< Yeşu 17 >

1 Yusuf'un büyük oğlu Manaşşe'nin oymağı için kura çekildi. –Gilat ve Başan, Manaşşe'nin ilk oğlu Makir'e verilmişti. Çünkü Gilatlılar'ın atası olan Makir büyük bir savaşçıydı.–
Wɔde asase no fa a ɛda atɔeɛ fam no maa Manase abusuakuo no fa a ɔyɛ Yosef babarima panin no asefoɔ. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apueeɛ fam no ama Makir abusua no dada, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔkofoni kɛseɛ. (Na Makir yɛ Manase babarima panin ne Gilead agya.)
2 Manaşşe soyundan gelen öbürleri –Aviezer, Helek, Asriel, Şekem, Hefer ve Şemidaoğulları– bu kuranın içindeydi. Bunlar boylarına göre Yusuf oğlu Manaşşe'nin erkek çocuklarıydı.
Asase a ɛda Yordan atɔeɛ fam no, wɔde maa mmusua nkaeɛ a wɔwɔ Manase abusuakuo mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida.
3 Bunlardan Manaşşe oğlu, Makir oğlu, Gilat oğlu, Hefer oğlu Selofhat'ın erkek çocuğu olmadı; yalnız Mahla, Noa, Hogla, Milka ve Tirsa adında kızları vardı.
Nanso, Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no na ɔnni mmammarima. Mmom, na ɔwɔ mmammaa baanum. Na wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
4 Bunlar, Kâhin Elazar'a, Nun oğlu Yeşu'ya ve önderlere gidip şöyle dediler: “RAB, Musa'ya erkek akrabalarımızla birlikte bize de mirastan pay verilmesini buyurdu.” RAB'bin bu buyruğu üzerine Yeşu, amcalarıyla birlikte onlara da mirastan pay verdi.
Saa mmaa yi baa ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuo mu no agyapadeɛ.” Enti, Yosua maa wɔne wɔn agyanom agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no.
5 Böylece Manaşşe oymağına Şeria Irmağı'nın doğusundaki Gilat ve Başan bölgelerinden başka on pay verildi.
Ɛno enti Manase agyapadeɛ bɛyɛɛ nsasetea edu a Gilead ne Basan a ɛdeda Asubɔnten Yordan agya no ka ho,
6 Çünkü Manaşşe'nin kız torunları da erkek torunların yanısıra mirastan pay almışlardı. Gilat bölgesi ise Manaşşe'nin öbür oğullarına verilmişti.
ɛfiri sɛ, Manase asefoɔ a wɔyɛ mmaa no ne wɔn a wɔyɛ mmarima nyaa agyapadeɛ. (Wɔde Gilead asase no maa Manase asefoɔ a wɔyɛ mmarima nkaeɛ no).
7 Manaşşe sınırı Aşer sınırından Şekem yakınındaki Mikmetat'a uzanıyor, buradan güneye kıvrılarak Eyn-Tappuah halkının topraklarına varıyordu.
Manase abusuakuo no ɛhyeɛ no firi Aser ɛhyeɛ ano kɔsi Mikmetat, a ɛwɔ Sekem apueeɛ fam. Afei, ɛhyeɛ no firi Mikmetat kɔ anafoɔ fam, kɔsi nnipa a wɔte bɛn Tapua asuo no ho no.
8 Tappuah Kenti'ni çevreleyen topraklar Manaşşe'nindi. Ama Manaşşe sınırındaki Tappuah Kenti Efrayimoğulları'na aitti.
(Asase a atwa Tapua ho ahyia no yɛ Manase dea, nanso, Tapua kuro no a ɛda Manase mantam no ɛhyeɛ so no yɛ Efraim abusuakuo no dea.)
9 Sonra sınır Kana Vadisi'ne iniyordu. Vadinin güneyinde Manaşşe kentleri arasında Efrayim'e ait kentler de vardı. Manaşşe sınırları vadinin kuzeyi boyunca uzanarak Akdeniz'de son buluyordu.
Manase ɛhyeɛ no firi Tapua asuo no, nenam Kana suka atifi kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. (Nkuro bebree a ɛwɔ Manase mantam mu no yɛ Efraim abusuakuo no dea.)
