< Mezmurlar 129 >

1 Hac ilahisi Gençliğimden beri bana sık sık saldırdılar; Şimdi söylesin İsrail:
Ɔsoroforɔ dwom. “Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase, ma Israel nka.
2 “Gençliğimden beri bana sık sık saldırdılar, Ama yenemediler beni.
“Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase, nanso wɔntumi nnii me so nkonim.
3 Çiftçiler saban sürdüler sırtımda, Upuzun iz bıraktılar.”
Fentemfoɔ afentem mʼakyi ayɛ wɔn nkofie atentene.
4 Ama RAB adildir, Kesti kötülerin bağlarını.
Nanso Awurade yɛ ɔteneneeni; Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho.”
5 Siyon'dan nefret eden herkes Utanç içinde geri çekilsin.
Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.
6 Damlardaki ota, Büyümeden kuruyan ota dönsünler.
Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi, ɛnnyini na ahye;
7 Orakçı avucunu, Demetçi kucağını dolduramaz onunla.
Ɛremma otwafoɔ nya biribi wɔ ne nsam, na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so.
8 Yoldan geçenler de, “RAB sizi kutsasın, RAB'bin adıyla sizi kutsarız” demezler.
Mma wɔn a wɔtwam hɔ nnka sɛ, “Awurade nhyira mmra mo so; yɛhyira mo wɔ Awurade din mu.”

< Mezmurlar 129 >