< 1 Samuel 25 >

1 Afei, Samuel wui, na Israel nyinaa hyia yɛɛ nʼayi. Na wosiee no wɔ ne kurom Rama. Na Dawid tu kɔɔ Maon sare so.
Samuel died; and all Israel gathered themselves together, and lamented him, and buried him in his house at Ramah. David arose, and went down to the wilderness of Maon.
2 Na ɔbarima bi fi Maon a na ɔwɔ agyapade wɔ baabi a ɛbɛn Karmel yɛ ɔdefo kɛse. Na ɔwɔ mmirekyi apem ne nguan mpensa a na otwitwa wɔn nwi wɔ Karmel.
There was a man in Maon, whose possessions were in Carmel; and the man was very great, and he had three thousand sheep, and a thousand goats: and he was shearing his sheep in Carmel.
3 Saa ɔbarima no din de Nabal, na ne yere nso din de Abigail. Na ɔyɛ ɔbea a onim nyansa na ne ho nso yɛ fɛ, nanso na ne kunu a ɔyɛ Kalebni no mpɔw ɛ, na ne suban nso nyɛ fɛ.
Now the name of the man was Nabal; and the name of his wife Abigail. And the woman was intelligent and beautiful, but the man was harsh and evil in his dealings; and the man was a Calebite.
4 Bere a Dawid tee sɛ Nabal retwitwa ne mmoa ho nwi no,
David heard in the wilderness that Nabal was shearing his sheep.
5 ɔsomaa mmrante du kɔɔ ne nkyɛn. Ɔde nkra maa wɔn se,
So David sent ten young men, and said to the young men, "Go up to Carmel, and go to Nabal, and greet him in my name.
6 “Wo nkwa so! Wo ne wo fifo nyinaa nya akwahosan! Na wʼagyapade nyinaa nso saa ara.
Thus you are to say to my brother, 'Peace be to you, and peace be to your house, and peace be to all that you have.
7 “Mate sɛ woretwitwa wo nguan ne mmirekyi ho nwi. Bere a na mo nguanhwɛfo wɔ yɛn nkyɛn ha no, yɛanyɛ wɔn basabasa. Na mmere dodow a wodii wɔ Karmel no nso, wɔn biribiara anyera.
And now, look, I have heard that you have shearers. Now your shepherds have been with us in the wilderness, and we did not hurt them, neither was there anything missing from them, all the while they were in Carmel.
8 Bisa wo ara wʼasomfo na wɔbɛka akyerɛ wo. Yɛaba ha wɔ afahyɛ bere, ɛno nti, mesrɛ wo, ma wo nkoa ne wo ba Dawid biribiara a wo nsa bɛso so.”
Ask your young men, and they will tell you. Therefore let the young men find favor in your eyes; for we come in a good day. Please give whatever comes to your hand, to your servants, and to your son David.'"
9 Dawid mmerante no de nkra no maa Nabal. Afei wɔtwɛnee.
So the young men came and spoke to Nabal according to all those words on David's behalf, but he behaved arrogantly.
10 Nabal buaa Dawid asomfo no se, “Hena ne saa Dawid yi? Saa Yisai babarima yi dwene sɛ ɔne hena? Nnansa yi, asomfo bebree retetew wɔn ho afi wɔn wuranom ho.
Nabal answered David's servants, and said, "Who is David? Who is the son of Jesse? There are many servants who break away from their masters these days.
11 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede me brodo ne me nsu ne mʼaboa a makum no nam a mede rebɛma me nwitwitwafo no ma nnipa a obi nnim faako a wofi?”
Shall I then take my bread, and my wine, and my meat that I have slaughtered for the shearers of my sheep, and give it to men who I do not know where they come from?"
12 Na Dawid mmarima no san kɔe, kɔkaa de Nabal kae no kyerɛɛ no.
So David's young men turned on their way, and went back, and came and told him according to all these words.
13 Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no se, “Momfa mo afoa.” Na Dawid nso faa ne de. Mmarima bɛyɛ sɛ ahannan na wɔkaa Dawid ho kɔe, ɛnna mmarima ahannu nso tena wɛn akode no.
David said to his men, "Every man put on his sword." So every man put on his sword. David also put on his sword. About four hundred men followed David; and two hundred stayed by the baggage.
14 Nabal asomfo no mu baako kɔka kyerɛɛ Nabal yere Abigail se, “Dawid somaa abɔfo fi sare no so sɛ wɔne yɛn wura mmɛkasa, nanso ɔyeyaw wɔn.
But one of the young men told Abigail, Nabal's wife, saying, "Look, David sent messengers out of the wilderness to greet our master; and he railed at them.
15 Nanso Dawid nnipa no ye ma yɛn. Wɔanyɛ yɛn bɔne biara. Bere a yɛne wɔn wɔ hɔ no, wɔamfa yɛn biribiara.
But the men were very good to us, and we were not hurt, nor did we miss anything as long as we went with them, when we were in the fields.
