< Vahiy 4 >

1 Bundan sonra gökte açık duran bir kapı gördüm. Benimle konuştuğunu işittiğim, borazan sesine benzeyen ilk ses şöyle dedi: “Buraya çık! Bundan sonra olması gereken olayları sana göstereyim.”
Eyi akyi no, mehwɛ huu ɔpon a abue wɔ ɔsoro. Na nne bi akasa akyerɛ me pɛn na nnyigyei a ɛte sɛ torobɛnto no kae se, “Foro bra ha, na mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ esi wɔ eyi akyi.”
2 O anda Ruh'un etkisinde kalarak gökte bir taht ve tahtta oturan birini gördüm.
Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahengua bi si ɔsoro hɔ a obi te so.
3 Tahtta oturanın, yeşim ve kırmızı akik taşına benzer bir görünüşü vardı. Zümrüdü andıran bir gökkuşağı tahtı çevreliyordu.
Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia.
4 Tahtın çevresinde yirmi dört ayrı taht vardı. Bu tahtlara başlarında altın taçlar olan, beyaz giysilere bürünmüş yirmi dört ihtiyar oturmuştu.
Na ahengua nketewa aduonu anan atwa ahengua kɛse no ho ahyia a mpanyimfo aduonu anan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw.
5 Tahttan şimşekler çakıyor, uğultular, gök gürlemeleri işitiliyordu. Tahtın önünde alev alev yanan yedi meşale vardı. Bunlar Tanrı'nın yedi ruhudur.
Na anyinam ne aprannaa bobɔ mu fi ahengua no mu. Na akanea ason a wɔasosɔ redɛw wɔ ahengua no anim. Eyinom yɛ Onyankopɔn ahonhom ason.
6 Tahtın önünde billur gibi, sanki camdan bir deniz vardı. Tahtın ortasında ve çevresinde, önü ve arkası gözlerle kaplı dört yaratık duruyordu.
Na biribi te sɛ ahwehwɛ po a ɛyɛ kurunnyenn sɛ ahwehwɛ da ahengua no anim. Mfimfini hɔ na ateasefo baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi na wɔatwa ahengua no ho ahyia wɔ.
7 Birinci yaratık aslana, ikincisi danaya benziyordu. Üçüncü yaratığın yüzü insan yüzü gibiydi. Dördüncü yaratık uçan bir kartalı andırıyordu.
Na ɔteasefo a odi kan no te sɛ gyata; nea ɔto so abien no te sɛ nantwi ba; nea ɔto so abiɛsa no anim te sɛ onipa; na nea ɔto so anan no te sɛ ɔkɔre a ɔretu.
8 Dört yaratığın her birinin altışar kanadı vardı. Yaratıkların her yanı, kanatlarının alt tarafı bile gözlerle kaplıydı. Gece gündüz durup dinlenmeden şöyle diyorlar: “Kutsal, kutsal, kutsaldır, Her Şeye Gücü Yeten Rab Tanrı, Var olmuş, var olan ve gelecek olan.”
Na ateasefo baanan no mu biara wɔ ntaban asia a ani tuatua akyi ne anim nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom se,
9 Yaratıklar tahtta oturanı, sonsuzluklar boyunca yaşayanı yüceltip ona saygı ve şükran sundukça, (aiōn g165)
Saa ateasefo baanan no to nnwom de hyɛ nea ɔte ahengua no so a ɔte hɔ daa daa no anuonyam, de ma no nidi, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, (aiōn g165)
10 yirmi dört ihtiyar tahtta oturanın, sonsuzluklar boyunca yaşayanın önünde yere kapanarak O'na tapınıyorlar. Taçlarını tahtın önüne koyarak şöyle diyorlar: (aiōn g165)
mpanyimfo aduonu anan no butubutuw nea ɔte ahengua no so no anim som nea ɔte hɔ daa daa no. Wɔtow wɔn ahenkyɛw gu ahengua no anim ka se: (aiōn g165)
11 “Rabbimiz ve Tanrımız! Yüceliği, saygıyı, gücü almaya layıksın. Çünkü her şeyi sen yarattın; Hepsi senin isteğinle yaratılıp var oldu.”
“Yɛn Awurade ne Nyankopɔn, wofata sɛ wunya anuonyam, nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu nti na wɔte hɔ.”

< Vahiy 4 >