< Markos 13 >

1 İsa tapınaktan çıkarken öğrencilerinden biri O'na, “Öğretmenim” dedi, “Şu güzel taşlara, şu görkemli yapılara bak!”
Yesu refi asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafo no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛnea wɔde abo asiesie afasu no.”
2 İsa ona, “Bu büyük yapıları görüyor musun? Burada taş üstünde taş kalmayacak, hepsi yıkılacak!” dedi.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware de, nanso wobedwiriw saa dan yi agu pasaa.”
3 İsa, Zeytin Dağı'nda, tapınağın karşısında otururken Petrus, Yakup, Yuhanna ve Andreas özel olarak kendisine şunu sordular: “Söyle bize, bu dediklerin ne zaman olacak, bütün bunların gerçekleşmek üzere olduğunu gösteren belirti ne olacak?”
Bere a ɔte Ngo Bepɔw no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bebisaa no se,
4
“Bere bɛn na nea woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnne bi bedi kan aba ansa ana?”
5 İsa onlara anlatmaya başladı: “Sakın kimse sizi saptırmasın” dedi.
Yesu buaa wɔn se, “Monhwɛ yiye na obi annaadaa mo.
6 “Birçokları, ‘Ben O'yum’ diyerek benim adımla gelip birçok kişiyi saptıracaklar.
Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.
7 Savaş gürültüleri, savaş haberleri duyunca korkmayın. Bunların olması gerek, ama bu daha son demek değildir.
Akokoakoko besisi mmaa nyinaa, nanso ɛnyɛ ɛno ne awiei no ho nsɛnkyerɛnne.
8 Ulus ulusa, devlet devlete savaş açacak; yer yer depremler, kıtlıklar olacak. Bunlar, doğum sancılarının başlangıcıdır.
Aman bɛsɔre aman so, na ahenni asɔre ahenni so na asasewosow ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae. Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfiase.
9 “Ama siz kendinize dikkat edin! İnsanlar sizi mahkemelere verecek, havralarda dövecekler. Benden ötürü valilerin, kralların önüne çıkarılacak, böylece onlara tanıklık edeceksiniz.
“Nanso sɛ eyinom fi ase sɛ ɛreba a, monhwɛ yiye! Mobɛkɔ ɔhaw akɛse mu. Esiane sɛ mudi mʼakyi nti, wɔbɛtwe mo akɔ asennii; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanyimfo anim. Saa bere no ne bere pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn.
10 Ne var ki, önce Müjde'nin bütün uluslara duyurulması gerekir.
Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di kan du ɔman biara so ansa na awiei no aba.
11 Sizi tutuklayıp mahkemeye verdiklerinde, ‘Ne söyleyeceğiz?’ diye önceden kaygılanmayın. O anda size ne esinlenirse onu söyleyin. Çünkü konuşan siz değil, Kutsal Ruh olacak.
Na sɛ wɔkyere mo de mo begyina asennii a, munninwene nea mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka nea Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo nea monka.
12 Kardeş kardeşi, baba çocuğunu ölüme teslim edecek. Çocuklar anne babalarına başkaldırıp onları öldürtecek.
“Onua beyi onua ama sɛ wonkum no; agyanom nso beyi wɔn mma ama; mma nso beyi wɔn awofo ama sɛ wonkum wɔn.
13 Benim adımdan ötürü herkes sizden nefret edecek. Ama sonuna kadar dayanan kurtulacaktır.
Na esiane sɛ moyɛ me de nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa.
14 “Yıkıcı iğrenç şeyin, bulunmaması gereken yerde dikildiğini gördüğünüz zaman –okuyan anlasın– Yahudiye'de bulunanlar dağlara kaçsın.
“Enti sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfo, hwɛ yiye! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nguan nkɔ mmepɔw no so.
15 Damda olan, evinden bir şey almak için aşağı inmesin, içeri girmesin.
Wɔn a wɔwɔ wɔn afi mu no nguan a wɔnnsan nnkɔ fie hɔ bio nkɔfa biribiara mmfi hɔ.
16 Tarlada olan, abasını almak için geri dönmesin.
Wɔn a wɔwɔ mfuw mu no nso nnsan wɔn akyi mmɛfa sika anaa ntama wɔ fie.
17 O günlerde gebe olan, çocuk emziren kadınların vay haline!
Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu no nnue.
18 Dua edin ki, kaçışınız kışa rastlamasın.
Na mommɔ mpae na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔw bere.
