< Mezmurlar 141 >

1 Davut'un mezmuru Seni çağırıyorum, ya RAB, yardımıma koş! Sana yakarınca sesime kulak ver!
Dawid dwom. Ao Awurade, mesu mefrɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so. Sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so.
2 Duam önünde yükselen buhur gibi, El açışım akşam sunusu gibi kabul görsün!
Ma me mpaeɛbɔ mmra wʼanim sɛ aduhwam; ma me nsa a mapagya nyɛ sɛ anwummerɛ afɔrebɔ.
3 Ya RAB, ağzıma bekçi koy, Dudaklarımın kapısını koru!
Ao Awurade, ma ɔwɛmfoɔ nwɛn mʼano; na wɛn mʼano ɛpono.
4 Yüreğim kötülüğe eğilim göstermesin, Suç işleyenlerin fesadına bulaşmayayım; Onların nefis yemeklerini tatmayayım.
Mma wɔnntwe mʼakoma nkɔ deɛ ɛyɛ bɔne ho, na ankɔyɛ deɛ amumuyɛfoɔ yɛ no bi; mma me ne abɔnefoɔ nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ.
5 Doğru insan bana vursa, iyilik sayılır, Azarlasa, başa sürülen yağ gibidir, Başım reddetmez onu. Çünkü duam hep kötülere karşıdır.
Ma ɔteneneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamyɛ; ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me tiri so ngo. Me tiri rempo. Me mpaeɛbɔ da so tia abɔnefoɔ nneyɛɛ daa.
6 Önderleri kayalardan aşağı atılınca, Dinleyecekler tatlı sözlerimi.
Wɔbɛto wɔn sodifoɔ afiri abotan so abɛhwe fam; na amumuyɛfoɔ bɛhunu sɛ me nsɛm no yɛ nokorɛ.
7 Sabanla sürülüp yarılmış toprak gibi, Saçılmış kemiklerimiz ölüler diyarının ağzına. (Sheol h7585)
Wɔbɛka sɛ, “Sɛdeɛ obi funtum na ɔtutu asase no, saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɛda ano.” (Sheol h7585)
8 Ancak gözlerim sende, ey Egemen RAB, Sana sığınıyorum, beni savunmasız bırakma!
Nanso, Ao Otumfoɔ Awurade, wo so na mʼani da; wo mu na mehinta. Nnya me mma owuo.
9 Koru beni kurdukları tuzaktan, Suç işleyenlerin kapanlarından.
Bɔ me ho ban firi mfidie a wɔasunsum me no mu, mfidie a abɔnefoɔ asunsum no.
10 Ben güvenlik içinde geçip giderken, Kendi ağlarına düşsün kötüler.
Ma amumuyɛfoɔ no ankasa atena nyi wɔn, na menkɔ me baabi asomdwoeɛ mu.

< Mezmurlar 141 >