< Mezmurlar 37 >

1 Davut'un mezmuru Kötülük edenlere kızıp üzülme, Suç işleyenlere özenme!
Dawid dwom. Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti; mma wʼani mmere wɔn a wɔyɛ bɔne;
2 Çünkü onlar ot gibi hemen solacak, Yeşil bitki gibi kuruyup gidecek.
Wɔte sɛ ɛserɛ, ɛnkyɛre na ahye, wɔte sɛ dua mono, ɛnkyɛre na awu.
3 Sen RAB'be güven, iyilik yap, Ülkede otur, sadakatle çalış.
Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa. Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoeɛ adidibea hɔ.
4 RAB'den zevk al, O senin yüreğinin dileklerini yerine getirecektir.
Ma wʼani nka Awurade ho na woama wo deɛ wʼakoma pɛ.
5 Her şeyi RAB'be bırak, O'na güven, O gerekeni yapar.
Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam; na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ:
6 O senin doğruluğunu ışık gibi, Hakkını öğle güneşi gibi Aydınlığa çıkarır.
ɔbɛma wo teneneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyeeɛ, na wʼatɛntenenee ayɛ sɛ owigyinaeɛ.
7 RAB'bin önünde sakin dur, sabırla bekle; Kızıp üzülme işi yolunda olanlara, Kötü amaçlarına kavuşanlara.
Yɛ komm wɔ Awurade anim na to wo bo ase twɛn no, nha wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yie ho ɛfiri sɛ wɔnam bɔne akwan so.
8 Kızmaktan kaçın, bırak öfkeyi, Üzülme, yalnız kötülüğe sürükler bu seni.
Mma wo bo mfu, na gyae abufuhyeɛ; nha wo ho, ɛkɔwie bɔne nko ara.
9 Çünkü kötülerin kökü kazınacak, Ama RAB'be umut bağlayanlar ülkeyi miras alacak.
Wɔbɛtwa nnebɔneyɛfoɔ agu, nanso wɔn a wɔn ani da Awurade soɔ no, wɔbɛnya asase no adi so.
10 Yakında kötünün sonu gelecek, Yerini arasan da bulunmayacak.
Ɛrenkyɛre, nnebɔneyɛfoɔ bɛyera. Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhunu wɔn.
11 Ama alçakgönüllüler ülkeyi miras alacak, Derin bir huzurun zevkini tadacak.
Nanso ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi so na wɔanya asomdwoeɛ mmorosoɔ.
12 Kötü insan doğru insana düzen kurar, Diş gıcırdatır.
Amumuyɛfoɔ bɔ pɔ bɔne tia ateneneefoɔ na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;
13 Ama Rab kötüye güler, Çünkü bilir onun sonunun geldiğini.
nanso, Awurade sere amumuyɛfoɔ, na ɔnim sɛ wɔn nna abɛn.
14 Kılıç çekti kötüler, yaylarını gerdi, Mazlumu, yoksulu yıkmak, Doğru yolda olanları öldürmek için.
Amumuyɛfoɔ twe akofena na wɔkuntunu wɔn tadua mu sɛ wɔbɛkum ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ, sɛ wɔbɛkum wɔn a wɔn akwan tene.
15 Ama kılıçları kendi yüreklerine saplanacak, Yayları kırılacak.
Nanso, wɔn akofena bɛwowɔ wɔn ankasa akoma mu, na wɔn tadua mu abubu.
16 Doğrunun azıcık varlığı, Pek çok kötünün servetinden iyidir.
Kakra a ateneneefoɔ wɔ no som bo sene amumuyɛfoɔ bebree ahonya;
17 Çünkü kötülerin gücü kırılacak, Ama doğrulara RAB destek olacak.
ɛfiri sɛ, amumuyɛfoɔ ahoɔden bɛsa nanso Awurade bɛwowa ateneneefoɔ.
18 RAB yetkinlerin her gününü gözetir, Onların mirası sonsuza dek sürecek.
Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna, na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.
19 Kötü günde utanmayacaklar, Kıtlıkta karınları doyacak.
Ahohiahia berɛ mu wɔremmrɛ. Ɛkɔm berɛ mu wɔbɛnya ma abu so.
20 Ama kötüler yıkıma uğrayacak; RAB'bin düşmanları kır çiçekleri gibi kuruyup gidecek, Duman gibi dağılıp yok olacak.
Nanso, amumuyɛfoɔ bɛyera. Awurade atamfoɔ bɛyɛ te sɛ wiram nhwiren; wɔbɛtu ayera sɛ wisie.
