< 2 Samuel 13 >

1 Na Dawid babarima Absalom wɔ nuabea bi a na ne ho yɛ fɛ yiye. Na saa ɔbea no din de Tamar. Na Amnon a ɔyɛ ne nuabarima no kɔn dɔɔ no.
大衛的兒子押沙龍有一個美貌的妹子,名叫她瑪。大衛的兒子暗嫩愛她。
2 Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kosii sɛ ɛbɔɔ no yare. Na ɔyɛ ɔbabun nti, na na ɛyɛ sɛ Amnon rentumi nyɛ no hwee.
暗嫩為他妹子她瑪憂急成病。她瑪還是處女,暗嫩以為難向她行事。
3 Na Amnon wɔ adamfo onifirifo bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima.
暗嫩有一個朋友,名叫約拿達,是大衛長兄示米亞的兒子。這約拿達為人極其狡猾;
4 Da koro bi, Yonadab bisaa Amnon se, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no se, “Medɔ Tamar, Absalom nuabea no.”
他問暗嫩說:「王的兒子啊,為何一天比一天瘦弱呢?請你告訴我。」暗嫩回答說:「我愛我兄弟押沙龍的妹子她瑪。」
5 Yonadab kae se, “Eye, mɛkyerɛ wo nea wobɛyɛ. San kɔ na kɔda wo mpa so, na hyɛ da yɛ sɛnea woyare no. Sɛ wʼagya behu wo a, ka kyerɛ no se ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduan bi mma wo nni. Ka kyerɛ no se, sɛ ɔno brɛ wo aduan di a, wo ho bɛtɔ wo.”
約拿達說:「你不如躺在床上裝病;你父親來看你,就對他說:『求父叫我妹子她瑪來,在我眼前預備食物,遞給我吃,使我看見,好從她手裏接過來吃。』」
6 Enti Amnon patuw yaree. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma minni.”
於是暗嫩躺臥裝病。王來看他,他對王說:「求父叫我妹子她瑪來,在我眼前為我做兩個餅,我好從她手裏接過來吃。」
7 Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fi, kɔnoaa aduan maa no.
大衛就打發人到宮裏,對她瑪說:「你往你哥哥暗嫩的屋裏去,為他預備食物。」
8 Bere a Tamar duu Amnon fi hɔ no, ɔkɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu, sɛnea sɛ Tamar refɔtɔw asikresiam a obehu. Enti ɔtoo brodo sononko bi maa no.
她瑪就到她哥哥暗嫩的屋裏;暗嫩正躺臥。她瑪摶麵,在他眼前做餅,且烤熟了,
9 Nanso ɔde aduan no guu apampaa so besii nʼanim no, wampɛ sɛ odi. Na Amnon ka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔwɔ hɔ no se, “Obiara mfi ha nkɔ!” Enti wɔn nyinaa kɔe.
在他面前將餅從鍋裏倒出來,他卻不肯吃,便說:「眾人離開我出去吧!」眾人就都離開他,出去了。
10 Afei, ɔka kyerɛɛ Tamar se, “Fa aduan no brɛ me wɔ me pia mu, na bubu hyɛ mʼano.” Enti Tamar maa so de kɔɔ hɔ.
暗嫩對她瑪說:「你把食物拿進臥房,我好從你手裏接過來吃。」她瑪就把所做的餅拿進臥房,到她哥哥暗嫩那裏,
11 Na bere a ogu so de rema no no, ɔtow hyɛɛ ne so, na ɔkae se, “Wo ne me nna, me nuabea ɔdɔfo.”
拿着餅上前給他吃,他便拉住她瑪,說:「我妹妹,你來與我同寢。」
12 Na Tamar teɛɛ mu se, “Dabi da, onuabarima! Nyɛ saa amumɔyɛde yi! Nyɛ me saa! Wunim sɛ, sɛ woyɛ a, ɛyɛ bɔne kɛse wɔ Israel.
