< Romalilar 4 >

1 Şu halde soyumuzun atası İbrahim'in durumu için ne diyelim?
Ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn tete agya Abraham ho? Osuahunu bɛn na ɔnyaeɛ?
2 Eğer İbrahim yaptığı iyi işlerden dolayı aklandıysa, övünmeye hakkı vardır; ama Tanrı'nın önünde değil.
Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛeɛ so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso, ɔrentumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim.
3 Kutsal Yazı ne diyor? “İbrahim Tanrı'ya iman etti, böylece aklanmış sayıldı.”
Atwerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni no.”
4 Çalışana verilen ücret lütuf değil, hak sayılır.
Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wɔbu nʼakatua no sɛ akyɛdeɛ, na mmom, ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya.
5 Ancak çalışmayan, ama tanrısızı aklayana iman eden kişi imanı sayesinde aklanmış sayılır.
Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa yɛ na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfoɔ to mu ɛfiri sɛ wɔwɔ gyidie wɔ ne mu.
6 Nitekim, iyi işlerine bakmaksızın Tanrı'nın aklanmış saydığı kişinin mutluluğunu Davut da şöyle anlatır:
Dawid ka asɛm korɔ no ara sɛ, nhyira a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfiri nnipa nnwuma mu. Ɛno enti Dawid kaa sɛ:
7 “Ne mutlu suçları bağışlanmış, Günahları örtülmüş olanlara!
“Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so.
8 Günahı Rab tarafından sayılmayana ne mutlu!”
Nhyira nka onipa a AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da.”
9 Bu mutluluk yalnız sünnetliler için mi, yoksa aynı zamanda sünnetsizler için midir? Diyoruz ki, “İbrahim, imanı sayesinde aklanmış sayıldı.”
Saa anigyeɛ a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafoɔ nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wɔntwaa twetia no; ɛfiri sɛ, yɛakenkan afiri Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni.”
10 Hangi durumda aklanmış sayıldı? Sünnet olduktan sonra mı, sünnetsizken mi? Sünnetliyken değil, sünnetsizken...
Ɛberɛ bɛn na saa asɛm yi siiɛ? Ɛsiiɛ ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ? Ɛsiiɛ ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ.
11 İbrahim daha sünnetsizken imanla aklandığının kanıtı olarak sünnet işaretini aldı. Öyle ki, sünnetsiz oldukları halde iman edenlerin hepsinin babası olsun, böylece onlar da aklanmış sayılsın.
Akyire no na wɔtwaa no twetia, na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wɔgye Onyankopɔn di nyinaa na wɔagye wɔn sɛ ateneneefoɔ a nso wɔntwaa wɔn twetia.
12 Böylelikle atamız İbrahim, yalnız sünnetli olmakla kalmayan, ama kendisi sünnetsizken sahip olduğu imanın izinden yürüyen sünnetlilerin de babası oldu.
Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidie sɛdeɛ na Abraham wɔ gyidie ansa na wɔretwa no twetia no.
13 Çünkü İbrahim'e ve soyuna dünyanın mirasçısı olma vaadi Kutsal Yasa yoluyla değil, imandan gelen aklanma yoluyla verildi.
Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefoɔ bɔ sɛ wɔbɛyɛ ewiase adedifoɔ, mmom ɛnam tenenee a ɛfiri gyidie mu so.
14 Eğer Yasa'ya bağlı olanlar mirasçı olursa, iman boş ve vaat geçersizdir.
Sɛ wɔn a wɔdi Mmara so yɛ adedifoɔ a, ɛnneɛ na gyidie nka hwee, na bɔhyɛ no nso ho nni mfasoɔ,
15 Yasa, Tanrı'nın gazabına yol açar. Ama yasanın olmadığı yerde yasaya karşı gelmek de söz konusu değildir.
ɛfiri sɛ mmara de abufuhyeɛ ba. Na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ.
16 Bu nedenle vaat, Tanrı'nın lütfuna dayanmak ve İbrahim'in bütün soyu için güvence altına alınmak üzere imana bağlı kılınmıştır. İbrahim'in soyu yalnız Kutsal Yasa'ya bağlı olanlar değil, aynı zamanda İbrahim'in imanına sahip olanlardır. “Seni birçok ulusun babası yaptım” diye yazılmış olduğu gibi İbrahim, iman ettiği Tanrı'nın –ölülere yaşam veren, var olmayanı buyruğuyla var eden Tanrı'nın– gözünde hepimizin babasıdır.
Enti bɔhyɛ no firi gyidie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛfiri adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefoɔ nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidie sɛ Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya.
Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, ɛfiri sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufoɔ nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforɔ firi deɛ ɛnni hɔ mu diiɛ.
18 İbrahim umutsuz bir durumdayken birçok ulusun babası olacağına umutla iman etti. “Senin soyun böyle olacak” sözüne güveniyordu.
Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ, “Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ” no.
19 Yüz yaşına yaklaşmışken, ölü denebilecek bedenini ve Sara'nın ölü rahmini düşündüğünde imanı zayıflamadı.
Abraham gyidie anhinhim ɛberɛ a na ɔreyɛ adi mfeɛ ɔha no mpo. Na ɔnim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma.
20 İmansızlık edip Tanrı'nın vaadinden kuşkulanmadı; tersine, imanı güçlendi ve Tanrı'yı yüceltti.
Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ. Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn.
21 Tanrı'nın vaadini yerine getirecek güçte olduğuna tümüyle güvendi.
Na ɔgye dii yie sɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ ho bɔ no.
22 Bunun için de aklanmış sayıldı.
Yei enti wɔbuu no sɛ tenenee maa no.
23 “Aklanmış sayıldı” sözü, yalnız onun için değil, aklanmış sayılacak olan bizler –Rabbimiz İsa'yı ölümden dirilten Tanrı'ya iman eden bizler– için de yazıldı.
Wɔtwerɛɛ sɛ, “Wɔbuu no sɛ tenenee maa no” no, wɔantwerɛ amma ɔno nko ara.
Na mmom wɔtwerɛ maa yɛn nso a Onyankopɔn bɛbu yɛn sɛ ateneneefoɔ, yɛn a yɛgye deɛ ɔnyanee Yesu, yɛn Awurade, firii awufoɔ mu die no.
25 İsa suçlarımız için ölüme teslim edildi ve aklanmamız için diriltildi.
Yɛn bɔne enti, wɔyii no maa owuo, na wɔnyanee no maa yɛn bembuo.

< Romalilar 4 >