16 Anadwo ne awia nyinaa, na wɔbɔ yɛn ne nguan no ho ban.
They were a wall to us both by night and by day, all the while we were with them keeping the sheep.
17 Enti dwene ho yiye, anyɛ saa a asɛm bɛto yɛn wura ne nʼabusua nyinaa. Ɔyɛ obi a ne koma nye na obiara ntumi nkasa nkyerɛ no.”
Now therefore know and consider what you will do; for evil is determined against our master, and against all his house; for he is such a worthless fellow that one can't speak to him."
18 Abigail ansɛe bere koraa. Ɔfaa brodo mua ahannu, nsa aboa nhoma abien, nguan anum a wɔakum wɔn asiesie wɔn, nkyewe susude anum, bobe ɔfam ɔha ne bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ahannu de soaa mfurum.
Then Abigail hurried and took two hundred loaves of bread, two bottles of wine, five sheep ready dressed, five measures of parched grain, one hundred clusters of raisins, and two hundred cakes of figs, and laid them on donkeys.
19 Na ɔka kyerɛɛ nʼasomfo se, “Munni kan nkɔ. Metiw mo.” Nanso wanka nea na ɔreyɛ no ankyerɛ ne kunu Nabal.
She said to her young men, "Go on before me. Look, I come after you." But she did not tell her husband.
20 Ɔte nʼafurum so nam ara kosii bepɔw bi asiansian mu no, ohuu Dawid nso ne ne mmarima sɛ wɔrehyia no.
It was so, as she rode on her donkey, and came down by the covert of the mountain, that look, David and his men came down toward her; and she met them.
21 Na Dawid aka se, “Mfaso biara nni so sɛ mahwɛ saa onipa yi agyapade so wɔ sare so a ne biribiara anyera. Ɔde bɔne atua me papa a meyɛɛ no no so ka.
Now David had said, "Surely in vain have I kept all that this fellow has in the wilderness, so that nothing was missed of all that pertained to him. He has returned me evil for good.
22 Sɛ ɛba sɛ ɔkyena ne fini barima bi da so te ase a, Onyankopɔn ne me nni no ɔyaw so pa ara.”
God do so to David, and more also, if I leave of all that belongs to him by the morning light so much as one who urinates on a wall."
23 Abigail huu Dawid no, ntɛm ara, ohuruw fii nʼafurum no so sii fam, bɔɔ ne mu ase wɔ nʼanim.
When Abigail saw David, she hurried, and got off from her donkey, and fell before David on her face, and bowed herself to the ground at his feet.
24 Ɔhwee ne nan ase kae se, “Me wura migye saa asɛm yi ho afɔdi nyinaa to me ho so. Mesrɛ wo sɛ, tie asɛm a mewɔ ka.
And she said, "On me, my lord, be the guilt; and please let your servant speak to you directly, and hear the words of your servant.
25 Minim sɛ Nabal yɛ otirimɔdenfo; mesrɛ wo, ntie no. Ɔyɛ ɔkwasea sɛnea ne din kyerɛ no. Na me, wʼafenaa, abɔfo a wosomaa wɔn no, manhu wɔn.
Please do not let my lord regard this worthless fellow, for as his name is, so is he. Nabal is his name, and folly is with him; but I, your servant, did not see the young men whom you sent.
26 Afei, me wura, mpɛn dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase na Awurade amma woamfa awudi ne aweretɔ anhyɛ wo nsam yi, ma mmusu mmra wʼatamfo nyinaa so, sɛnea bi aba Nabal so yi.
Now therefore, my lord, as Jehovah lives, and as your soul lives, since Jehovah has withheld you from blood guiltiness, and from avenging yourself with your own hand, now therefore let your enemies, and those who seek evil to my lord, be as Nabal.
27 Akyɛde a mede abrɛ wo ne wo mmerante no ni.
Now this present which your servant has brought to my lord, let it be given to the young men who follow my lord.
28 “Mesrɛ wo, sɛ mafom a, fa kyɛ me. Akyinnye biara nni ho sɛ Awurade de ofi a nʼahenni ase betim bɛdom wo, efisɛ woreko Awurade ko. Na wonyɛɛ bɔne biara nso wɔ wʼasetena mu.
Please forgive the trespass of your servant. For Jehovah will certainly make my lord a sure house, because my lord fights the battles of Jehovah; and evil shall not be found in you all your days.
29 Na sɛ ɛba sɛ wɔn a wɔpɛ wo kra no taataa wo so a, Awurade, wo Nyankopɔn, begye wo, abɔ wo ho ban sɛnea wɔbɔ ademude ho ban no. Na wʼatamfo nkwa de, ɛbɛyera te sɛ abo a wɔatow fi ahwimmo mu.
Though men may rise up to pursue you, and to seek your soul, yet the soul of my lord shall be bound in the bundle of life with Jehovah your God. He will sling out the souls of your enemies, as from the hollow of a sling.
