi saa nnipa yi anim atwa na wama wɔadi asase a wʼani tua yi.”
But commission Joshua, and encourage him, and strengthen him; for he shall go over before this people, and he shall cause them to inherit the land which you shall see."
29 Ɛno nti, yɛtenaa subon a ɛbɛn Bet-Peor no mu.
So we stayed in the valley over against Beth Peor.

< 5 Mose 3 >