10 Güneydeki topraklar Efrayim'in, kuzeydeki topraklarsa Manaşşe'nindi. Böylece Manaşşe bölgesi Akdeniz'le, kuzeyde Aşer'le ve doğuda İssakar'la sınırlanmıştı.
Asase a ɛda suka no anafoɔ fam no yɛ Efraim dea, na deɛ ɛda atifi fam nso wɔ Manase, na Ɛpo kɛseɛ no yɛ Manase asase no ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam. Aser asase no da Manase deɛ no atifi fam, na Isakar asase no nso da apueeɛ fam.
11 İssakar ve Aşer'e ait topraklardaki Beytşean ve köyleri, Yivleam'la köyleri, Dor, yani Dor sırtları halkıyla köyleri, Eyn-Dor halkıyla köyleri, Taanak halkıyla köyleri, Megiddo halkıyla köyleri Manaşşe'ye aitti.
Wɔde saa nkuro a ɛwɔ Isakar ne Aser mantam mu no maa Manase: Bet-Sean, Yibleam, Dor (a ɛyɛ Nafɔt Dor), En-Dor, Taanak ne Megido ne wɔn nkuraaseɛ.
12 Ne var ki, Manaşşeoğulları bu kentleri tümüyle ele geçiremediler. Çünkü Kenanlılar buralarda yaşamaya kararlıydı.
Nanso, Manase asefoɔ no antumi amfa saa nkuro yi. Wɔantumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte hɔ no.
13 İsrailliler güçlenince, Kenanlılar'ı sürecek yerde, onları angaryasına çalıştırmaya başladılar.
Akyire yi, ɛberɛ a Israelfoɔ nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Nanso, wɔampamo wɔn amfiri asase no so.
14 Yusufoğulları Yeşu'ya gelip, “Mülk olarak bize neden tek kurayla tek pay verdin?” dediler, “Çok kalabalığız. Çünkü RAB bizi bugüne dek alabildiğine çoğalttı.”
Yosef asefoɔ baa Yosua nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na woama yɛn asaseta baako pɛ wɔ ɛberɛ a Awurade ama yɛn ase adɔre?”
15 Yeşu, “O kadar kalabalıksanız ve Efrayim'in dağlık bölgesi size dar geliyorsa, Perizliler'in ve Refalılar'ın topraklarındaki ormanlara çıkıp kendinize yer açın” diye karşılık verdi.
Yosua buaa sɛ, “Sɛ Efraim bepɔ asase no sua ma mo dea, monkɔdɔ kwaeɛ a Perisifoɔ ne Refaimfoɔ te so no.”
16 Yusufoğulları, “Dağlık bölge bize yetmiyor” dediler, “Ancak hem Beytşean ve köylerinde, hem de Yizreel Vadisi'nde oturanların, ovada yaşayan bütün Kenanlılar'ın demirden savaş arabaları var.”
Na wɔbuaa sɛ, “Bepɔ so asase no sua ma yɛn, na Kanaanfoɔ a wɔwɔ bepɔ no ase nsase a atwa Bet-Sean ne Yesreel bɔnhwa ho ahyia no wɔ nnadeɛ nteaseɛnam na wɔn ho yɛ den dodo ma yɛn.”
17 Yeşu Yusufoğulları'na, Efrayim ve Manaşşe oymaklarına şöyle dedi: “Kalabalıksınız ve çok güçlüsünüz. Tek kuraya kalmayacaksınız.
Na Yosua ka kyerɛɛ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ no sɛ, “Esiane sɛ mo dɔɔso na mo ho yɛ den enti, mobɛnya nsasetam no bi aka baako no ho.
18 Dağlık bölge de sizin olacak. Orası ormanlıktır, ama ağaçları kesip açacağınız bütün topraklar sizin olur. Kenanlılar güçlüdür, demirden savaş arabalarına sahiptirler ama, yine de onları sürersiniz.”
Wɔde kwaeɛ a ɛda bepɔ no so no bɛka mo ho. Monnɔ asase no sɛdeɛ mobɛtumi biara na montena hɔ. Ɛwom sɛ Kanaanfoɔ no ho yɛ den na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam, nanso mewɔ awerɛhyɛmu sɛ mobɛtumi apamo wɔn afiri bɔnhwa no mu.”

< Yeşu 17 >