19 Çünkü o günlerde öyle bir sıkıntı olacak ki, Tanrı'nın var ettiği yaratılışın başlangıcından bu yana böylesi olmamış, bundan sonra da olmayacaktır.
Na ahohia a ɛbɛba saa mmere no mu no, efi bere a Onyankopɔn bɔɔ ade no bi nsii da, na bi nso rensi da.
20 Rab o günleri kısaltmamış olsaydı, hiç kimse kurtulamazdı. Ama Rab, seçilmiş olanlar, kendi seçtiği kişiler uğruna o günleri kısaltmıştır.
“Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso esiane wɔn a wɔayi wɔn no nti, obetwa nna no so.
21 Eğer o zaman biri size, ‘İşte Mesih burada’, ya da, ‘İşte şurada’ derse, inanmayın.
Na sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no ni’ a, mummmua.
22 Çünkü sahte mesihler, sahte peygamberler türeyecek; bunlar, belirtiler ve harikalar yapacaklar. Öyle ki, ellerinden gelse seçilmiş olanları saptıracaklar.
Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre wɔ mo mu na wɔayɛ anwonwade ahorow, na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ankasa ara mma.
23 Ama siz dikkatli olun. İşte size her şeyi önceden söylüyorum.”
Monhwɛ yiye, efisɛ maka biribiara akyerɛ mo!
24 “Ama o günlerde, o sıkıntıdan sonra, ‘Güneş kararacak, Ay ışık vermez olacak, Yıldızlar gökten düşecek, Göksel güçler sarsılacak.’
“Ahohia no akyi no, “‘owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn,
na nsoromma bɛtetew ahwe, na wɔbɛwosow wim abɔde ahorow no.’
26 “O zaman İnsanoğlu'nun bulutlar içinde büyük güç ve görkemle geldiğini görecekler.
“Na nnipa nyinaa behu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne anuonyam nam omununkum mu reba.
27 İnsanoğlu o zaman meleklerini gönderecek, seçtiklerini yeryüzünün bir ucundan göğün öbür ucuna dek, dünyanın dört bucağından toplayacak.
Na mɛsoma mʼabɔfo akɔ wiase mmaa nyinaa, fi ɔsoro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano.
28 “İncir ağacından ders alın. Dalları filizlenip yaprakları sürünce, yaz mevsiminin yakın olduğunu anlarsınız.
“Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ eyi mman foforo, san yi nhaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow abɛn.
29 Aynı şekilde, bu olayların gerçekleştiğini gördüğünüzde bilin ki Tanrı'nın Egemenliği yakındır, kapıdadır.
Sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afi ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn.
30 Size doğrusunu söyleyeyim, bütün bunlar olmadan bu kuşak ortadan kalkmayacak.
Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
31 Yer ve gök ortadan kalkacak, ama benim sözlerim asla ortadan kalkmayacaktır.”
Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛrentwa mu da.
32 “O günü ve o saati, ne gökteki melekler, ne de Oğul bilir; Baba'dan başka kimse bilmez.
“Nanso da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne me ankasa mpo nnim. Agya no nko ara na onim.
33 Dikkat edin, uyanık kalın, dua edin. Çünkü o anın ne zaman geleceğini bilemezsiniz.
Esiane sɛ munnim bere ko a asɛm yi besi nti, munsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no.
34 Bu, yolculuğa çıkan bir adamın durumuna benzer. Evinden ayrılırken kölelerine yetki ve görev verir, kapıdaki nöbetçiye de uyanık kalmasını buyurur.
Me ba no te sɛ ɔbarima bi a otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyɛɛ adwuma maa ne nkoa. Na ɔka kyerɛɛ ne ɔwɛmfo nso se, ɔnwɛn hɔ yiye nkosi sɛ ɔbɛba.
35 Siz de uyanık kalın. Çünkü ev sahibi ne zaman gelecek, akşam mı, gece yarısı mı, horoz öttüğünde mi, sabaha doğru mu, bilemezsiniz.
“Enti mo nso monwɛn, efisɛ munnim bere ko a ofiwura no bɛba. Ebetumi aba sɛ ɔbɛba anwummere, ɔdasu mu, ahemadakye anaa awia.
36 Ansızın gelip sizi uykuda bulmasın!
Sɛ ofu mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda.
37 Size söylediklerimi herkese söylüyorum; uyanık kalın!”
Asɛm a mede agyaw mo ne nnipa nyinaa ni. ‘Monwɛn!’”

< Markos 13 >