30 Sɛ Awurade di bɔ a ɔhyɛɛ wo no nyinaa so ma wo, na ɔde wo di Israelhene a,
It shall come to pass, when Jehovah has done to my lord according to all the good that he has spoken concerning you, and shall have appointed you prince over Israel,
31 mma eyi nnyɛ nkekae wɔ wʼabrabɔ mu. Na worensoa wʼahonim adesoa duruduru a efi mogyahwiegu ne aweretɔ a so nni mfaso ho. Na sɛ Awurade yɛ saa nneɛma akɛse yi ma wo a, mesrɛ wo, kae me!”
that this will have no cause of grief or a troubled conscience for my lord, that blood was shed without cause and that my lord has gained victory by his own hand. And when Jehovah has done well with my lord, then remember your servant."
32 Dawid buaa Abigail se, “Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn a wama woabehyia me nnɛ.
David said to Abigail, "Blessed is Jehovah, the God of Israel, who sent you this day to meet me.
33 Da Awurade ase wɔ wʼadwene pa ho. Nhyira nka wo sɛ woamma me ankum ɔbarima no, na woamma mamfa me nsa antɔ were.
Blessed is your discretion, and blessed are you, that have kept me this day from blood guiltiness, and from avenging myself with my own hand.
34 Na meka Awurade, Israel Nyankopɔn a wamma manyɛ wo bɔne no ntam sɛ, sɛ woanka wo ho ammehyia me a, anka ebedu ɔkyena anɔpa no, na Nabal mmarima no mu baako koraa nte ase.”
For indeed, as Jehovah, the God of Israel, lives, who has withheld me from hurting you, unless you had hurried and come to meet me, surely there wouldn't have been left to Nabal by the morning light so much as one who urinates on a wall."
35 Na Dawid gyee nʼakyɛde no, ka kyerɛɛ no se, “San kɔ fie asomdwoe mu. Yɛrenkum wo kunu no.”
So David received of her hand that which she had brought him: and he said to her, "Go up in peace to your house. Look, I have listened to your voice, and have granted your request."
36 Bere a Abigail duu fie no, ohuu sɛ Nabal ato pon kɛse sɛ ɔhene. Na wabow nsa nti, wanka biribiara a ɛfa ɔne Dawid nhyiamu no ho ankyerɛ no kosii adekyee.
Abigail came to Nabal; and look, he held a feast in his house, like the feast of a king. Nabal's heart was merry within him, for he was very drunk. Therefore she told him nothing, less or more, until the morning light.
37 Ade kyee a nʼani so daa hɔ no, Abigail kaa nsɛm a asisi no kyerɛɛ no. Nabal tee nsɛm no, obubu kaa mpa mu.
It happened in the morning, when the wine was gone out of Nabal, that his wife told him these things, and his heart died within him, and he became as a stone.
38 Nnafua du akyi no, Awurade bɔɔ no ma owui.
It happened about ten days after, that Jehovah struck Nabal, so that he died.
39 Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkae se, “Nhyira nka Awurade a watua Nabal ka na wamma mankum no. Nabal anya ne bɔne so akatua.” Na Dawid yɛɛ ntɛm soma kɔɔ Abigail nkyɛn, ma wɔkɔka kyerɛɛ no se ɔbɛware no.
And David heard, and he said, "Blessed is Jehovah, who has taken my side in the matter of Nabal's insult, and has kept back his servant from evil. Jehovah has returned the evildoing of Nabal on his own head." David sent and spoke concerning Abigail, to take her to him as wife.
40 Asomfo no kɔɔ Karmel kɔka kyerɛɛ Abigail se, “Dawid asoma yɛn sɛ yɛmmra mmɛfa wo mmrɛ no sɛ ne yere.”
When the servants of David had come to Abigail to Carmel, they spoke to her, saying, "David has sent us to you, to take you to be his wife."
41 Ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim kyerɛɛ fam kae se, “Yiw, masiesie me ho sɛ mɛsom Dawid asomfo mpo.”
She got up and bowed herself with her face to the ground, and said, "Look, your servant is a lowly servant to wash the feet of your servants."
42 Ntɛm ara, Abigail huruw tenaa nʼafurum so, faa ne mmaawa baanum kaa ne ho, na ɔne Dawid asomfo no kɔe, na ɔbɛyɛɛ Dawid yere.
Then Abigail got up quickly and rode on a donkey, and with five female servants following her; and she followed the messengers of David, and became his wife.
43 Dawid waree Ahinoam a ofi Yesreel, na wɔn baanu bɛyɛɛ ne yerenom.
David also took Ahinoam of Jezreel; and they both became his wives.
44 Na Saulo de ne babea Mikal, Dawid yere, ama ɔbarima bi a ofi Galim a ne din de Palti a na ɔyɛ Lais babarima.
Now Saul had given Mikal his daughter, David's wife, to Palti the son of Laish, who was of Gallim.

< 1 Samuel 25 >