< Matta 8 >

1 İsa dağdan inince büyük bir kalabalık O'nun ardından gitti.
Ɛberɛ a Yesu sianee bepɔ no no, nnipadɔm bebree dii nʼakyi.
2 Bu sırada cüzamlı bir adam yaklaşıp, “Ya Rab, istersen beni temiz kılabilirsin” diyerek O'nun ayaklarına kapandı.
Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotoo no, srɛɛ no sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.”
3 İsa elini uzatıp adama dokundu, “İsterim, temiz ol!” dedi. Adam anında cüzamdan temizlendi.
Yesu tenee ne nsa de kaa ɔkwatani no kaa sɛ, “Mɛsa wo yadeɛ. Kwata, firi ne ho kɔ!” Amonom hɔ ara, kwata no firii ne ho.
4 Sonra İsa adama, “Sakın kimseye bir şey söyleme!” dedi. “Git, kâhine görün ve cüzamdan temizlendiğini herkese kanıtlamak için Musa'nın buyurduğu sunuyu sun.”
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansedie no.”
5 İsa Kefarnahum'a varınca bir yüzbaşı O'na gelip, “Ya Rab” diye yalvardı, “Uşağım felç oldu, evde yatıyor; korkunç acı çekiyor.”
Yesu kɔɔ Kapernaum. Ɔduruu hɔ no, Roma asraafoɔ panin bi a ɛdɔm hyɛ nʼase baa ne kyɛn bɛbuu no nkotodwe kaa sɛ,
6
“Awurade, mʼabɔfra abubu gu hɔ a ɔrehunu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yadeɛ ma me.”
7 İsa, “Gelip onu iyileştireceğim” dedi.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mɛba abɛsa no yadeɛ.”
8 Ama yüzbaşı, “Ya Rab, evime girmene layık değilim” dedi, “Yeter ki bir söz söyle, uşağım iyileşir.
Asraafoɔ panin no tee Yesu asɛm a ɔkaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Awurade, memfata sɛ woba me fie. Ka biribi na mʼabɔfra no ho bɛyɛ no den.
9 Ben de buyruk altında bir adamım, benim de buyruğumda askerlerim var. Birine, ‘Git’ derim, gider; ötekine, ‘Gel’ derim, gelir; köleme, ‘Şunu yap’ derim, yapar.”
Meyɛ ɔsraani a mehyɛ tumi ase, na mesane wɔ asraafoɔ a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na sɛ meka kyerɛ mʼabɔfra sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara no no.”
10 İsa, duyduğu bu sözlere hayran kaldı. Ardından gelenlere, “Size doğrusunu söyleyeyim” dedi, “Ben İsrail'de böyle imanı olan birini görmedim.
Yesu tee saa asɛm yi no, ɛyɛɛ no nwanwa. Ɔdanee nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Israelman mu nyinaa, menhunuu gyidie a ɛte sei da.
11 Size şunu söyleyeyim, doğudan ve batıdan birçok insan gelecek, Göklerin Egemenliği'nde İbrahim'le, İshak'la ve Yakup'la birlikte sofraya oturacaklar.
Na mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham, Isak ne Yakob ato nsa adidi wɔ ɔsoro ahennie no mu.
12 Ama bu egemenliğin asıl mirasçıları dışarıdaki karanlığa atılacak. Orada ağlayış ve diş gıcırtısı olacak.”
Na Israelfoɔ a wɔsiesiee ɔsoro ahennie maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔbɛto wɔn agu esum kabii mu, na wɔde wɔn nsa bɛgu wɔn tiri atwa agyaadwoɔ.”
13 Sonra İsa yüzbaşıya, “Git, inandığın gibi olsun” dedi. Ve uşak o anda iyileşti.
Yesu ka kyerɛ asraafoɔ panin no sɛ, “Kɔ efie. Deɛ wogye die no aba mu ama wo!” Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, abɔfra no ho tɔɔ no!
14 İsa Petrus'un evine geldiğinde onun kaynanasının ateşler içinde yattığını gördü.
Yesu kɔɔ Petro fie. Ɔkɔtoo sɛ huraeɛ akyere Petro ase baa ma ɔda hɔ.
15 Eline dokununca kadının ateşi düştü. Kadın kalkıp İsa'ya hizmet etmeye başladı.
Yesu sɔɔ ne nsa na amonom, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn.
16 Akşam olunca birçok cinliyi kendisine getirdiler. İsa onlardaki kötü ruhları tek sözle kovdu, hastaların hepsini iyileştirdi.
Saa ɛda no anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkaeɛ no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yeraeɛ, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn.
