< Hâkimler 17 >

1 Efrayim'in dağlık bölgesinde Mika adında bir adam vardı.
Ɔbarima bi tenaa Efraim bepɔ asase so a na wɔfrɛ no Mika.
2 Mika annesine, “Senden çalınan, lanetlediğini duyduğum bin yüz parça gümüş var ya, işte o gümüşler bende, onları ben çaldım” dedi. Annesi, “RAB seni kutsasın, oğlum!” dedi.
Ɛda koro bi, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Metee sɛ wodomee ɔkorɔmfoɔ a ɔwiaa wo nnwetɛbena kilogram dumienu firii wo nkyɛn no. Ɛyɛ, ɛnie. Me ara na mefaeɛ.” Ne maame kaa sɛ, “Awurade nhyira wo sɛ woaka nokorɛ.”
3 Mika bin yüz parça gümüşü annesine geri verdi. Annesi, “Oğlumun bir oyma put, bir de dökme put yaptırabilmesi için gümüşün tamamını RAB'be adıyorum” dedi, “Gümüşü sana geri veriyorum.”
Ɔde sika no maa no no, ne maame no kaa sɛ, “Mede saa nnwetɛbena kilogram dumienu ne fa yi ma Awurade. Mɛma wɔayɛ nsɛsodeɛ ne ohoni a wɔagu de ahyɛ me babarima animuonyam.”
4 Gümüşü Mika'dan geri alan kadın, iki yüz parçasını ayırıp kuyumcuya verdi. Kuyumcu bundan bir oyma, bir de dökme put yaptı. Putlar Mika'nın evine götürüldü.
Enti ne maame de nnwetɛbena ahanu kɔmaa dwetɛdwumfoɔ na ɔde yɛɛ nsɛsodeɛ ne ohoni. Na wɔde sii Mika fie.
5 Mika'nın bir tapınma yeri vardı. Özel aile putları ve bir efod yaptırmış, oğullarından birini de kâhinliğe atamıştı.
Mika yɛɛ asɔreeɛ na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne efiefoɔ ahoni kaa ho. Ɛnna ɔhyɛɛ ne mmammarima no mu baako ɔsɔfoɔ.
6 O dönemde İsrail'de kral yoktu. Herkes kendince doğru olanı yapıyordu.
Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene, enti na nnipa no yɛ deɛ wɔpɛ biara.
7 Yahuda'nın Beytlehem Kenti'nde, Yahudalı bir ailenin yanında geçici olarak yaşayan genç bir Levili vardı.
Ɛda bi, Lewini aberanteɛ bi a ɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda
8 Adam yerleşecek başka bir yer bulmak üzere Yahuda'nın Beytlehem Kenti'nden ayrıldı. Efrayim'in dağlık bölgesinden geçerken Mika'nın evine geldi.
bɛduruu saa beaeɛ hɔ wɔ Efraim asase so a ɔrepɛ baabi pa atena. Ɛbaa sɛ, ɔkɔsoɛɛ Mika fie.
9 Mika, “Nereden geliyorsun?” diye sorunca adam, “Yahuda'nın Beytlehem Kenti'nden geliyorum, Levili'yim, yerleşecek yer arıyorum” dedi.
Mika bisaa no sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Ɔno nso buaa sɛ, “Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem wɔ Yuda na merepɛ baabi matena.”
10 Mika, “Benimle kal” dedi, “Bana danışmanlık ve kâhinlik yap. Seni doyurur, yılda bir takım giysi, on parça da gümüş veririm.” Levili kabul etti.
Mika ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne me ntena ha, na wobɛyɛ agya ne ɔsɔfoɔ ama me. Mɛma wo nnwetɛbena gram ɔha ne dunan afe biara; mɛma wo ntadeɛ ne aduane.”
11 Mika ile kalmaya razı oldu. Mika da ona oğlu gibi davrandı.
Lewini no penee so na ɔbɛyɛɛ sɛ Mika mmammarima no mu baako.
12 Genç Levili'yi kâhinliğe atayarak evine aldı.
Enti, Mika hyɛɛ Lewini no ɔsɔfoɔ, na ɔtenaa Mika fie.
13 Mika, “Şimdi biliyorum ki, RAB bana iyi davranacak” dedi, “Çünkü bir Levili kâhinim var.”
Na Mika kaa sɛ, “Menim sɛ Awurade bɛhyira me, ɛfiri sɛ, mewɔ Lewini a ɔresom sɛ me ɔsɔfoɔ.”

< Hâkimler 17 >