21 Kötüler ödünç alır, geri vermez; Doğrularsa cömertçe verir.
Amumuyɛfoɔ pɛ bosea, na wɔntua, nanso ɔteneneeni de ahummɔborɔ ma;
22 RAB'bin kutsadığı insanlar ülkeyi miras alacak, Lanetlediği insanların kökü kazınacak.
Wɔn a Awurade ahyira wɔn no bɛnya asase no adi so, na wɔn a ɔdome wɔn no wɔbɛtwa wɔn agu.
23 RAB insana sağlam adım attırır, İnsanın yolundan hoşnut olursa.
Sɛ Awurade ani sɔ onipa akwan a, ɔma nʼanammɔntuo si pi.
24 Düşse bile yıkılmaz insan, Çünkü elinden tutan RAB'dir.
Sɛ ɔsunti a ɔrenhwe ase, ɛfiri sɛ Awurade kura no wɔ ne nsam.
25 Gençtim, ömrüm tükendi, Ama hiç görmedim doğru insanın terk edildiğini, Soyunun ekmek dilendiğini.
Na meyɛ aberanteɛ, na seesei mabɔ akɔkoraa, na menhunuu ɔteneneeni a Awurade apa nʼakyi anaasɛ ne mma resrɛ aduane.
26 O hep cömertçe ödünç verir, Soyu kutsanır.
Ɛberɛ biara ɔyɛ adɔeɛ, na ɔde fɛm kwa; na ne mma bɛnya nhyira.
27 Kötülükten kaç, iyilik yap; Sonsuz yaşama kavuşursun.
Twe wo ho firi bɔne ho na yɛ papa na wobɛtena asase no so afebɔɔ.
28 Çünkü RAB doğruyu sever, Sadık kullarını terk etmez. Onlar sonsuza dek korunacak, Kötülerinse kökü kazınacak.
Ɛfiri sɛ, Awurade pɛ deɛ ɛtene, na ɔrennya ne nkurɔfoɔ nokwafoɔ no. Wɔbɛnya banbɔ daa nyinaa Nanso, amumuyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛtwa wɔn agu.
29 Doğrular ülkeyi miras alacak, Orada sonsuza dek yaşayacak.
Ateneneefoɔ bɛnya asase no adi so na wɔatena so afebɔɔ.
30 Doğrunun ağzından bilgelik akar, Dilinden adalet damlar.
Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm, na ne tɛkrɛma ka deɛ ɛtene.
31 Tanrısı'nın yasası yüreğindedir, Ayakları kaymaz.
Ne Onyankopɔn mmara wɔ nʼakoma mu; ne nan nnwatiri.
32 Kötü, doğruya pusu kurar, Onu öldürmeye çalışır.
Amumuyɛfoɔ tetɛ ateneneefoɔ hwehwɛ sɛ wɔbɛkum wɔn,
33 Ama RAB onu kötünün eline düşürmez, Yargılanırken mahkûm etmez.
nanso, Awurade nnyaa wɔn mma wɔn na ɔremma wɔmmu wɔn kumfɔ wɔ asɛnniiɛ.
34 RAB'be umut bağla, O'nun yolunu tut, Ülkeyi miras almak üzere seni yükseltecektir. Kötülerin kökünün kazındığını göreceksin.
Montwɛn Awurade na monhwɛ nʼakwan. Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so; sɛ wɔtwitwa amumuyɛfoɔ no gu a, mobɛhunu.
35 Kötü ve acımasız adamı gördüm, İlk dikildiği toprakta yeşeren ağaç gibi Dal budak salıyordu;
Mahunu omumuyɛfoɔ a ɔyɛ basabasa sɛ ɔredi yie sɛ dua mono a ɛsi asase pa soɔ,
36 Geçip gitti, yok oldu, Aradım, bulunmaz oldu.
nanso ankyɛre na ɛwuiɛ a wɔnhunu no bio; mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no.
37 Yetkin adamı gözle, doğru adama bak, Çünkü yarınlar barışseverindir.
Susu deɛ ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ deɛ ɔtene; na asomdwoeɛ onipa bɛnya asetena pa daakye.
38 Ama başkaldıranların hepsi yok olacak, Kötülerin kökü kazınacak.
Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ nyinaa; na wɔbɛtɔre wɔn asefoɔ ase.
39 Doğruların kurtuluşu RAB'den gelir, Sıkıntılı günde onlara kale olur.
Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi Awurade ɔne wɔn aban wɔ amanehunu berɛ mu.
40 RAB onlara yardım eder, kurtarır onları, Kötülerin elinden alıp özgür kılar, Çünkü kendisine sığınırlar.
Awurade boa wɔn na ɔgye wɔn; ɔyi wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam na ɔgye wɔn nkwa, ɛfiri sɛ wɔhinta wɔ ne mu.

< Mezmurlar 37 >