17 Bu, Peygamber Yeşaya aracılığıyla bildirilen şu söz yerine gelsin diye oldu: “Zayıflıklarımızı O kaldırdı, Hastalıklarımızı O üstlendi.”
Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ, “Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ, na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa” no baa mu.
18 İsa, çevresindeki kalabalığı görünce gölün karşı yakasına geçilmesini buyurdu.
Yesu hunuu sɛ ɛdɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔntwa nkɔ asuogya nohoa.
19 O sırada din bilginlerinden biri O'na yaklaşıp, “Öğretmenim” dedi, “Nereye gidersen, senin ardından geleceğim.”
Ɛhɔ ara Yudani ɔkyerɛkyerɛfoɔ bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyiri!”
20 İsa ona, “Tilkilerin ini, kuşların yuvası var, ama İnsanoğlu'nun başını yaslayacak bir yeri yok” dedi.
Yesu buaa no sɛ, “Sakraman wɔ abɔn, ewiem nnomaa nso wɔ mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!”
21 Başka bir öğrencisi İsa'ya, “Ya Rab, izin ver, önce gidip babamı gömeyim” dedi.
Asuafoɔ no mu baako bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma me kwan na menkɔsie mʼagya ansa na mʼabɛdi wʼakyi.”
22 İsa ona, “Ardımdan gel” dedi. “Bırak ölüleri, kendi ölülerini kendileri gömsün.”
Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufoɔ”.
23 İsa tekneye binince, ardından öğrencileri de bindi.
Yesu saa nyarewa no wieeɛ no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu na nʼasuafoɔ no dii nʼakyi.
24 Gölde ansızın büyük bir fırtına koptu. Öyle ki, dalgalar teknenin üzerinden aşıyordu. İsa bu arada uyuyordu.
Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so. Nanso, na Yesu deɛ, wada.
25 Öğrenciler gidip O'nu uyandırarak, “Ya Rab, kurtar bizi, yoksa öleceğiz!” dediler.
Nʼasuafoɔ no de nteateamu kɔɔ ne nkyɛn, kɔnyanee no kaa sɛ, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”
26 İsa, “Neden korkuyorsunuz, ey kıt imanlılar?” dedi. Sonra kalkıp rüzgarı ve gölü azarladı. Ortalık sütliman oldu.
Yesu nyaneeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua, adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teateaa ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
27 Hepsi hayret içinde kaldı. “Bu nasıl bir adam ki, rüzgar da göl de O'nun sözünü dinliyor?” dediler.
Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”
28 İsa gölün karşı yakasında Gadaralılar'ın memleketine vardı. Orada O'nu mezarlık mağaralardan çıkan iki cinli karşıladı. Bunlar öyle tehlikeliydi ki, kimse o yoldan geçemiyordu.
Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu asuogya wɔ Gadarafoɔ asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so firi amusieeɛ bɛhyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka enti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ.
29 İsa'ya, “Ey Tanrı'nın Oğlu, bizden ne istiyorsun?” diye bağırdılar. “Buraya, vaktinden önce bize işkence etmek için mi geldin?”
Wɔhunuu no pɛ, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam sɛ, “Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na worehwehwɛ afiri yɛn nkyɛn? Woaba ha sɛ worebɛyɛ yɛn ayayadeɛ ɛberɛ a mmerɛ no nsoeɛ anaa?”
30 Onlardan uzakta otlayan büyük bir domuz sürüsü vardı.
Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na mprakokuo bi redidi wɔ nkyɛn baabi.
31 Cinler İsa'ya, “Bizi kovacaksan, şu domuz sürüsüne gönder” diye yalvardılar.
Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wotu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuo yi mu.”
32 İsa onlara, “Gidin!” dedi. Cinler de adamlardan çıkıp domuzların içine girdiler. O anda bütün sürü dik yamaçtan aşağı koşuşarak göle atlayıp boğuldu.
Yesu tiaa wɔn sɛ, “Momfiri!” Ɛhɔ ara ahonhommɔne no firii nnipa no mu, kɔwuraa mprako no mu. Mprakokuo no nyinaa de mmirika sianee bepɔ no, kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn.
33 Domuzları güdenler kaçıp kente gittiler. Cinli adamlarla ilgili haberler dahil, olup bitenlerin hepsini anlattılar.
Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom, kɔkaa deɛ asie no kyerɛɛ nkurɔfoɔ.
34 Bunun üzerine bütün kent halkı İsa'yı karşılamaya çıktı. O'nu görünce bölgelerinden ayrılması için yalvardılar.
Kurom hɔfoɔ no tee deɛ aba no, wɔbɔɔ twi, kɔɔ deɛ Yesu wɔ hɔ no. Wɔhunuu Yesu no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn ɔman mu hɔ nkɔ.

< Matta 8 >