< Mezmurlar 61 >

1 Müzik şefi için - Telli sazlarla - Davut'un mezmuru Ey Tanrı, yakarışımı işit, Duama kulak ver!
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ. Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaeɛbɔ.
2 Sana seslenirim yeryüzünün öbür ucundan, Yüreğime hüzün çökünce. Erişemeyeceğim yüksek bir kayaya çıkar beni,
Mefiri asase ano frɛ wo, mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so.
3 Çünkü sen benim için sığınak, Düşmana karşı güçlü bir kule oldun.
Woayɛ me dwanekɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no.
4 Çadırında sonsuza dek oturmak Ve kanatlarının gölgesine sığınmak isterim. (Sela)
Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.
5 Çünkü sen, ey Tanrı, adaklarımı duydun, Adından korkanların mirasını bana verdin.
Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn; na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me.
6 Kralın günlerine gün kat, Yılları yüzyıllar olsun!
To ɔhene nkwa nna mu bebree; na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ.
7 Tanrı'nın huzurunda sonsuza dek tahtında otursun; Onu sevgin ve sadakatinle koru!
Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa. Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban.
8 O zaman adını hep ilahilerle öveceğim, Her gün adaklarımı yerine getireceğim.
Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.

< Mezmurlar 61 >