< Vahiy 3 >

1 “Sart'taki kilisenin meleğine yaz. Tanrı'nın yedi ruhuna ve yedi yıldıza sahip olan şöyle diyor: ‘Yaptıklarını biliyorum. Yaşıyorsun diye ad yapmışsın, ama ölüsün.
“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri deɛ ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no nkyɛn. Menim deɛ woreyɛ. Menim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu.
2 Uyan! Geriye kalan ve ölmek üzere olan ne varsa güçlendir. Çünkü yaptıklarının Tanrım'ın önünde tamamlanmamış olduğunu gördüm.
Enti nyane, na kanyane deɛ aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Ɛfiri sɛ, mahunu sɛ deɛ woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim.
3 Bu nedenle neler aldığını, neler işittiğini anımsa. Bunları yerine getir, tövbe et! Eğer uyanmazsan, hırsız gibi geleceğim. Hangi saatte geleceğimi hiç bilemeyeceksin.
Kae deɛ wɔkyerɛɛ wo no ne sɛdeɛ woteeɛ no. Di so na twe wo ho firi wo bɔne ho. Sɛ woankanyane wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfoɔ, na worenhunu ɛberɛ ko a mɛba.
4 Ama Sart'ta, aranızda giysilerini lekelememiş birkaç kişi var ki, beyazlar içinde benimle birlikte yürüyecekler. Çünkü buna layıktırlar.
Nanso, mo mu kakra bi a wɔwɔ Sardi no mfaa ewiase nkekaeɛ nkekaa wɔn ntadeɛ mu. Wɔne me bɛnante a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa, ɛfiri sɛ, ɛsɛ wɔn sɛ wɔyɛ saa.
5 Galip gelen böylece beyaz giysiler giyecek. Onun adını yaşam kitabından hiç silmeyeceğim. Babam'ın ve meleklerinin önünde o kişinin adını açıkça anacağım.
Deɛ ɔbɛdi nkonim no, wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa, na merentwa ne din mfiri ateasefoɔ nwoma no mu. Na mɛda ne din adi wɔ mʼAgya no ne nʼabɔfoɔ anim sɛ ɔyɛ me dea.
6 Kulağı olan, Ruh'un kiliselere ne dediğini işitsin.’”
Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.
7 “Filadelfya'daki kilisenin meleğine yaz. Kutsal ve gerçek olan, Davut'un anahtarına sahip olan, açtığını kimsenin kapayamadığı, kapadığını kimsenin açamadığı kişi şöyle diyor:
“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Filadelfia no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri deɛ ɔyɛ kronkron na ɔyɛ nokorɛ na ɔkura Dawid safoa no nkyɛn. Deɛ ɔbue a, obi ntumi nto mu na sɛ ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no.
8 ‘Yaptıklarını biliyorum. İşte önüne kimsenin kapayamayacağı açık bir kapı koydum. Gücünün az olduğunu biliyorum; yine de sözüme uydun, adımı yadsımadın.
Menim deɛ woyɛ. Menim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so, nam so adi me nokorɛ. Mabue ɛpono bi wɔ wʼanim a obi ntumi nto mu.
9 Bak, Şeytan'ın havrasından olanları, Yahudi olmadıkları halde Yahudi olduklarını ileri süren yalancıları öyle edeceğim ki, gelip ayaklarına kapanacak, benim seni sevdiğimi anlayacaklar.
Tie! Ekuo a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofoɔ a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abɛbu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa bɛhunu sɛ medɔ wo.
10 Sözüme uyarak sabırla dayandın. Ben de yeryüzünde yaşayanları denemek için bütün dünyanın üzerine gelecek olan denenme saatinden seni esirgeyeceğim.
Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ enti, sɛ ɔhaw a ɛreba ewiase nyinaa de asɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, mɛgye wo afiri mu.
11 Tez geliyorum. Tacını kimse elinden almasın diye sahip olduğuna sımsıkı sarıl.
Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapadeɛ, na obi anwia wo nkonim abotire no.
12 Galip geleni Tanrım'ın Tapınağı'nda sütun yapacağım. Böyle biri artık oradan hiç ayrılmayacak. Onun üzerine Tanrım'ın adını, Tanrım'a ait kentin –gökten Tanrım'ın yanından inen yeni Yeruşalim'in– adını ve benim yeni adımı yazacağım.
Deɛ ɔbɛdi nkonim no, mɛyɛ no odum me Onyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Onyankopɔn din ne me Onyankopɔn kuro din a ɛyɛ Yerusalem foforɔ a ɛbɛfiri ɔsoro me Onyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me din foforɔ agu ne ho.
13 Kulağı olan, Ruh'un kiliselere ne dediğini işitsin.’”
Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.
14 “Laodikya'daki kilisenin meleğine yaz. Amin, sadık ve gerçek tanık, Tanrı yaratılışının kaynağı şöyle diyor:
“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Laodikea asafo mu no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔeɛ no sodifoɔ nkyɛn.
15 ‘Yaptıklarını biliyorum. Ne soğuksun, ne sıcak. Keşke ya soğuk ya sıcak olsaydın!
Menim deɛ woayɛ. Menim sɛ wonyɛ nwunu nso wonyɛ hye. Me pɛ ne sɛ, anka wobɛyɛ mu baako.
16 Oysa ne sıcak ne soğuksun, ılıksın. Bu yüzden seni ağzımdan kusacağım.
Nanso, ɛsiane sɛ woyɛ boturobodwo, na wonyɛ hye na wonyɛ nwunu enti, merebɛte wo sɛ ntasuo afiri mʼanom.
17 Zenginim, zenginleştim, hiçbir şeye gereksinmem yok diyorsun; ama zavallı, acınacak durumda, yoksul, kör ve çıplak olduğunu bilmiyorsun.
Woka sɛ, ‘meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho na mewɔ deɛ ɛhia me nyinaa.’ Nanso, wonnim hia a ahia wo ne mmɔborɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagya, na wʼani afira.
18 Zengin olmak için benden ateşte arıtılmış altın, giyinip çıplaklığının ayıbını örtmek için beyaz giysiler, görmek için gözlerine sürmek üzere merhem satın almanı salık veriyorum.
Enti, metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ amapa, firi me nkyɛn, sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ ɔdefoɔ. Afei, tɔ ntadeɛ fitaa hyɛ fa kata wʼanimguaseɛ adagya no so. Afei, tɔ aduro gu wʼani so, sɛdeɛ wobɛhunu adeɛ.
19 Ben sevdiklerimi azarlayıp terbiye ederim. Onun için gayrete gel, tövbe et.
Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho firi bɔne ho.
20 İşte kapıda durmuş, kapıyı çalıyorum. Biri sesimi işitir ve kapıyı açarsa, onun yanına gireceğim; ben onunla, o da benimle, birlikte yemek yiyeceğiz.
Tie! Megyina ɛpono no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na ɔbue ɛpono no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.
21 Ben nasıl galip gelerek Babam'la birlikte Babam'ın tahtına oturdumsa, galip gelene de benimle birlikte tahtıma oturma hakkını vereceğim.
Mɛma nkonimdifoɔ no atena mʼahennwa no ho, sɛdeɛ madi nkonim enti, mete mʼAgya ahennwa ho seesei no.
22 Kulağı olan, Ruh'un kiliselere ne dediğini işitsin.’”
Sɛ wowɔ aso a, ɛnneɛ tie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

< Vahiy 3 >