< 2 Beresosɛm 24 >

1 Yoas dii hene no, na wadi mfe ason, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia aduanan. Na ne na din de Sibia a ofi Beer-Seba.
Joash was seven years old when he began to reign; and he reigned forty years in Jerusalem; and his mother's name was Zibiah of Beer-sheba.
2 Yoas yɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, ɔsɔfo Yehoiada nkwanna nyinaa.
And Joash did what was right in the sight of Jehovah all the days of Jehoiada the priest.
3 Yehoiada maa Yoas ɔyerenom baanu a ɔne wɔn wowoo mmabarima ne mmabea.
And Jehoiada took for him two wives; and he begot sons and daughters.
4 Akyiri no, Yoas yɛɛ nʼadwene sɛ obesiesie Awurade Asɔredan no.
And it came to pass after this, that Joash was minded to renew the house of Jehovah.
5 Enti ɔfrɛfrɛɛ asɔfo ne Lewifo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ Yuda nkurow nyinaa so ntɛm, na munkogyigye afirihyiatow, sɛnea yebetumi asiesie mo Nyankopɔn Asɔredan no. Monntwentwɛn koraa.” Nanso Lewifo no ankɔ prɛko pɛ.
And he gathered together the priests and the Levites, and said to them, Go out to the cities of Judah and collect of all Israel money for the repair of the house of your God from year to year, and ye shall hasten the matter. But the Levites hastened it not.
6 Na ɔhene no frɛɛ ɔsɔfopanyin Yehoiada bisaa no se, “Adɛn nti na wummisaa Lewifo no nea enti a wɔnkɔɔ Yuda nkurow so ne Yerusalem nkogyigyee Asɔredan ho tow no? Mose, Awurade somfo, gyigyee ɔman Israel saa tow yi, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asiesie Apam Ntamadan no.”
And the king called for Jehoiada the chief, and said to him, Why hast thou not required of the Levites to bring in out of Judah and out of Jerusalem the tribute of Moses the servant of Jehovah [laid upon] the congregation of Israel, for the tent of the testimony?
7 Afei na otirimɔdenfo Atalia mma abɔ awura Onyankopɔn Asɔredan no mu, na nneɛma a wɔahyira so wɔ Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, wɔafa de resom Baal ahoni.
For the wicked Athaliah [and] her sons had devastated the house of God; and also all the hallowed things of the house of Jehovah had they employed for the Baals.
8 Enti Yoas hyɛɛ sɛ wɔnyɛ adaka bi mfa nsi ɔkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan no akyi.
And the king commanded, and they made a chest, and set it at the gate of the house of Jehovah without,
9 Enti wɔde too Yuda ne Yerusalemman anim sɛ, wɔmfa tow a Mose, Onyankopɔn somfo gyigyee Israelfo wɔ sare so no mmrɛ Awurade.
and they made a proclamation through Judah and Jerusalem, to bring to Jehovah the tribute of Moses the servant of God [laid upon] Israel in the wilderness.
10 Ntuanofo no ne ɔmanfo no penee so, enti wɔde anigye de wɔn sika bɛhyɛɛ adaka no ma.
And all the princes and all the people rejoiced, and brought in and cast into the chest, until they had finished.
11 Bere biara a adaka no bɛyɛ ma no, Lewifo no soa de kɔma ɔhene mpanyimfo. Na asennii kyerɛwfo ne ɔsɔfopanyin nanmusini bi akan sika no, na wɔasan de adaka no akosi Asɔredan no pon ano bio. Wɔyɛɛ saa daa, na wonyaa sika bebree.
And it came to pass at the time the chest was brought for the king's control by the hand of the Levites, and when they saw that there was much money, the king's scribe and high priest's officer came, and they emptied the chest, and took it, and carried it to its place again. Thus they did day by day, and gathered money in abundance.
12 Ɔhene no ne Yehoiada de sika no maa adansi sohwɛfo, ma wɔfaa adansifo ne nnua dwumfo, ma wosiesiee Awurade Asɔredan no. Afei, wɔfaa nnade adwumfo ma wɔde nnade ne kɔbere mfrafrae yɛɛ Awurade Asɔredan no ho nneɛma.
And the king and Jehoiada gave it to such as did the work of the service of the house of Jehovah, and they hired masons and carpenters to renew the house of Jehovah, and also such as wrought in iron and bronze, to repair the house of Jehovah.
13 Na mmarima a wɔhwɛ ɔdan no siesie so no yɛɛ adwumaden maa adwuma no kɔɔ so sɛnea ɛfata. Wosii Onyankopɔn Asɔredan no wɔ ne tebea dedaw no sɛso na wɔhyɛɛ mu den.
So the workmen wrought, and the work was perfected by them, and they set the house of God in its state, and strengthened it.
14 Wowiee asiesie no, wɔde sika no nkae brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahorow a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyew afɔre a nkwankora ne hweaseammɔ ahorow a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde koguu Awurade asɔredan no mu. Bere a na ɔsɔfo Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyew afɔre wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
And when they had finished, they brought the rest of the money before the king and Jehoiada; and they made of it vessels for the house of Jehovah, utensils to minister, and with which to offer up, and cups, and utensils of gold and silver. And they offered up burnt-offerings in the house of Jehovah continually all the days of Jehoiada.
