< 1 Beresosɛm 13 >

1 Dawid ne ne mpanyimfo a nʼasraafo so asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina.
Iniit autem consilium David cum tribunis, et centurionibus, et universis principibus,
2 Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa se, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Nyankopɔn pɛ a, momma yɛmfa nkra nkɔma Israelfo a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ nkurow so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho.
et ait ad omnem cœtum Israel: Si placet vobis: et a Domino Deo nostro egreditur sermo, quem loquor: mittamus ad fratres nostros reliquos in universas regiones Israel, et ad Sacerdotes, et Levitas, qui habitant in suburbanis urbium, ut congregentur ad nos,
3 Bere adu sɛ yɛsan de yɛn Nyankopɔn Apam Adaka no ba, efisɛ Saulo ahenni bere so no, yɛampɛ anhwɛ.”
et reducamus arcam Dei nostri ad nos: non enim requisivimus eam in diebus Saul.
4 Bagua no penee saa asɛm yi so efisɛ wohuu sɛ, wɔyɛ saa a, eye.
Et respondit universa multitudo ut ita fieret: placuerat enim sermo omni populo.
5 Enti Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, efi ɔman no ti kosi ti, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfi Kiriat-Yearim mmra.
Congregavit ergo David cunctum Israel a Sihor Ægypti, usque dum ingrediaris Emath, ut adduceret arcam Dei de Cariathiarim.
6 Afei, Dawid ne Israelfo no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ kerubim ntam na Awurade din da so no aba.
Et ascendit David, et omnis vir Israel ad collem Cariathiarim, qui est in Iuda, ut afferret inde arcam Domini Dei sedentis super cherubim, ubi invocatum est nomen eius.
7 Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforo so de fii Abinadab fi a Usa ne Ahio rekyerɛ kwan.
Imposueruntque arcam Dei super plaustrum novum, de domo Abinadab: Oza autem, et frater eius minabant plaustrum.
8 Dawid ne Israelfo nyinaa fii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahorow a bi yɛ asanku, mmɛnta, akasae, nnawuru ne ntorobɛnto dii ahurusi, Onyankopɔn anim.
Porro David, et universus Israel ludebant coram Deo omni virtute in canticis, et in citharis, et psalteriis, et tympanis, et cymbalis, et tubis.
9 Nanso woduu Nakon awiporowbea no, anantwi no anan toto maa Usa teɛɛ ne nsa sɛ ɔreteɛ Apam Adaka no.
Cum autem pervenisset ad Aream Chidon, tetendit Oza manum suam, ut sustentaret arcam: bos quippe lasciviens paululum inclinaverat eam.
10 Ɛhɔ na Awurade abufuw sɔre tiaa Usa ma owui, efisɛ ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara.
Iratus est itaque Dominus contra Ozam, et percussit eum, eo quod tetigisset arcam: et mortuus est ibi coram Domino.
11 Dawid bo fuwii, efisɛ Awurade abufuw atia Usa. Ɔtoo beae hɔ din Peres-Usa a wɔda so frɛ hɔ saa de besi nnɛ.
Contristatusque est David, eo quod divisisset Dominus Ozam: vocavitque locum illum: Divisio Ozæ usque in præsentem diem.
12 Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na obisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?”
Et timuit Deum tunc temporis, dicens: Quo modo possum ad me introducere arcam Dei?
13 Enti Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ ɔnna mmfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kurow no mu. Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fi wɔ Gat.
Et ob hanc causam non adduxit eam ad se, hoc est, in Civitatem David, sed avertit in domum Obededom Gethæi.
14 Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafo nkyɛn asram abiɛsa. Na Awurade hyiraa no ne ne fifo nyinaa.
Mansit ergo arca Dei in domo Obededom tribus mensibus: et benedixit Dominus domui eius, et omnibus quæ habebat.

< 1 Beresosɛm 13 >