她瑪說:「我哥哥,不要玷辱我。以色列人中不當這樣行,你不要做這醜事;
13 Na ɛhe na anka mede saa aniwu no bɛfa? Na wɔbɛka sɛ, wo nso woyɛ nkwaseafo akɛse a wɔwɔ Israel no mu baako. Mesrɛ wo, ka biribi kɛkɛ kyerɛ ɔhene, na ɔbɛma woaware me.”
你玷辱了我,我何以掩蓋我的羞恥呢?你在以色列中也成了愚妄人。你可以求王,他必不禁止我歸你。」
14 Nanso Amnon ampene so. Na esiane sɛ ɔwɔ ahoɔden sen Tamar nti, ɔtoo no mmonnaa.
但暗嫩不肯聽她的話,因比她力大,就玷辱她,與她同寢。
15 Ɛhɔ ara, Amnon dɔ no dan ɔtan. Ɔtan no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔteɛteɛɛ mu se, “Fi ha kɔ ntɛm!”
隨後,暗嫩極其恨她,那恨她的心比先前愛她的心更甚,對她說:「你起來,去吧!」
16 Tamar nso teɛteɛɛ mu se, “Dabi da. Sɛ worepam me afi ha mprempren no yɛ bɔne kɛse koraa sen nea woayɛ me dedaw no.” Nanso Amnon ampɛ sɛ obetie no.
她瑪說:「不要這樣!你趕出我去的這罪比你才行的更重!」但暗嫩不肯聽她的話,
17 Ɔteɛɛ mu frɛɛ ne somfo hyɛɛ no se, “Pam saa ɔbea yi fi ha, na to pon no mu!”
就叫伺候自己的僕人來,說:「將這個女子趕出去!她一出去,你就關門,上閂。」
18 Enti ɔsomfo no pam no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛnea na amanne kyerɛ wɔ ɔhene babea a ɔyɛ ɔbabun ho no.
那時她瑪穿着彩衣,因為沒有出嫁的公主都是這樣穿。暗嫩的僕人就把她趕出去,關門上閂。
19 Nanso Tamar sunsuan ne batakari no mu, de nsõ guu ne ti mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de osu sii kwan so.
她瑪把灰塵撒在頭上,撕裂所穿的彩衣,以手抱頭,一面行走,一面哭喊。
20 Ne nuabarima Absalom huu no bisaa no se, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada ana? Yɛ dinn, me nuabea; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wo koma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhonibea wɔ Absalom fi.
她胞兄押沙龍問她說:「莫非你哥哥暗嫩與你親近了嗎?我妹妹,暫且不要作聲,他是你的哥哥,不要將這事放在心上。」她瑪就孤孤單單地住在她胞兄押沙龍家裏。
21 Bere a ɔhene Dawid tee asɛm no, ne bo fuw yiye.
大衛王聽見這事,就甚發怒。
22 Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso ɔtan Amnon yiye, efisɛ wagu ne nuabea Tamar anim ase.
押沙龍並不和他哥哥暗嫩說好說歹;因為暗嫩玷辱他妹妹她瑪,所以押沙龍恨惡他。
23 Mfe abien akyi, da koro bi a na wɔretwitwa Absalom nguan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hye so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmabarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ.
過了二年,在靠近以法蓮的巴力‧夏瑣有人為押沙龍剪羊毛;押沙龍請王的眾子與他同去。
24 Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Me nguan nwitwitwafo reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfo bɛba abɛka me ho ana?”
押沙龍來見王,說:「現在有人為僕人剪羊毛,請王和王的臣僕與僕人同去。」
25 Ɔhene buae se, “Dabi, me ba. Ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo.” Ɛwɔ mu sɛ Absalom hyɛɛ no de, nanso wampene sɛ ɔbɛkɔ, na ohyiraa no kosɛkosɛ.
王對押沙龍說:「我兒,我們不必都去,恐怕使你耗費太多。」押沙龍再三請王,王仍是不肯去,只為他祝福。
26 Na Absalom kae se, “Sɛ saa na ɛte de a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.” Ɔhene no bisaa no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbɛka mo ho?”
