< Ezgiler Ezgisi 8 >

1 Keşke kardeşim olsaydın, Annemin memelerinden süt emmiş. Dışarıda görünce öperdim seni, Kimse de kınamazdı beni.
Sɛ anka woyɛɛ me nuabarima a wonum me maame nufu ano, ɛna mehunuu wo wɔ abɔntene so a, anka mɛfe wʼano, a obiara ntumi mmu me animtiaa.
2 Önüne düşer, Beni eğiten Annemin evine götürürdüm seni; Sana baharatlı şarapla Kendi narlarımın suyundan içirirdim.
Anka mɛdi wʼanim na mede wo aba me maame efie, ɔno a woakyerɛkyerɛ me. Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu, me ateaa mu nsuo dɔkɔ dɔkɔ no bi.
3 Sol eli başımın altında, Sağ eli sarsın beni.
Ne nsa benkum da mʼatikɔ na ne nsa nifa aka me afam ne bo.
4 Ant içiriyorum size, ey Yeruşalim kızları! Aşkımı ayıltmayasınız, uyandırmayasınız diye, Gönlü hoş olana dek.
Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ, morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.
5 Kim bu, Sevgilisine yaslanarak çölden çıkan? Elma ağacı altında uyandırdım seni, Orada doğum sancıları çekti annen, Orada doğum sancıları çekip doğurdu seni.
Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba a ɔtwere ne dɔfoɔ kokom yi? Ababaawa: Mekanyanee wo wɔ aprɛ dua no ase; ɛhɔ na wo maame nyinsɛnee woɔ, ɛhɔ na deɛ ɔkoo awoɔ no woo woɔ.
6 Beni yüreğinin üzerine bir mühür gibi, Kolunun üzerine bir mühür gibi yerleştir. Çünkü sevgi ölüm kadar güçlü, Tutku ölüler diyarı kadar katıdır. Alev alev yanar, Yakıp bitiren ateş gibi. (Sheol h7585)
Fa me to wʼakoma so sɛ nsɔanodeɛ, sɛ nsɔanodeɛ wɔ wʼabasa so, ɛfiri sɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owuo, ne ninkunutweɛ tim hɔ sɛ damena. Ɛhyehye sɛ ogyadɛreɛ, sɛ ogyaframa a ano yɛ den pa ara. (Sheol h7585)
7 Sevgiyi engin sular söndüremez, Irmaklar süpürüp götüremez. İnsan varını yoğunu sevgi uğruna verse bile, Yine de hor görülür!
Nsuo dodoɔ rentumi nnum ɔdɔ; nsubɔntene rentumi nhohoro nkɔ. Sɛ obi de ne fie ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a anka wɔremmu no adeɛ a ɛsom bo.
8 Küçük bir kızkardeşimiz var, Daha memeleri çıkmadı. Ne yapacağız kızkardeşimiz için, Söz kesileceği gün?
Yɛwɔ nuabaa akumaa bi a, ne nufu mmobɔeɛ. Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa yi wɔ da a wɔbɛbisa no ase?
9 Eğer o bir sursa, Üzerine gümüş mazgallı siper yaparız; Eğer bir kapıysa, Sedir tahtalarıyla onu kaplarız.
Sɛ ɔyɛ ɔfasuo a, yɛbɛsi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban. Sɛ ɔyɛ ɛpono a, yɛde ntweneduro bɛsi ne ɛpono no kwan.
10 Ben bir surum, memelerim de kuleler gibi, Böylece hoşnut eden biri oldum onun gözünde.
Meyɛ ɔfasuo, na me nufu te sɛ abantenten. Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi a ɔde deɛ ɛsɔ ani reba.
11 Süleyman'ın bağı vardı Baal-Hamon'da, Kiraya verdi bağını; Her biri bin gümüş öderdi ürünü için.
Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon; ɔde ne bobeturo no maa apaafoɔ. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua no nnwetɛbena apem.
12 Benim bağım kendi emrimde, Bin gümüş senin olsun, ey Süleyman, İki yüz gümüş de ürününe bakan kiracıların.
Nanso me bobeturo yi yɛ me dea. Me deɛ, meremfa mma; Salomo de ne deɛ gye nnwetɛbena apem, na ɔtua nʼapaafoɔ nnwetɛbena ahaanu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.
13 Ey sen, bahçelerde oturan kadın, Arkadaşlar kulak veriyor sesine, Bana da duyur onu.
Wo a wote turo no mu ne nnamfonom a wɔka wo ho, ma mente wo nne.
14 Koş, sevgilim, Mis kokulu dağların üzerinde bir ceylan gibi, Geyik yavrusu gibi ol!
Bra ma yɛnkɔ, me dɔfoɔ, na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ ba anaasɛ ɔforoteɛ ba a ɔwɔ mmepɔ a nnuhwam ahyɛ so ma so.

< Ezgiler Ezgisi 8 >