< Yeremya 23 >

1 “Otlağımın koyunlarını yok edip dağıtan çobanların vay başına!” diyor RAB.
“Nnome nka nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe na wɔhwete me nnwankuo no” Awurade na ɔseɛ.
2 Halkımı güden çobanlar için İsrail'in Tanrısı RAB şöyle diyor: “Sürümü dağıtıp sürdünüz, onlarla ilgilenmediniz. Şimdi ben sizinle ilgileneceğim, yaptığınız kötülük yüzünden sizi cezalandıracağım.” RAB böyle diyor.
Ɛno enti yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me nkurɔfoɔ so nie: “Esiane sɛ, moabɔ me nnwankuo ahweteɛ, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yie no enti, mede asotwe bɛbrɛ mo wɔ mo bɔne a moayɛ no nti,” deɛ Awurade seɛ nie.
3 “Sürmüş olduğum bütün ülkelerden sürümün sağ kalanlarını toplayıp otlaklarına geri getireceğim; orada verimli olup çoğalacaklar.
“Me ara ankasa mɛboaboa me nnwan nkaeɛ no afifiri aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛ.
4 Onları güdecek çobanlar koyacağım başlarına. Bundan böyle korkmayacak, yılgınlığa düşmeyecekler. Bir tanesi bile eksilmeyecek” diyor RAB.
Na mɛyi nnwanhwɛfoɔ a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” Awurade na ɔseɛ.
5 “İşte Davut için doğru bir dal Çıkaracağım günler geliyor” diyor RAB. “Bu kral bilgece egemenlik sürecek, Ülkede adil ve doğru olanı yapacak.
“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛma tenenee dubaa bi so ama Dawid, ɔhene bi a ɔbɛdi adeɛ nyansa mu na wayɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase yi so.
6 Onun döneminde Yahuda kurtulacak, İsrail güvenlik içinde yaşayacak. O, ‘Yahve sidkenu’ adıyla anılacak.
Ne mmerɛ so, wɔbɛgye Yuda nkwa na Israel bɛtena ase wɔ asomdwoeɛ mu. Yei ne edin a wɔde bɛfrɛ no: Awurade Yɛn Tenenee.
7 “Artık insanların, ‘İsrail halkını Mısır'dan çıkaran RAB'bin varlığı hakkı için’ demeyecekleri günler geliyor” diyor RAB.
Na afei nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a nnipa renka bio sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,’
8 “Bunun yerine, ‘İsrail soyunu kuzey ülkesinden ve sürdüğü bütün öbür ülkelerden geri getiren RAB'bin varlığı hakkı için’ diyecekler. Böylece kendi topraklarında yaşayacaklar.”
na mmom, wɔbɛka sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israel asefoɔ firii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpamoo wɔn kɔɔ hɔ no so.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”
9 Peygamberlere gelince, Yüreğim paramparça, Bütün kemiklerim titriyor. RAB'bin yüzünden, O'nun kutsal sözleri yüzünden Sarhoş gibi, Şaraba yenik düşen bir adam gibiyim.
Ɛfa adiyifoɔ no ho no: Mʼakoma abubu wɔ me mu; me nnompe nyinaa woso. Mete sɛ ɔsabofoɔ, mete sɛ obi a nsã aboro noɔ, ɛsiane Awurade ne ne nsɛm kronkron no enti.
10 Çünkü ülke zina edenlerle dolu, Lanet yüzünden yas tutuyor. Otlaklar kurumuş. İzledikleri yol kötü, Güçlerini haksızca kullanıyorlar.
Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma; nnome no enti asase no awo wesee adidibea a ɛwɔ anweatam no so ahye. Adiyifoɔ no nam ɛkwan bɔne so de wɔn tumi yɛ deɛ ɛntene.
11 “Peygamber de kâhin de tanrısız; Tapınağımda bile kötülüklerini gördüm” diyor RAB.
“Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Onyankopɔn; mʼasɔredan mu mpo mehunu wɔn amumuyɛsɛm,” Awurade na ɔseɛ.
12 “Bu yüzden izledikleri yol Onlar için kaygan olacak; Karanlığa sürülecek, Orada tökezleyip düşecekler. Çünkü cezalandırılacakları yıl Başlarına felaket getireceğim” diyor RAB.
“Ɛno enti, wɔn ɛkwan so bɛyɛ torotorotoro; wɔbɛpam wɔn akɔ esum mu na ɛhɔ na wɔbɛhwehwe ase. Mede amanehunu bɛba wɔn so wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,” Awurade na ɔseɛ.
