< 1 Beresosɛm 24 >

1 Sɛnea wɔkyekyɛɛ Aaron asefo a wɔyɛ asɔfo no mu akuwakuw ma wɔsom no ni: Na Aaron mmabarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
These were the divisions of the sons of Aaron. The sons of Aaron: Nadab and Abihu, Eleazar and Ithamar.
2 Nanso Nadab ne Abihu wui a wonni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti ɛkaa Eleasar ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfo.
But Nadab and Abihu died before their father, and had no children: therefore Eleazar and Ithamar executed the priest's office.
3 Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasar aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boae no nti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefo mu akuwakuw sɛnea wɔn dwumadi te.
David with Zadok of the sons of Eleazar, and Ahimelech of the sons of Ithamar, divided them according to their ordering in their service.
4 Wɔkyɛɛ Itamar de mu akuw awotwe, efisɛ na Eleasar asefo mu mmusua mpanyimfo no dɔɔso.
There were more chief men found among the sons of Eleazar than of the sons of Ithamar; so they were divided like this: of the sons of Eleazar there were sixteen heads according to their ancestral houses, and eight according to their ancestral houses among the sons of Ithamar.
5 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadi ahorow nyinaa maa akuwakuw no, sɛnea ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Efisɛ na mpanyimfo bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasar ne Itamar asefo no nso wɔ hɔ.
And thus were they divided impartially by drawing lots; for there were officiers of the sanctuary, and officiers of God, both of the descendants of Eleazar, and of the descendants of Ithamar.
6 Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo. Ɔkyerɛw din ne nnwuma ahorow wɔ ɔhene no ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfo no ne Lewi mmusua no mpanyimfo anim. Eleasar ne Itamar asefo bobɔɔ ntonto sɛnea edidi so yi:
And Shemaiah the son of Nethanel the scribe, who was of the Levites, wrote them in the presence of the king, and the officiers, and Zadok the priest, and Ahimelech the son of Abiathar, and the heads of the ancestral houses of the priests and of the Levites; one fathers' house being taken for Eleazar and one being taken for Ithamar.
7 Ntonto a edi kan no bɔɔ Yehoiarib. Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Yedaia.
Now the first lot came forth to Jehoiarib, the second to Jedaiah,
8 Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Harim. Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Seorim.
the third to Harim, the fourth to Seorim,
9 Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Malkia. Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Miyamin.
the fifth to Malchijah, the sixth to Mijamin,
10 Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Hakos. Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Abia.
the seventh to Hakkoz, the eighth to Abijah,
11 Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Yesua. Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Sekania.
the ninth to Jeshua, the tenth to Shecaniah,
12 Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Eliasib. Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Yakim.
the eleventh to Eliashib, the twelfth to Jakim,
13 Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa. Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Yesebeab.
the thirteenth to Huppah, the fourteenth to Jeshbaal,
14 Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Bilga. Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Imer.
the fifteenth to Bilgah, the sixteenth to Immer,
15 Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Hesir. Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hapises.
the seventeenth to Hezir, the eighteenth to Happizzez,
16 Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Petahia. Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Yeheskel.
the nineteenth to Pethahiah, the twentieth to Jehezkel,
17 Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Yakin. Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gamul.
the twenty-first to Jakin, the twenty-second to Gamul,
18 Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Delaia. Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Maasia.
the twenty-third to Delaiah, the twenty-fourth to Maaziah.
19 Kuw biara dii ne dwuma wɔ Awurade fi sɛnea wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Nyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.
This was their ordering in their service, to come into the house of Jehovah according to the ordinance given to them by Aaron their father, as Jehovah, the God of Israel, had commanded him.
20 Eyinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefo no mpanyimfo: Amram asefo ntuanoni ne Subael. Subael asefo ntuanoni ne Yehdeia.
Of the rest of the sons of Levi: of the sons of Amram, Shubael; of the sons of Shubael, Jehdeiah.
21 Rehabia asefo ntuanoni ne Yisia.
Of Rehabiah: of the sons of Rehabiah, Isshiah the chief.
22 Yishar asefo ntuanoni ne Selomot. Selomot asefo ntuanoni ne Yahat.
Of the Izharites, Shelomoth; of the sons of Shelomoth, Jahath.
23 Hebron asefo ntuanofo ne: Yeria; Amaria ne nʼabediakyiri, Yahasiel na ɔto so abiɛsa na Yekameam to so anan.
The sons of Hebron: Jeriah, Amariah the second, Jahaziel the third, Jekameam the fourth.
24 Usiel asefo ntuanoni ne Mika. Mika asefo ntuanoni ne Samir
The sons of Uzziel, Micah; of the sons of Micah, Shamir.
25 ne Mika nuabarima Yisia. Yisia asefo ntuanoni ne Sakaria.
The brother of Micah, Isshiah; of the sons of Isshiah, Zechariah.
26 Merari asefo ntuanofo ne Mahli ne Musi. Yasia asefo ntuanoni ne Beno.
The sons of Merari: Mahli and Mushi; of his sons: Jaaziah his son.
27 Merari asefo a wofi Yasia mu no, ntuanofo no ne: Beno, Soham, Sakur ne Ibri.
The sons of Merari by Jaaziah his son: Shoham, and Zakkur, and Ibri.
28 Mahli asefo ntuanoni ne Eleasar a na onni mmabarima no.
Of Mahli: Eleazar, who had no sons.
29 Kis asefo ntuanoni ne Yerahmeel.
Of Kish; the sons of Kish: Jerahmeel.
30 Musi asefo ntuanofo ne Mahli, Eder ne Yerimot. Eyinom ne Lewi asefo ne sɛnea wɔn mmusua te.
The sons of Mushi: Mahli, and Eder, and Jerimoth. These were the sons of the Levites after their fathers' houses.
31 Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefo de no, a wɔanhwɛ mfe a wɔadi ne wɔn dibea. Wodii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfo ne Lewifo mmusua mpanyimfo no anim.
These likewise cast lots even as their kinsmen the descendants of Aaron in the presence of David the king, and Zadok, and Ahimelech, and the heads of the ancestral houses of the priests and of the Levites; the ancestral houses of the chief even as those of his younger brother.

< 1 Beresosɛm 24 >