< Mezmurlar 4 >

1 Müzik şefi için - Telli sazlarla - Davut'un mezmuru Sana seslenince yanıtla beni, Ey adil Tanrım! Ferahlat beni sıkıntıya düştüğümde, Lütfet bana, kulak ver duama.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto wɔ sankuhoma so. Dawid dwom. Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so, Ao, me tenenee Onyankopɔn. Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu; hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ.
2 Ey insanlar, ne zamana dek Onurumu utanca çevireceksiniz? Ne zamana dek boş şeylere gönül verecek, Yalan peşinde koşacaksınız? (Sela)
Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora? Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi?
3 Bilin ki, RAB sadık kulunu kendine ayırmıştır, Ne zaman seslensem, duyar beni.
Hunu sɛ Awurade ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade bɛtie, sɛ mesu mefrɛ no a.
4 Öfkelenebilirsiniz, ama günah işlemeyin; İyi düşünün yatağınızda, susun. (Sela)
Mo bo fu a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu.
5 Doğruluk kurbanları sunun RAB'be, O'na güvenin.
Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.
6 “Kim bize iyilik yapacak?” diyen çok. Ya RAB, yüzünün ışığıyla bizi aydınlat!
Nnipa bebree bisa sɛ: “Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?” Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.
7 Öyle bir sevinç verdin ki bana, Onların bol tahıl ve yeni şaraptan aldığı sevinçten fazla.
Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no.
8 Esenlik içinde yatar uyurum, Çünkü yalnız sen, ya RAB, Güvenlik içinde tutarsın beni.
Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, wo nko ara, Ao Awurade, na woma metena asomdwoeɛ mu.

< Mezmurlar 4 >