13 “Samiriye peygamberleri arasında Şu iğrençliği gördüm: Baal adına peygamberlik ederek Halkım İsrail'i baştan çıkarıyorlar.
“Samaria adiyifoɔ mu no mehunuu saa atantanneɛ yi: Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm nam so maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ fom ɛkwan.
14 Yeruşalim peygamberleri arasında Şu korkunç şeyi gördüm: Zina ediyorlar, yalan peşindeler. Kötülük edenleri güçlendirdiklerinden, Kimse kötülüğünden dönmüyor. Benim için hepsi Sodom gibi, Yeruşalim halkı Gomora gibi oldu.”
Na Yerusalem adiyifoɔ mu no mahunu adeɛ a ɛyɛ hu: Wɔsɛe awadeɛ na wɔdi atorɔ. Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden, enti obiara nntwe ne ho mfiri nʼamumuyɛsɛm ho. Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me; na Yerusalemfoɔ te sɛ Gomora.”
15 Bu nedenle Her Şeye Egemen RAB peygamberler için şöyle diyor: “Onlara pelinotu yedirecek, Zehirli su içireceğim. Çünkü Yeruşalim peygamberleri Tanrısızlığın bütün ülkeye yayılmasına neden oldular.”
Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ fa adiyifoɔ no ho: “Mema wɔadi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a awuduro wɔ mu, ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ enti, abɔnefosɛm ahyɛ asase yi so ma.”
16 Her Şeye Egemen RAB diyor ki, “Size peygamberlik eden peygamberlerin Dediklerine kulak asmayın, Onlar sizi aldatıyor. RAB'bin ağzından çıkanları değil, Kendi hayal ettikleri görümleri anlatıyorlar.
Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Monntie nkɔm a adiyifoɔ no hyɛ kyerɛ mo; wɔma mo nya anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ. Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehunu, a ɛmfiri Awurade anom.
17 Beni küçümseyenlere sürekli, ‘RAB diyor ki: Size esenlik olacak!’ diyorlar. Yüreklerinin inatçılığı doğrultusunda davrananlara, ‘Başınıza felaket gelmeyecek’ diyorlar.
Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔbu me animtia sɛ, ‘Awurade se: Mobɛnya asomdwoeɛ.’ Na wɔn a wɔdi wɔn akomadenyɛ akyi no nyinaa, wɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’
18 RAB'bin sözünü duyup anlamak için RAB'bin meclisinde kim bulundu ki? O'nun sözüne kulak verip duyan kim?
Na wɔn mu hwan na waka Awurade agyinatufoɔ ho sɛ ɔbɛhwɛ anaa ɔbɛtie nʼasɛm? Hwan na wayɛ aso ate nʼasɛm?
19 İşte, RAB'bin fırtınası öfkeyle kopacak, Kasırgası döne döne kötülerin başına patlayacak.
Hwɛ, Awurade ahum bɛtu abufuhyeɛ mu, ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ amumuyɛfoɔ mpampam.
20 Aklının tasarladığını tümüyle yapana dek RAB'bin öfkesi dinmeyecek. Son günlerde açıkça anlayacaksınız bunu.
Awurade abufuo rennwo kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte aseɛ yie.
21 Bu peygamberleri ben göndermedim, Ama çabucak ortaya çıktılar. Onlara hiç seslenmedim, Yine de peygamberlik ettiler.
Mansoma saa adiyifoɔ yi, nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyini; manto wɔn nkra biara, nanso wɔahyɛ nkɔm.
22 Ama meclisimde dursalardı, Sözlerimi halkıma bildirir, Onları kötü yollarından ve davranışlarından Döndürürlerdi.
Sɛ wɔkaa mʼagyinatufoɔ ho a, anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfoɔ na ama wɔatwe wɔn ho afiri wɔn akwammɔne ne wɔn nneyɛɛ bɔne ho.
23 Ben yalnızca yakındaki Tanrı mıyım? Uzaktaki Tanrı da değil miyim?” diyor RAB,
“Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,” Awurade na ɔseɛ, “na mennyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso?
24 “Kim gizli yere saklanır da Onu görmem?” diyor RAB, “Yeri göğü doldurmuyor muyum?” diyor RAB.
Obi bɛtumi de ne ho asie baabi a merentumi nhunu no anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma anaa?” Awurade na ɔseɛ.
25 “Adımla yalancı peygamberlik edenlerin ne dediklerini duydum. ‘Bir düş gördüm! Bir düş!’ diyorlar.
