< 1 Samuel 10 >

1 Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, few nʼafono ho, kae se, “Mereyɛ eyi de akyerɛ sɛ Awurade apaw wo sɛ ɔkannifo ama ne man Israel.
Then Samuel took the vial of oil and poured it on his head, then kissed him and said, “Hasn’t the LORD anointed you to be prince over his inheritance?
2 Sɛ wugyaw me ha nnɛ na worekɔ a, wubehyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel da a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hye no. Wɔbɛka akyerɛ wo se, ‘Mfurum a mutuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti mprempren, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwen. Ɔtaa bisa se, “Obi ahu me babarima no ana?”’
When you have departed from me today, then you will find two men by Rachel’s tomb, on the border of Benjamin at Zelzah. They will tell you, ‘The donkeys which you went to look for have been found; and behold, your father has stopped caring about the donkeys and is anxious for you, saying, “What shall I do for my son?”’
3 “Mudu dua kɛse bi a esi Tabor ho a, mubehyia mmarima baasa bi a wofi Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyi mma abiɛsa, ɔbaako nso so brodo mua abiɛsa, na nea ɔka ho no nso so nsa aboa nhoma kotoku baako.
“Then you will go on forward from there, and you will come to the oak of Tabor. Three men will meet you there going up to God to Bethel: one carrying three young goats, and another carrying three loaves of bread, and another carrying a container of wine.
4 Wobekyia mo, na wɔama mo brodo mua abien, na ɛsɛ sɛ mugye fi wɔn nkyɛn.
They will greet you and give you two loaves of bread, which you shall receive from their hand.
5 “Na sɛ mudu Onyankopɔn koko a ɛwɔ Gibea a Filistifo nsraadɔm abɔ pem wɔ hɔ no a, mubehu adiyifo asafodɔm sɛ wofi afɔremuka a ɛwɔ bepɔw no so hɔ resian ba. Ɛhɔ na mubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi bepɔw no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm.
“After that you will come to the hill of God, where the garrison of the Philistines is; and it will happen, when you have come there to the city, that you will meet a band of prophets coming down from the high place with a lute, a tambourine, a pipe, and a harp before them; and they will be prophesying.
6 Saa bere no, Onyankopɔn Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakra ayɛ onipa foforo.
Then the LORD’s Spirit will come mightily on you, then you will prophesy with them and will be turned into another man.
7 Saa nsɛnkyerɛnne yi akyi no, yɛ nea wugye di sɛ eye biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho.
Let it be, when these signs have come to you, that you do what is appropriate for the occasion; for God is with you.
8 Afei, sian di mʼanim kɔ Gilgal na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na sɛ midu hɔ a, mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ bio.”
“Go down ahead of me to Gilgal; and behold, I will come down to you to offer burnt offerings and to sacrifice sacrifices of peace offerings. Wait seven days, until I come to you and show you what you are to do.”
9 Saulo dan ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa ne koma, na Samuel nsɛnkyerɛnne nyinaa baa mu da no.
It was so, that when he had turned his back to go from Samuel, God gave him another heart; and all those signs happened that day.
10 Bere a Saulo ne ne somfo no duu Gibea no, wohuu sɛ adiyifo no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso fii ase hyɛɛ nkɔm.
When they came there to the hill, behold, a band of prophets met him; and the Spirit of God came mightily on him, and he prophesied among them.
11 Bere a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteɛɛ mu se, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ odiyifo? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ odiyifo?”
When all who knew him before saw that, behold, he prophesied with the prophets, then the people said to one another, “What is this that has come to the son of Kish? Is Saul also among the prophets?”
12 Nanso ɛhɔni bi kae se, “Sɛnea nʼagya te de, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ odiyifo.” Enti ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ se, “Enti Saulo nso abɛyɛ odiyifo?”
One from the same place answered, “Who is their father?” Therefore it became a proverb, “Is Saul also among the prophets?”
13 Saulo gyaee adiyi no, ɔforoo bepɔw no kɔɔ afɔremuka no so.
When he had finished prophesying, he came to the high place.
