< Yeşu 6 >

1 Eriha Kenti'nin kapıları İsrailliler yüzünden sımsıkı kapatılmıştı. Ne giren vardı, ne de çıkan.
Wɔtotoo Yeriko apono mu pampee, ɛfiri sɛ na wɔsuro Israelfoɔ no. Wɔamma obiara ɛkwan ma wankɔ mu anaa wamfiri adi.
2 RAB Yeşu'ya, “İşte Eriha'yı, kralını ve yiğit savaşçılarını senin eline teslim ediyorum” dedi,
Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Mede Yeriko, ɛhɔ ɔhene ne ɛhɔ akofoɔ nyinaa ahyɛ wo nsa.
3 “Siz savaşçılar, kentin çevresini günde bir kez olmak üzere altı gün dolanacaksınız.
Ma wʼasraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkorɔ ɛda biara nna nsia.
4 Koç boynuzundan yapılmış birer boru taşıyan yedi kâhin sandığın önünden gitsin. Yedinci gün kentin çevresini yedi kez dolanın; bu arada kâhinler borularını çalsınlar.
Asɔfoɔ baason a obiara kura nnwennini abɛn bɛdi Adaka no anim. Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mprɛnson, a asɔfoɔ no rehyɛn nnwennini mmɛn no.
5 Kâhinlerin koç boynuzu borularını uzun uzun çaldıklarını işittiğinizde, bütün halk yüksek sesle bağırsın. O zaman kentin surları çökecek ve herkes bulunduğu yerden dosdoğru kente girecek.”
Sɛ mote sɛ asɔfoɔ no hyɛn mmɛn no dendeenden ma ɛkyɛre a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasuo nyinaa bɛdwiri agu fam, na nnipa no bɛtumi ato ahyɛ kuropɔn no so.”
6 Nun oğlu Yeşu kâhinleri çağırıp, “RAB'bin Antlaşma Sandığı'nı alın” dedi, “Yedi kâhin, ellerinde koç boynuzu borularla sandığın önünde yürüsün.”
Na Yosua frɛɛ asɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa Awurade Apam Adaka no na mo mu baason nni animu a obiara kura nnwennini abɛn.”
7 Sonra halka, “Kalkın, kentin çevresini dolanmaya başlayın” dedi, “Silahlı öncüler RAB'bin Sandığı'nın önünden gitsin.”
Enti, ɔhyɛɛ nnipa no sɛ, “Mommɔ nsra mfa kuropɔn no ho na wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bɛdi Awurade adaka no anim.”
8 Yeşu'nun bunları halka söylemesinden sonra, koç boynuzu birer boru taşıyan yedi kâhin borularını çalarak RAB'bin önünde ilerlemeye başladılar. Onları RAB'bin Antlaşma Sandığı izliyordu.
Yosua kasa kyerɛɛ nnipa no wieeɛ no, asɔfoɔ baason a wɔkura nnwennini mmɛn no hyɛɛ aseɛ bɔɔ nsra wɔ Awurade anim a wɔrehyɛn mmɛn no. Na asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no dii wɔn akyi.
9 Silahlı öncüler boru çalan kâhinlerin önünden, artçılar da sandığın arkasından ilerliyor, bu arada borular çalınıyordu.
Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ no a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na ebi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔso Adaka no akyi wɔ ɛberɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛn mmɛn no.
10 Yeşu halka şu buyruğu verdi: “Savaş naraları atmayın, sesinizi yükseltmeyin. ‘Bağırın’ diyeceğim güne dek ağzınızdan tek bir söz çıkmasın. Buyruğumu duyunca bağırın.”
Yosua hyɛɛ sɛ, “Monnteam na monnkasa mpo. Mommma asɛm biara mfiri mo anom, kɔsi sɛ mɛka akyerɛ mo sɛ monteam na moateam.”
11 Halk RAB'bin Sandığı'yla birlikte kentin çevresini bir kez dolandı, sonra ordugaha dönüp geceyi orada geçirdi.
Enti, ɛda no, wɔsoaa Awurade Adaka no twaa kuropɔn no ho prɛko. Na afei obiara sane kɔɔ atenaeɛ hɔ kɔhomee anadwo no.
12 Ertesi sabah Yeşu erkenden kalktı. Kâhinler de RAB'bin Sandığı'nı yüklendiler.
Adeɛ kyeeɛ no, Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa Awurade Adaka no bio.
13 Koç boynuzu borular taşıyan yedi kâhin RAB'bin Sandığı'nın önünde ilerliyor, bir yandan da borularını çalıyorlardı. Silahlı öncüler onların önünden gidiyor, artçılar da RAB'bin Sandığı'nı izliyordu. Bu arada borular sürekli çalınıyordu.
Asɔfoɔ baason a wɔkurakura nnwennini mmɛn no bɔɔ nsra wɔ Awurade Adaka no anim wɔ ɛberɛ a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔkurakura mmɛn no anim ne Awurade Adaka no akyi. Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ no rehyɛne wɔn mmɛn no.
14 Böylece ikinci gün de kentin çevresini bir kez dolanıp ordugaha döndüler. Aynı şeyi altı gün yinelediler.
Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho prɛko, na wɔsane kɔɔ atenaeɛ hɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ saa ara nnansia.
