< Hâkimler 12 >

1 Efrayimli erkekler toplanıp Safon'a geçtiler. Yiftah'a, “Ammonlular'la savaşmaya gittiğinde bizi neden çağırmadın?” dediler, “Seni de evini de yakacağız.”
Efraim abusuakuo no boaboaa akodɔm ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: “Adɛn enti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfoɔ? Yɛrebɛhye wo ne wo fie nyinaa pasaa!”
2 Yiftah, “Halkımla ben Ammonlular'a karşı amansız bir savaşa tutuşmuştuk” diye yanıtladı, “Sizi çağırdım, ama gelip beni onların elinden kurtarmadınız.
Yefta buaa sɛ, “Mansotwe no ahyɛaseɛ no, mefrɛɛ mo, nanso moamma. Moammɛboa yɛn wɔ yɛne Amonfoɔ apereapereɛ no mu.
3 Beni kurtarmak istemediğinizi görünce canımı dişime takıp Ammonlular'a karşı harekete geçtim. Sonunda RAB onları elime teslim etti. Neden bugün benimle savaşmaya kalkışıyorsunuz?”
Mede me nkwa too me nsam kɔkoeɛ a monnka ho, nanso Awurade ma medii Amonfoɔ so nkonim. Na adɛn enti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?”
4 Bundan sonra Yiftah Gilat erkeklerini toplayarak Efrayimoğulları'yla savaşa girdi. Gilatlılar Efrayimoğulları'na saldırdılar. Çünkü Efrayimoğulları onlara, “Ey Efrayim ve Manaşşe halkları arasında yaşayan Gilatlılar, siz Efrayim'den kaçan döneklersiniz!” demişlerdi.
Efraimfoɔ ntuanofoɔ no buaa sɛ, “Gileadfoɔ nyɛ nnipa biara sɛ adwanefoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase.” Enti Yefta frɛɛ nʼakodɔm, wɔto hyɛɛ Efraimfoɔ so, dii wɔn so nkonim.
5 Şeria Irmağı'nın Efrayim'e yol veren geçitlerini tutan Gilatlılar, geçmek isteyen Efrayimli kaçaklara, “Efrayimli misin?” diye sorarlardı. Adamlar, “Hayır” derlerse,
Yefta ko faa Yordan aworɔso. Ɛberɛ biara a odwanefoɔ bi a ɔfiri Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ dwane kɔ nʼakyi no, Gileadfoɔ no bisa no sɛ, “Wofiri Efraim abusua mu anaa?” Sɛ ɔbarima no bua sɛ, “Dabi” a,
6 o zaman onlara, “‘Şibbolet’ deyin bakalım” derlerdi. Adamlar “Sibbolet” derdi. Çünkü “Şibbolet” sözcüğünü doğru söyleyemezlerdi. Bunun üzerine onları yakalayıp Şeria Irmağı'nın geçitlerinde öldürürlerdi. O gün Efrayimliler'den kırk iki bin kişi öldürüldü.
wɔka kyerɛ no sɛ, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ɔfiri Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Ɛfiri sɛ, nnipa a wɔfiri Efraim no ntumi nka saa asɛm no yie. Sɛ ɛba saa a, na wɔakye no akɔkum no wɔ Asubɔnten Yordan aworɔso hɔ. Enti, Efraimfoɔ ɔpeduanan mmienu na wɔkunkumm wɔn saa ɛberɛ no.
7 Gilatlı Yiftah İsrail'i altı yıl yönetti. Ölünce Gilat kentlerinden birinde gömüldü.
Yefta yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ nsia. Ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Gilead nkuro no baako so.
8 Ondan sonra İsrail'in başına Beytlehemli İvsan geçti.
Yefta akyi no, Ibsan na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. Ɔtenaa Betlehem.
9 İvsan'ın otuz oğlu, otuz kızı vardı. İvsan kızlarını başka boylara verdi, oğullarına da başka boylardan kızlar aldı. İsrail'i yedi yıl yönetti.
Na ɔwɔ mmammarima aduasa ne mmammaa nso aduasa. Ɔmaa ne mmammaa no warewaree firii mmusua foforɔ mu. Ne mmammarima no deɛ, ɔfaa mmaabunu aduasa firii mmusua foforɔ mu ma wɔbɛwarewaree wɔn. Ibsan buu Israel atɛn mfeɛ nson.
10 Ölünce Beytlehem'de gömüldü.
Ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Betlehem.
11 Ondan sonra İsrail'in başına Zevulun oymağından Elon geçti. Elon İsrail'i on yıl yönetti.
Ibsan akyi no, Elon a ɔfiri Sebulon na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. Ɔbuu Israel atɛn mfeɛ edu.
12 Ölünce Zevulun topraklarında, Ayalon'da gömüldü.
Ɛberɛ a ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Ayalon, Sebulon asase so.
13 Onun ardından İsrail'in başına Piratonlu Hillel oğlu Avdon geçti.
Elon wuo akyi no, Hilel babarima Abdon a ɔfiri Piraton na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel.
14 Avdon'un kırk oğlu, otuz torunu ve bunların bindiği yetmiş eşeği vardı. İsrail'i sekiz yıl yönetti.
Ɔnyaa mmammarima aduanan ne mmanananom aduasa a na wɔn mu biara tena mfunumu so. Ɔyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel mfeɛ nwɔtwe.
15 Piratonlu Hillel oğlu Avdon ölünce Amalekliler'e ait dağlık bölgenin Efrayim yöresindeki Piraton'da gömüldü.
Ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfoɔ bepɔ asase no so.

< Hâkimler 12 >