< Vahiy 18 >

1 Bundan sonra büyük yetkiye sahip başka bir meleğin gökten indiğini gördüm. Yeryüzü onun görkemiyle aydınlandı.
Eyi akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛse na nʼanuonyam hyerɛn wɔ asase so nyinaa.
2 Melek gür bir sesle bağırdı: “Yıkıldı! Büyük Babil yıkıldı! Cinlerin barınağı, Her kötü ruhun uğrağı, Her murdar ve iğrenç kuşun sığınağı oldu.
Ɔteɛɛ mu denneennen se, “‘Wahwe ase! Babilonia Kokuroko ahwe ase!’ Adan ahonhommɔne tenabea ne ahonhom fi nyinaa ahintawee. Nnomaafi a wokyi wɔn nyinaa te ne mu.
3 Çünkü bütün uluslar Azgın fuhşunun şarabından içtiler. Dünya kralları da Onunla fuhuş yaptılar. Dünya tüccarları Onun aşırı sefahatiyle zenginleştiler.”
Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼaguamammɔ a ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee. Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so adwumayɛfo nam nʼahonya mmoroso so nyaa wɔn ho.”
4 Gökten başka bir ses işittim: “Ey halkım!” diyordu. “Onun günahlarına ortak olmamak, Uğradığı belalara uğramamak için çık oradan!
Afei metee sɛ nne foforo bi a efi ɔsoro reka se, “Mumfi, me nkurɔfo, na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu, na mo ne no ankyɛ nʼasotwe!
5 Çünkü üst üste yığılan günahları göğe erişti, Ve Tanrı onun suçlarını anımsadı.
Efisɛ wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten, na Onyankopɔn akae nʼawudi no.
6 Babil nasıl davrandıysa, karşılığını ona aynen verin, Yaptıklarının iki katını ödeyin. Hazırladığı kâsedeki içkinin İki katını hazırlayıp ona içirin.
Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; nea ɔyɛɛ mo biara no, muntua ne so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no nea ano yɛ den mmɔho abien.
7 Kendini yücelttiği, sefahate verdiği oranda Istırap ve keder verin ona. Çünkü içinden diyor ki, ‘Tahtında oturan bir kraliçeyim, dul değilim. Asla yas tutmayacağım!’
Momma nʼayayade ne nʼawerɛhow nnɔɔso sɛ anuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no. Efisɛ daa ɔka se, ‘Mete ha sɛ ɔhemmea; menyɛ okunafo, na me werɛ renhow da!’
8 Bu nedenle başına gelecek belalar –Ölüm, yas ve kıtlık– Bir gün içinde gelecek. Ateş onu yiyip bitirecek. Çünkü onu yargılayan Rab Tanrı güçlüdür.
Eyi nti, nʼamanehunu a ɛyɛ ɔyare, awerɛhow ne ɔkɔm bɛba ne so da bi. Na wɔde ogya ahyew no, efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔkɛse.
9 “Kendisiyle fuhuş yapan ve sefahatte yaşayan dünya kralları onu yakan ateşin dumanını görünce onun için ağlayıp dövünecekler.
“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no hu hye a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu atwa agyaadwo.
10 Çektiği ıstıraptan dehşete düşecek, uzakta durup, ‘Vay başına koca kent, Vay başına güçlü kent Babil! Bir saat içinde cezanı buldun’ diyecekler.
Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se, “‘Due! Due, Ao, kuropɔn, Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi! Wʼatemmu aba dɔnhwerew baako pɛ mu.’
11 “Dünya tüccarları onun için ağlayıp yas tutuyor. Çünkü mallarını satın alacak kimse yok artık.
“Aguadifo a wɔwɔ asase so nso su no, efisɛ obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.
12 Altını, gümüşü, değerli taşları, incileri, ince keteni, ipeği, mor ve kırmızı kumaşları, her çeşit kokulu ağacı, fildişinden yapılmış her çeşit eşyayı, en pahalı ağaçlardan, tunç, demir ve mermerden yapılmış her çeşit malı, tarçın ve kakule, buhur, güzel kokulu yağ, günnük, şarap, zeytinyağı, ince un ve buğdayı, sığırları, koyunları, atları, arabaları ve köleleri, insanların canını satın alacak kimse yok artık.
Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, aboɔden abo ne nhene pa, nwera pa ne ɔtamkɔkɔɔ ne sirikyi ne tamkɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asonse adwinne nyinaa, adwinne a wɔde nnua a ne bo yɛ den ayɛ, asanka ne dade ne abohemaa,
ne pɛprɛ ne mmorɔngo, nnuhuam ne kurobow, huamfufu ne nsa ne ngo, asikresiam muhumuhu ne awi, nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.
14 “Diyecekler ki, ‘Canının çektiği meyveler elinden gitti, Bütün değerli ve göz alıcı malların yok oldu. İnsanlar bunları bir daha göremeyecek.’
“Aguadifo no bɛka se, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’
15 Babil'de bu malları satarak zenginleşen tüccarlar, kentin çektiği ıstıraptan dehşete düşecekler. Uzakta durup ağlayacak, yas tutacaklar.
Aguadifo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ wosuro amane a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo,
16 “‘Vay başına, vay!’ diyecekler. ‘İnce keten, mor ve kırmızı kumaş kuşanmış, Altın, değerli taş ve incilerle süslenmiş Koca kent!
na wɔaka se: “‘Due! Due, Ao, kuropɔn a ofura nwera pa ne tamkɔkɔɔ na sika ne aboɔdenmmo a nhene pa bobɔ mu.
17 Onca büyük zenginlik Bir saat içinde yok oldu.’ “Gemi kaptanları, yolcular, tayfalar, denizde çalışanların hepsi, onu yakan ateşin dumanını görünce uzakta durup, ‘Koca kent gibisi var mı?’ diye feryat ettiler.
Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asɛe.’ “Hyɛn mu sahene ne hyɛn no mu nnipa, mu adwumayɛfo ne wɔn a wɔka ho a wonya wɔn anoduan fi hyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri.
Wosui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no wusiw no, wɔteɛɛ mu kae se ‘Kuropɔn biara a ne kɛse te sɛɛ mmaa da.’”
19 Başlarına toprak döktüler, yas tutup ağlayarak feryat ettiler: ‘Vay başına koca kent, vay! Denizde gemileri olanların hepsi Onun sayesinde, onun değerli mallarıyla Zengin olmuşlardı. Kent bir saat içinde viraneye döndü.’
Wɔbɛtow mfutuma agu wɔn atifi na wɔasu, atwa agyaadwo se, “‘Due! Due, wo kuropɔn, wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no nam wʼahonya so yɛɛ adefo. Na dɔnhwerew baako pɛ mu, woahwere biribiara!’
20 Ey gök, kutsallar, elçiler, peygamberler! Onun başına gelenlere sevinin! Çünkü Tanrı onu yargılayıp hakkınızı aldı.”
“Momma mo ani nnye wɔ ne ho, mo ɔsorofo! Momma mo ani nnye, Onyankopɔn nnipa! Momma mo ani nnye, asomafo ne adiyifo! Efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn.”
21 Sonra güçlü bir melek değirmen taşına benzer büyük bir taşı kaldırıp denize atarak şöyle dedi: “Koca kent Babil de İşte böyle şiddetle atılacak Ve bir daha görülmeyecek.
Afei, ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ awiyammo tow kyenee po mu kae se, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛtow Babilonia kuropɔn no akyene, a wɔrenhu no bio.
22 Artık sende lir çalanların, ezgi okuyanların, Kaval ve borazan çalanların sesi Hiç işitilmeyecek. Artık sende hiçbir el sanatının ustası bulunmayacak. Sende artık değirmen sesi duyulmayacak.
Wɔrente sankubɔfo ne nnwontofo, atɛntɛbɛnhyɛnfo ne torobɛntohyɛnfo nka wɔ mu bio. Wɔrenhu odwumfo biara wɔ wo mu bio. Na wɔrente owiyamfo biara nka wɔ wo mu bio.
23 Artık sende hiç kandil ışığı parlamayacak. Sende artık gelin güvey sesi duyulmayacak. Senin tüccarların dünyanın büyükleriydi. Bütün uluslar senin büyücülüğünle yoldan sapmıştı.
Kanea hann renhyerɛn wɔ wo mu bio. Wɔrente ayeforokunu ne ayeforo nne wɔ wo mu bio. Wʼaguadifo yɛ wiase mu nnipa atitiriw. Na wɔde wo ntafowayi adaadaa aman nyinaa.
24 Peygamberlerin, kutsalların Ve yeryüzünde boğazlanan herkesin kanı Sende bulundu.”
Ne mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wokum wɔn wɔ asase so no nyinaa mogya.”

< Vahiy 18 >