< Mezmurlar 11 >

1 Müzik şefi için - Davut'un mezmuru Ben RAB'be sığınırım, Nasıl dersiniz bana, “Kuş gibi kaç dağlara.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so.
2 Bak, kötüler yaylarını geriyor, Temiz yürekli insanları Karanlıkta vurmak için Oklarını kirişine koyuyor.
Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu, na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma so sɛ wɔbɛto wɔ esum mu de awɔ akoma mu ahotefoɔ.
3 Temeller yıkılırsa, Ne yapabilir doğru insan?”
Sɛ wɔresɛe fapem no a, ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?”
4 RAB kutsal tapınağındadır, O'nun tahtı göklerdedir, Bütün insanları görür, Herkesi sınar.
Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahennwa so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu.
5 RAB doğru insanı sınar, Kötüden, zorbalığı sevenden tiksinir.
Awurade hwehwɛ ɔteneneeni mu, na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ, ne kra kyiri wɔn.
6 Kötülerin üzerine kızgın korlar ve kükürt yağdıracak, Paylarına düşen kâse kavurucu rüzgar olacak.
Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛ agu Amumuyɛfoɔ so; na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa.
7 Çünkü RAB doğrudur, doğruları sever; Dürüst insanlar O'nun yüzünü görecek.
Awurade yɛ ɔteneneeni, na ɔpɛ atɛntenenee; wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim.

< Mezmurlar 11 >