< Yunus 3 >

1 RAB Yunus'a ikinci kez şöyle seslendi:
Afei, Awurade asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ,
2 “Kalk, Ninova'ya, o büyük kente git ve sana söyleyeceklerimi halka bildir.”
“Kɔ Ninewe kuropɔn kɛseɛ no mu, na kɔpae mu ka asɛm a mede rema wo yi.”
3 Yunus RAB'bin sözü uyarınca kalkıp Ninova'ya gitti. Ninova öyle büyük bir kentti ki, ancak üç günde dolaşılabilirdi.
Yona yɛɛ ɔsetie maa Awurade asɛm no, na ɔkɔɔ Ninewe. Na Ninewe yɛ kuropɔn titire a wɔde nnansa na ɛhunu hɔ nyinaa.
4 Yunus kente girip dolaşmaya başladı. Bir gün geçince, “Kırk gün sonra Ninova yıkılacak!” diye ilan etti.
Ɛda a ɛdi ɛkan no, Yona hyɛnee kuropɔn no mu, na ɔhyɛɛ aseɛ paee mu kaa sɛ, “Aka adaduanan na wɔadane Ninewe abutu.”
5 Ninova halkı Tanrı'ya inandı. Oruç ilan ederek büyüğünden küçüğüne hepsi çula sarındı.
Ninewefoɔ gyee Onyankopɔn diiɛ. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bɛdi abuada, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi ɔketewa so, na wɔafirafira ayitoma.
6 Ninova Kralı olanları duyunca, tahtından kalkıp kaftanını çıkardı; çula sarınarak küle oturdu.
Ɛberɛ a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre firii nʼahennwa so, ɔworɔɔ nʼahenetadeɛ, Ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa mfuturo mu.
7 Ardından Ninova'da şu buyruğu yayımladı: “Kral ve soyluların buyruğudur: Hiçbir insan ya da hayvan –ister sığır, ister davar olsun– ağzına bir şey koymayacak, otlamayacak, içmeyecek.
Afei, ɔmaa wɔbɔɔ dawuro wɔ Ninewe sɛ, “Mmara a ɛfiri ɔhene ne nʼatitire hɔ nie: “Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuo anaa nnwankuo, mmfa hwee nka nʼano; mma ɔnnnidi anaa ɔnnom.
8 Bütün insanlar ve hayvanlar çula sarınsın. Herkes var gücüyle Tanrı'ya yakararak kötü yoldan, zorbalıktan vazgeçsin.
Na mmom nnipa ne mmoa mfa ayitoma nkata wɔn ho. Obiara mfa anibereɛ nsu mfrɛ Onyankopɔn. Wɔn mfiri wɔn akwammɔne so, na wɔnnyae basabasayɛ.
9 Belki o zaman Tanrı fikrini değiştirip bize acır, kızgın öfkesinden döner de yok olmayız.”
Hwan na ɔnim? Ebia, Onyankopɔn bɛhunu yɛn mmɔbɔ, na watwe nʼabufuhyeɛ no a ɔnam so rebɛsɛe yɛn no asan.”
10 Tanrı Ninovalılar'ın yaptıklarını, kötü yoldan döndüklerini görünce, onlara acıdı, yapacağını söylediği kötülükten vazgeçti.
Na Onyankopɔn hunuu sɛdeɛ wɔyɛeɛ ne sɛdeɛ wɔsane firii wɔn akwammɔne ho no, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe wɔn sɛdeɛ ɔkaeɛ no.

< Yunus 3 >