15 Yehoiada nyinii yiye, owui no na wadi mfirihyia ɔha ne aduasa.
And Jehoiada grew old and was full of days, and he died; he was a hundred and thirty years old when he died.
16 Wosiee no wɔ ahemfo asiei wɔ Dawid kurom, efisɛ na wayɛ adwuma pa wɔ Israel, ama Onyankopɔn ne nʼAsɔredan no.
And they buried him in the city of David among the kings, because he had done good in Israel, both toward God and toward his house.
17 Yehoiada wu akyi no, Yuda ntuanofo bɛkotow ɔhene Yoas anim, srɛɛ no se ontie wɔn afotu.
And after the death of Jehoiada the princes of Judah came and made obeisance to the king; then the king hearkened to them.
18 Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobegyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn Asɔredan no, na wɔasom Asera nnua no ne ahoni no mmom. Na Onyankopɔn abufuw baa Yuda ne Yerusalem so wɔ wɔn bɔne nti.
And they forsook the house of Jehovah the God of their fathers, and served the Asherahs and idols; and wrath came upon Judah and Jerusalem for this their trespass.
19 Awurade somaa adiyifo sɛ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene.
And he sent prophets among them to bring them again to Jehovah, and they testified against them; but they would not give ear.
20 Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfo Yehoiada babarima Sakaria so. Ogyinaa nnipa no anim kae se, “Sɛnea Onyankopɔn se ni: Adɛn nti na munni Awurade ahyɛde so? Morennya nkɔso, efisɛ moagyaw Awurade ama ɔno nso agyaw mo!”
And the Spirit of God came upon Zechariah the son of Jehoiada the priest; and he stood up above the people and said unto them, Thus saith God: Wherefore do ye transgress the commandments of Jehovah? And ye cannot prosper; for ye have forsaken Jehovah, and he hath forsaken you.
21 Na ntuanofo no pam Sakaria ti so sɛ wobekum no. Na ɔhene Yoas ankasa hyɛ ma wosiw no abo, kum no wɔ Asɔredan no adiwo hɔ.
And they conspired against him, and stoned him with stones at the command of the king in the court of the house of Jehovah.
22 Na ɔhene Yoas ankae adɔe a nʼagya Yehoiada de yɛɛ no no, na okum ne babarima. Sakaria rewu no, nsɛm a ɔka twaa to ne se, “Awurade nhu nea wɔreyɛ na ɔmma wommu ho akontaa!”
And king Joash remembered not the kindness which Jehoiada his father had done to him, but slew his son. And when he died, he said, Jehovah see and require [it]!
23 Afe no mfiase no, Aram asraafo bɔɔ nsra baa Yoas so. Wɔkaa Yuda ne Yerusalem hyɛe, kunkum ntuanofo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔfaa asade a wonyae nyinaa, de kɔmaa wɔn hene wɔ Damasko.
And it came to pass at the end of the year [that] the army of Syria came up against him; and they entered into Judah and Jerusalem, and destroyed all the princes of the people from among the people, and sent all the spoil of them to the king at Damascus.
24 Ɛwɔ mu sɛ Aram dɔm a wɔkɔtow hyɛɛ wɔn so no sua de, nanso Awurade boaa wɔn ma wodii Yuda asraafodɔm kɛse no so nkonim. Yudafo gyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, ɛno nti Awurade buu atɛn tiaa Yoas.
Truly with a small company of men came the army of the Syrians, but Jehovah delivered a very great army into their hand, because they had forsaken Jehovah the God of their fathers; and they executed judgment upon Joash.
25 Aramfo twee wɔn ho na wogyaw Yoas a na wapira yiye no hɔ. Nanso ɔno ankasa mpanyimfo dwenee ho sɛ, esiane sɛ okum ɔsɔfo Yehoiada babarima nti, wobekum no. Wokum no bere a ɔda mpa so. Na wosiee no Dawid kurom a wɔankosie no wɔ adehye amusiei.
And when they had departed from him (for they left him in great diseases), his own servants conspired against him for the blood of the sons of Jehoiada the priest, and slew him on his bed, and he died; and they buried him in the city of David, but they did not bury him in the sepulchres of the kings.
26 Na awudifo no yɛ Yosabad a ɔyɛ Amonnibea Simeat babarima, ne Somer a ɔyɛ Moabnibea Simrit babarima.
And these are they that conspired against him: Zabad the son of Shimeath an Ammonitess, and Jehozabad the son of Shimrith a Moabitess.
27 Wɔakyerɛw nsɛm a ɛfa Yoas mmabarima, ne ho nkɔmhyɛ, ne Onyankopɔn Asɔredan no asiesie wɔ Ahene nkyerɛmu nhoma no mu. Yoas wui no, ne babarima Amasia dii nʼade sɛ ɔhene.
And as to his sons, and the greatness of the burdens [laid] upon him, and the building of the house of God, behold, they are written in the treatise of the book of the kings. And Amaziah his son reigned in his stead.

< 2 Beresosɛm 24 >