< 1 Yohane 2 >

1 Me mma, merekyerɛw eyi abrɛ mo na moanyɛ bɔne; na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ Yesu Kristo ɔtreneeni no a ɔsrɛ wɔ Agya no hɔ ma yɛn.
My dear children! these things, am I writing unto you, in order that ye may not be committing sin. And, if anyone should commit sin, an Advocate, have we, with the Father, Jesus Christ, the Righteous;
2 Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho mpata na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne.
And, he, is, a propitiation, concerning our sins, —and, not concerning our own only, but, also concerning those of the whole world.
3 Sɛ yedi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yenim no.
And, hereby, perceive we, that we understand him, —if, his commandments, we are keeping.
4 Sɛ obi ka se, “Minim no,” nanso onni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofo a nokware nni ne mu.
He that saith—I understand him! And, his commandments, is not keeping, is false, and, in him, the truth is not!
5 Na sɛ obi tie nʼasɛm a, na nokware dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no wie pɛyɛ wɔ ne mu. Eyi na ɛma yehu sɛ yɛte ne mu.
But whosoever may be keeping his word, of a truth, in this man, the love of God hath been made perfect. Hereby, perceive we, that, in him, we are.
6 Na ɛsɛ sɛ nea ose ɔte ne mu no biara di Yesu Kristo anammɔn akyi.
He that saith, that, in him, he abideth, ought, just as He walked, himself also, to be walking.
7 Anuanom, saa mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforo. Ɛyɛ mmara dedaw a moate fi mfiase pɛɛ no. Mmara dedaw no yɛ ade a moate ho asɛm dedaw.
Beloved! no new commandment, am I writing unto you; but an old commandment, which ye have been holding from the beginning: The old commandment is the word which ye have heard.
8 Nanso mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi yɛ foforo na mu nokware no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Sum no retwa mu na hann papa no gu so rehyerɛn.
Again, a new commandment, am I writing unto you, —which thing is true, in him and in you, because, the darkness, is passing away, and, the real light, already is shining.
9 Obiara a ɔka se ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtan ne nua no wɔ sum mu besi saa dɔnhwerew yi mu.
He that saith he is, in the light, and hateth, his brother, is, in the darkness, until even now!
10 Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforo ayɛ bɔne.
He that loveth his brother, is abiding, in the light, and, cause of stumbling, in him, is there none.
11 Nanso obiara a ɔtan ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a onnim faako a ɔrekɔ, efisɛ sum no afura nʼani.
Whereas, he that hateth his brother, in the darkness, dwelleth, and in the darkness, walketh; and knoweth not whither he is drifting, because the, darkness, hath blinded his eyes.
12 Me mma, merekyerɛw mo, efisɛ esiane Kristo din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.
I write unto you, dear children, because your sins have been forgiven you, for the sake of his name:
13 Agyanom, merekyerɛw mo, efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no. Mmabun, merekyerɛw mo, efisɛ moadi ɔbonsam so.
I write unto you, fathers, because ye understand him who was from the beginning: I write unto you, young men, because ye have overcome the wicked one. I have written unto you, little children, because ye understand the Father:
14 Mma, merekyerɛw mo, efisɛ munim Agya no. Agyanom, merekyerɛw mo, efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no. Mmabun, merekyerɛw mo, efisɛ mowɔ ahoɔden. Onyankopɔn asɛm no te mo mu na moadi ɔbonsam so.
I have written unto you, fathers, because ye understand him who was from the beginning: I have written you, young men, because ye are, strong, and the word of God, within you, abideth, and ye have overcome the wicked one.
15 Monnnɔ wiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ wiase de. Sɛ modɔ wiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no.
Be not loving the world, nor yet the things that are in the world: if anyone be loving the world, the love of the Father is not in him.
16 Biribiara a ɛyɛ wiase de; ɔhonam akɔnnɔ, nea nnipa hu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ wiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, mu biara mfi Agya no. Ne nyinaa fi wiase.
Because, all that is in the world—the coveting of the flesh, the coveting of the eyes, and the vain grandeur of life—is not of the Father, but is, of the world;
17 Wiase ne mu akɔnnɔde retwa mu, nanso nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa. (aiōn g165)
And, the world, passeth away, and the coveting [thereof], but, he that doeth the will of God, endureth unto times age-abiding. (aiōn g165)
18 Me mma, awiei no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo se Kristo Tamfo no bɛba, nanso mprempren, Kristo atamfo bebree ada wɔn ho adi, enti yɛahu sɛ ampa awiei no abɛn.
Little children! it is, the last hour; and, just as ye have heard that, an antichrist, is coming, even now, antichrists have become, many, whence we perceive that it is, the last hour:
19 Nokware, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno nti na wogyaw yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenae. Nanso wogyaw yɛn hɔ, sɛnea wubehu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho.
From among us, they went out, but they were not of us; for, if, of us, they had been, they would in that case have abode with us; but [it came to pass] in order that they might be made manifest, because, all, are not of us.
20 Mo de, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokware no.
And, ye, have, an anointing, from the Holy One, —Ye all, know:
21 Ɛnyɛ sɛ munnim nokware no nti na makyerɛw saa krataa yi, na mmom munim na munim nso sɛ, atoro biara mfi nokware mu mma.
I have not written unto you because ye know not the truth, but because ye know it, and because, no falsehood, is, of the truth.
22 Afei hena ne ɔtorofo? Ɛyɛ obi a ɔka se Yesu nyɛ Kristo no. Oyi ne Kristo tamfo. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa.
Who, is the False One; —save he that denieth that, Jesus, is the Christ? The same, is the Antichrist, —he that denieth the Father and the Son.
23 Obiara nni hɔ a ɔpo Ɔba no na ɔwɔ Agya no; nea ogye Ɔba no to mu biara wɔ Agya no nso.
Whosoever denieth the Son, neither hath he, the Father: He that confesseth the Son, hath, the Father also.
24 Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee mfiase no nsie mo koma mu. Sɛ mode asɛm a motee mfiase no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no benya ayɔnkofa.
As for you, what ye have heard from the beginning, in you, let it abide. If, in you, shall abide, that which, from the beginning, ye have heard, ye also, in the Son, and [in] the Father, shall abide.
25 Na eyi na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a enni awiei no. (aiōnios g166)
And, this, is the promise, which he hath promised unto us, —The age-abiding life. (aiōnios g166)
26 Mekyerɛw mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo no ho.
These things, have I written unto you, concerning them who would lead you astray.
27 Na mo de, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmere dodow a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforo bɛkyerɛkyerɛ mo. Efisɛ ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na nea ɔkyerɛ no nso yɛ nokware; ɛnyɛ atoro. Muntie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu.
And, as for you, the anointing which ye have received from him, abideth in you, and ye have, no need, that anyone be teaching you; but, as, his anointing, is teaching you, and is, true, and is no falsehood, even just as it hath taught you, abide ye in him.
28 Me mma, montena ne mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔba a, yebenya akokoduru na yɛmfa aniwu nkohintaw da a ɔbɛba no.
And, now, dear children, abide ye in him, in order that, if he be made manifest, we may have boldness, and not be shamed away from him by his presence.
29 Munim sɛ Kristo yɛ ɔtreneeni. Na ɛsɛ sɛ muhu sɛ obiara a ɔyɛ ade trenee no yɛ Onyankopɔn ba.
If ye know that he is, righteous, ye perceive that—whosoever doeth righteousness, of him, hath been born.

< 1 Yohane 2 >