< Vahiy 19 >

1 Bundan sonra gökte büyük bir kalabalığın sesini andıran yüksek bir ses işittim. “Haleluya!” diyorlardı. “Kurtarış, yücelik ve güç Tanrımız'a özgüdür.
Yei akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam sɛ, “Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Onyankopɔn,
2 Çünkü O'nun yargıları doğru ve adildir. Yeryüzünü fuhşuyla yozlaştıran Büyük fahişeyi yargılayıp Kendi kullarının kanının öcünü aldı.”
ɛfiri sɛ, nʼatemmuo yɛ nokorɛ na ɛyɛ sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn. Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkumm nʼasomfoɔ.”
3 İkinci kez, “Haleluya! Onun dumanı sonsuzlara dek tütecek” dediler. (aiōn g165)
Na afei, wɔteaam bio sɛ, “Haleluia! Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa.” (aiōn g165)
4 Yirmi dört ihtiyarla dört yaratık yere kapanıp, “Amin! Haleluya!” diyerek tahtta oturan Tanrı'ya tapındılar.
Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ, “Amen, Haleluia!”
5 Sonra tahttan bir ses yükseldi: “Ey Tanrımız'ın bütün kulları! Küçük büyük, O'ndan korkan hepiniz, O'nu övün!”
Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ, “Monkamfo yɛn Onyankopɔn, mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa, mo a mosuro no, akɛseɛ ne nkumaa!”
6 Ardından büyük bir kalabalığın, gürül gürül akan suların, güçlü gök gürlemelerinin sesine benzer sesler işittim. “Haleluya!” diyorlardı. “Çünkü Her Şeye Gücü Yeten Rab Tanrımız Egemenlik sürüyor.
Afei, metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworosoɔ ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛreteam sɛ, “Haleluia! Yɛn Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn di ɔhene.
7 Sevinelim, coşalım! O'nu yüceltelim! Çünkü Kuzu'nun düğünü başlıyor, Gelini hazırlandı.
Momma yɛn ho nsɛpɛ yɛn na yɛn ani nnye na yɛnhyɛ no animuonyam! Ɛfiri sɛ Odwammaa no ayeforɔhyia aduru, na nʼayefokunu asiesie ne ho.
8 Giymesi için ona temiz ve parlak İnce keten giysiler verildi.” İnce keten kutsalların adil işlerini simgeler.
Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani teɛ maa no sɛ ɔnhyɛ.” (Nwera no kyerɛ ahotefoɔ tenenee nneyɛɛ.)
9 Sonra melek bana, “Yaz!” dedi. “Ne mutlu Kuzu'nun düğün şölenine çağrılmış olanlara!” Ardından ekledi: “Bunlar gerçek sözlerdir, Tanrı'nın sözleridir.”
Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn Odwammaa no ayeforɔhyia anwummerɛ apontoɔ ase.” Ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.”
10 Ona tapınmak üzere ayaklarına kapandım. Ama o, “Sakın yapma!” dedi. “Ben de senin ve İsa'ya tanıklığını sürdüren kardeşlerin gibi bir Tanrı kuluyum. Tanrı'ya tap! Çünkü İsa'ya tanıklık, peygamberlik ruhunun özüdür.”
Mebutuu ne nan ase pɛɛ sɛ mesom no. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa, ɛfiri sɛ, meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo ne wo nuanom a wɔdi Yesu ho adanseɛ no. Som Onyankopɔn ɛfiri sɛ, nokorɛ a Yesu daa no adi no na ɛhyɛ adiyifoɔ no nkuran.”
11 Bundan sonra göğün açılmış olduğunu, beyaz bir atın orada durduğunu gördüm. Binicisinin adı Sadık ve Gerçek'tir. Adaletle yargılar, savaşır.
Afei, mehunuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no edin de “Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ.” Nokorɛ na ɔgyina so bu atɛn na ɔko ne ko.
12 Gözleri alev alev yanan ateş gibidir. Başında çok sayıda taç var. Üzerinde kendisinden başka kimsenin bilmediği bir ad yazılıdır.
Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛrederɛ na ɔhyɛ ahenkyɛ bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu ne ho, nanso na obiara nnim edin no nkyerɛaseɛ ka ne ho.
13 Kana batırılmış bir kaftan giymişti. Tanrı'nın Sözü adıyla anılır.
Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm”
14 Beyaz, temiz, ince ketene bürünmüş olan gökteki ordular, beyaz atlara binmiş O'nu izliyorlardı.
Ɔsoro asraafoɔ a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani te a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi.
15 Ağzından ulusları vuracak keskin bir kılıç uzanıyor. Onları demir çomakla güdecek. Her Şeye Gücü Yeten Tanrı'nın ateşli gazabının şarabını üreten masarayı kendisi çiğneyecek.
Akofena a ano yɛ nnam yie a ɔde bɛdi aman so firii nʼanom baeɛ. Dadeɛ poma na ɔde bɛdi wɔn so. Sɛdeɛ wɔtiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamena mu no so no, saa ara na ɔbɛtiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Otumfoɔ no abufuo.
16 Kaftanının ve kalçasının üzerinde şu ad yazılıydı: KRALLARIN KRALI VE RABLERİN RABBİ
Na wɔatwerɛ edin agu nʼatadeɛ mu ne ne srɛ ho sɛ: ahene mu ɔhene ne awuranom mu awurade.
17 Bundan sonra güneşte duran bir melek gördüm. Göğün ortasında uçan bütün kuşları yüksek sesle çağırdı: “Kralların, komutanların, güçlü adamların, atlarla binicilerinin, özgür köle, küçük büyük, hepsinin etini yemek için toplanın, Tanrı'nın büyük şölenine gelin!”
Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina owia mu. Ɔteaam guu nnomaa a wɔnam ewiem nyinaa so sɛ, “Mommra mmɛhyiam wɔ Onyankopɔn apontoɔ kɛseɛ no ase.
Mommɛdi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfoɔ nam ne apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ nam ne adehyeɛ ne nkoa ne akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nam.”
19 Sonra canavarı, dünya krallarını ve onların ordularını, ata binmiş Olan'la O'nun ordusuna karşı savaşmak üzere toplanmış gördüm.
Afei, mehunuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm.
20 Canavarla onun önünde doğaüstü belirtiler gerçekleştiren sahte peygamber yakalandı. Sahte peygamber, canavarın işaretini alıp heykeline tapanları bu belirtilerle saptırmıştı. Her ikisi de kükürtle yanan ateş gölüne diri diri atıldı. (Limnē Pyr g3041 g4442)
Wɔkyeree aboa no ne nʼatorɔdiyifoɔ a ɔyɛɛ anwanwadeɛ maa no no. Saa anwanwadeɛ no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyiraeɛ ne wɔn a wɔsom aboa no ohoni no. Wɔtoo aboa no ne atorɔdiyifoɔ no anikann guu ogya ɔtadeɛ a sɔfe na na ɛrederɛ wɔ mu no mu. (Limnē Pyr g3041 g4442)
21 Geriye kalanlar, ata binmiş Olan'ın ağzından uzanan kılıçla öldürüldü. Bütün kuşlar bunların etiyle doydu.
Wɔde akofena a ɛfiri ɔpɔnkɔkafoɔ no anom kunkumm wɔn asraafoɔ, na nnomaa no dii wɔn nam sɛdeɛ wɔbɛtumi.

< Vahiy 19 >