押沙龍說:「王若不去,求王許我哥哥暗嫩同去。」王說:「何必要他去呢?」
27 Nanso ɔhyɛɛ no nti, ɔmaa Amnon ne ahenemma no nyinaa bɛkaa ne ho.
押沙龍再三求王,王就許暗嫩和王的眾子與他同去。
28 Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no se, “Muntie! Montwɛn na Amnon mmow nsa, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnne na moakum no. Munnsuro. Me ara na mahyɛ mo sɛ monyɛ saa. Momfa akokoduru nyɛ.”
押沙龍吩咐僕人說:「你們注意,看暗嫩飲酒暢快的時候,我對你們說殺暗嫩,你們便殺他,不要懼怕。這不是我吩咐你們的嗎?你們只管壯膽奮勇!」
29 Enti Absalom mmarima no yɛɛ Amnon saa, sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei, ahene mmabarima no nyinaa sɔre tenatenaa wɔn mfurum so, na woguanee.
押沙龍的僕人就照押沙龍所吩咐的,向暗嫩行了。王的眾子都起來,各人騎上騾子,逃跑了。
30 Bere a wɔresan akɔ Yerusalem no, saa asɛm yi duu Dawid asom se, “Absalom akunkum wo mmabarima no nyinaa a anka ɔbaako koraa.”
他們還在路上,有風聲傳到大衛那裏,說:「押沙龍將王的眾子都殺了,沒有留下一個。」
31 Ɔhene no huruw sii fam, sunsuan nʼatade mu, daa fam. Nʼafotufo nyinaa de ahodwiriw ne awerɛhow sunsuan wɔn ntade mu, dedaa fam saa ara.
王就起來,撕裂衣服,躺在地上。王的臣僕也都撕裂衣服,站在旁邊。
32 Nanso ankyɛ biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no beduu hɔ kae se, “Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Efi bere a Amnon too ne nuabea Tamar mmonnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa.
大衛的長兄,示米亞的兒子約拿達說:「我主,不要以為王的眾子-少年人都殺了,只有暗嫩一個人死了。自從暗嫩玷辱押沙龍妹子她瑪的那日,押沙龍就定意殺暗嫩了。
33 Dabi, wo mma no nyinaa nwuwui saa. Ɛyɛ Amnon nko ara.”
現在,我主我王,不要把這事放在心上,以為王的眾子都死了,只有暗嫩一個人死了。」
34 Saa bere no, na Absalom aguan. Ɔwɛmfo a ɔwɔ Yerusalem fasu so no huu sɛ dɔm kɛse fi atɔe fam reba kurow no mu. Otuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amanneɛ se, “Mahu sɛ dɔm fi Horonaim kwan a ɛda bepɔw no nkyɛn mu hɔ no so reba.”
押沙龍逃跑了。 守望的少年人舉目觀看,見有許多人從山坡的路上來。
35 Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Wɔn na wɔreba no! Wo mma no reba sɛnea mekae no.”
約拿達對王說:「看哪,王的眾子都來了,果然與你僕人所說的相合。」
36 Ankyɛ na wobedui a, wɔretwa adwo, tew nisu, na ɔhene ne ne mpanyimfo nso twaa agyaadwo.
話才說完,王的眾子都到了,放聲大哭;王和臣僕也都哭得甚慟。
37 Na Dawid suu ne babarima Amnon nna bebree. Na Absalom guan kɔɔ ne nena barima Talmai a na ɔyɛ Amihud a na ɔyɛ ɔhene Gesur no babarima nkyɛn.
押沙龍逃到基述王亞米忽的兒子達買那裏去了。大衛天天為他兒子悲哀。
38 Ɔkɔtenaa Gesur hɔ mfe abiɛsa.
押沙龍逃到基述,在那裏住了三年。
39 Na Dawid a afei wagyae Amnon wu no ho asɛm no pɛɛ sɛ ɔne ne babarima Absalom san ka bɔ mu.
暗嫩死了以後,大衛王得了安慰,心裏切切想念押沙龍。

< 2 Samuel 13 >