15 Yedinci gün erkenden, şafak sökerken kalkıp kentin çevresini aynı şekilde yedi kez dolandılar. Kentin çevresini yalnız o gün yedi kez dolandılar.
Ɛda a ɛtɔ so nson no, Israelfoɔ no sɔree anɔpahema, bɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho hyiaeɛ, sɛdeɛ wɔayɛ dada no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho mprɛnson.
16 Kâhinler yedinci turda borularını çalınca, Yeşu halka, “Bağırın! RAB kenti size verdi” dedi,
Ne mprɛnson so no, ɛberɛ a asɔfoɔ no hyɛnee wɔn mmɛn dendeenden ma ɛkyɛreeɛ no, Yosua hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monteateam! Na Awurade de kuropɔn no ama mo!
17 “Kent, içindeki her şeyle birlikte, RAB'be koşulsuz adanmıştır. Yalnız gönderdiğimiz ulakları saklamış olan fahişe Rahav'la evindekiler sağ bırakılacak.
Kuropɔn no ne emu nneɛma no, ɛsɛ sɛ mosɛe ne nyinaa sɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade. Odwamanfoɔ Rahab ne nʼafifoɔ nko na ɛsɛ sɛ wɔgyaa wɔn, ɛfiri sɛ, ɔbɔɔ akwansrafoɔ no ho ban.
18 Sakın RAB'be adanan herhangi bir şeye el sürmeyin. Adadığınız şeyleri alırsanız İsrail'in ordugahını felakete ve yıkıma sürüklersiniz.
Mommfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa.
19 Bütün altınla gümüş, tunç ve demir eşya RAB'be ayrılmıştır. Bunlar RAB'bin hazinesine girecek.”
Biribiara a wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ no yɛ kronkron ma Awurade, enti ɛsɛ sɛ wɔde ba nʼadekoradan mu.”
20 Halk bağırmaya başladı, kâhinler de borularını çaldılar. Boru sesini işiten halk daha yüksek sesle bağırdı. Kentin surları çöktü. Herkes bulunduğu yerden dosdoğru kente girdi. Böylece kenti ele geçirdiler.
Ɛberɛ a nnipa no tee mmɛn no nnyegyeeɛ no, wɔteateaam dendeenden sɛdeɛ wɔbɛtumi. Prɛko pɛ Yeriko afasuo no dwiri guu fam maa Israelfoɔ no firi afanan nyinaa to hyɛɛ kuropɔn no so na wɔfaeɛ.
21 Kadın erkek, genç yaşlı, küçük ve büyük baş hayvanlardan eşeklere dek, kentte ne kadar canlı varsa, hepsini kılıçtan geçirip yok ettiler.
Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie, nnwan, mfunumu ne biribiara.
22 Yeşu ülkeye casus olarak gönderdiği iki adama, “O fahişenin evine gidin, ant içtiğiniz gibi, kadını ve bütün yakınlarını dışarı çıkarın” dedi.
Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafoɔ baanu no sɛ, “Monni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ odwamanfoɔ no fie na monkɔfa no ne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra.”
23 Eve giren genç casuslar Rahav'ı, annesini, babasını, erkek kardeşleriyle bütün akrabalarını ve kendisine ait olan her şeyi alıp İsrail ordugahının yakınına getirdiler.
Mmeranteɛ no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne maame, ne nuammarima ne abusuafoɔ a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa baeɛ. Wɔde abusuafoɔ no nyinaa kɔsiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfoɔ atenaeɛ.
24 Sonra kenti içindekilerle birlikte ateşe verdiler. Ancak altını ve gümüşü, tunç ve demir eşyayı RAB'bin Tapınağı'nın hazinesine koydular.
Afei, Israelfoɔ no hyee kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhye no yɛ deɛ wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ. Wɔde ne nyinaa kɔsiee Awurade fie adekoradan mu.
25 Yeşu fahişe Rahav'a, babasının ev halkıyla yakınlarına dokunmadı. Yeşu'nun Eriha'yı araştırmak için gönderdiği ulakları saklayan Rahav, bugün de İsrailliler'in arasında yaşıyor.
Enti, Yosua amfa ne nsa anka odwamanfoɔ Rahab ne nʼabusuafoɔ a na wɔka ne ho wɔ efie no, ɛfiri sɛ, ɔde akwansrafoɔ a Yosua somaa wɔn Yeriko no sieeɛ. Enti, ɔte Israelfoɔ mu bɛsi ɛnnɛ.
26 Bundan sonra Yeşu şöyle ant içti: “Bu kenti, Eriha'yı yeniden kurmaya kalkışan, RAB'bin lanetine uğrasın. Buna kalkışan kişi büyük oğlunu kaybetme pahasına temel atacak, en küçük oğlunu kaybetme pahasına da kentin kapılarını yerine takacak.”
Saa ɛberɛ no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio. “Ɔde nʼabakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde nʼakumaa na ɛbɛsisi ano apono.”
27 RAB Yeşu'yla birlikteydi. Yeşu'nun ünü ülkenin her yanına yayıldı.
Na Awurade kaa Yosua ho na ne din hyetaa asase no so nyinaa.

< Yeşu 6 >