14 Oduu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no se, “Ɛhefa na wokɔe a dedaada yenhuu wo yi?” Saulo buae se, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfurum a wɔayera no, nanso yɛanhu wɔn. Ɛno nti, yɛkɔɔ odiyifo Samuel nkyɛn kobisaa no faako a wɔwɔ.”
Saul’s uncle said to him and to his servant, “Where did you go?” He said, “To seek the donkeys. When we saw that they were not found, we came to Samuel.”
15 Ne wɔfa no bisae se, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkae?”
Saul’s uncle said, “Please tell me what Samuel said to you.”
16 Saulo buae se, “Ɔkae se, wɔahu mfurum no.” Nanso Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wobesi no ɔhene.
Saul said to his uncle, “He told us plainly that the donkeys were found.” But concerning the matter of the kingdom, of which Samuel spoke, he didn’t tell him.
17 Samuel frɛɛ Israelfo nyinaa baa Awurade anim wɔ Mispa,
Samuel called the people together to the LORD to Mizpah;
18 na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni, ‘Mede Israelfo fii Misraim bae, na migyee mo fii Misraim tumi ne wɔn a wodi mo nya no nyinaa ase.’
and he said to the children of Israel, “The LORD, the God of Israel, says ‘I brought Israel up out of Egypt and I delivered you out of the hand of the Egyptians, and out of the hand of all the kingdoms that oppressed you.’
19 Nanso ɛwɔ mu sɛ mayɛ bebree ama mo de, nso moapo me aka se, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti afei, momfa mo mmusuakuw ne mo mmusua mmra Awurade anim.”
But you have today rejected your God, who himself saves you out of all your calamities and your distresses; and you have said to him, ‘No! Set a king over us!’ Now therefore present yourselves before the LORD by your tribes and by your thousands.”
20 Samuel maa Israel mmusuakuw nyinaa bae no, Benyamin abusuakuw na woyii wɔn.
So Samuel brought all the tribes of Israel near, and the tribe of Benjamin was chosen.
21 Afei ɔmaa Benyamin abusuakuw no mu afi nyinaa baa Awurade anim na woyii Matri abusua, na awiei no woyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wonhu baabi a wafa.
He brought the tribe of Benjamin near by their families and the family of the Matrites was chosen. Then Saul the son of Kish was chosen; but when they looked for him, he could not be found.
22 Enti wobisaa Awurade se, “Na ɔwɔ he?” Na Awurade buae se, “Yiw, ɔde ne ho ahintaw nneɛma mu.”
Therefore they asked of the LORD further, “Is there yet a man to come here?” The LORD answered, “Behold, he has hidden himself among the baggage.”
23 Enti wotuu mmirika kɔfaa no bae. Na obegyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so.
They ran and got him there. When he stood among the people, he was higher than any of the people from his shoulders and upward.
24 Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Ɔbarima a Awurade apaw no sɛ mo hene ni. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.” Afei, nnipa no nyinaa bɔ gyee so se, “Ɔhene nkwa so!”
Samuel said to all the people, “Do you see him whom the LORD has chosen, that there is no one like him among all the people?” All the people shouted and said, “Long live the king!”
25 Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahenni no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔkyerɛw guu nhoma mmobɔwee so, de kɔtoo Awurade anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfo no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afi mu.
Then Samuel told the people the regulations of the kingdom, and wrote it in a book and laid it up before the LORD. Samuel sent all the people away, every man to his house.
26 Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea na nnipakuw bi a Onyankopɔn aka wɔn koma de wɔn ho bɛbɔɔ no.
Saul also went to his house in Gibeah; and the army went with him, whose hearts God had touched.
27 Nanso amumɔyɛfo bi kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wobuu no animtiaa a wɔammrɛ no akyɛde biara. Nanso Saulo ammua wɔn.
But certain worthless fellows said, “How could this man save us?” They despised him, and brought him no tribute. But he held his peace.

< 1 Samuel 10 >