“Mate deɛ adiyifoɔ a wɔde medin hyɛ nkɔmtorɔ no keka. Wɔkeka sɛ, ‘Mesoo daeɛ! Mesoo daeɛ!’
26 Kafalarından uydurdukları hileleri aktaran bu yalancı peygamberler ne zamana dek sürdürecekler bunu?
Yei bɛkɔ so akɔsi da bɛn wɔ atorɔ adiyifoɔ yi akoma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm?
27 Ataları nasıl Baal yüzünden adımı unuttuysa, onlar da birbirlerine düşlerini anlatarak halkıma adımı unutturmayı tasarlıyorlar.
Wɔdwene sɛ daeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfoɔ werɛ afiri me din, sɛdeɛ Baalsom enti wɔn agyanom werɛ firii me din no.
28 Düşü olan peygamber düşünü anlatsın; ama sözümü alan onu sadakatle bildirsin. Buğdayın yanında saman nedir ki?” diyor RAB.
Ma odiyifoɔ a waso daeɛ no nka nʼadaeso, na ma deɛ ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokorɛm. Na ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ?” Awurade na ɔseɛ.
29 “Benim sözüm ateş gibi değil mi? Kayaları paramparça eden balyoz gibi değil mi?” RAB böyle diyor.
“Na mʼasɛm nte sɛ ogya?” Awurade na ɔseɛ, “Ɛnte sɛ asaeɛ a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete anaa?
30 “İşte bunun için sözlerimi birbirlerinden çalan peygamberlere karşıyım” diyor RAB.
“Ɛno nti,” Awurade na ɔseɛ, “mekyi adiyifoɔ a wɔfa nsɛm a ɛfiri wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛdeɛ ɛfiri me nkyɛn no.
31 “Evet, kendi sözlerini söyleyip, ‘RAB böyle diyor’ diyen peygamberlere karşıyım” diyor RAB.
Aane,” Awurade asɛm nie, “mekyi saa adiyifoɔ a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawoɔ ka sɛ, ‘Awurade na ɔseɛ.’
32 “Uydurma düşler gören peygamberlere karşıyım” diyor RAB. “Bu düşleri anlatıyor, yalanlarla, boş övünmelerle halkımı baştan çıkarıyorlar. Ben onları ne gönderdim, ne de atadım. Bu halka hiç mi hiç yararları yok” diyor RAB.
Nokorɛm, mekyi wɔn a wɔhyɛ adaeɛso ho nkɔmtorɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atorɔ nsɛm daadaa me nkurɔfoɔ ma wɔfom ɛkwan, nso mensomaa wɔn na mennyii wɔn. Wɔn ho nni mfasoɔ mma saa nnipa yi koraa,” Awurade na ɔseɛ.
33 “Halktan biri, bir peygamber ya da kâhin, ‘RAB'bin bildirisi nedir?’ diye sorarsa, ‘Ne bildirisi?’ diye karşılık vereceksin. Sizi başımdan atacağım” diyor RAB.
“Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bisa mo sɛ, ‘Ɛdeɛn ne Awurade adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, Awurade na ɔseɛ.’
34 “Eğer bir peygamber, kâhin ya da başka biri, ‘Bu RAB'bin bildirisidir’ derse, onu da ailesini de cezalandıracağım.
Sɛ odiyifoɔ bi, ɔsɔfoɔ bi anaa obi foforɔ si so dua sɛ, ‘Awurade adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fiefoɔ aso.
35 Her biriniz komşunuza ve kardeşinize, ‘RAB ne yanıt verdi?’ ya da, ‘RAB ne söyledi?’ demelisiniz.
Yei ne deɛ mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘Awurade mmuaeɛ ne sɛn?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na Awurade aka?’
36 Bundan böyle, ‘RAB'bin bildirisi’ lafını ağzınıza almayacaksınız. Herkesin sözü kendi bildirisi olacak. Yaşayan Tanrı'nın, Her Şeye Egemen RAB'bin, Tanrımız'ın sözlerini çarpıtıyorsunuz siz.
Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘Awurade adiyisɛm’ so bio; ɛfiri sɛ, obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa enti modanedane nsɛm a ɛfiri Onyankopɔn, Teasefoɔ, Asafo Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn mu.
37 Bir peygambere, ‘RAB sana ne yanıt verdi?’ ya da, ‘RAB ne söyledi?’ demelisiniz.
Yei ne deɛ mokɔ so ka kyerɛ odiyifoɔ: ‘Mmuaeɛ bɛn na Awurade de ama mo?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na Awurade aka?’
38 Ama, ‘RAB'bin bildirisidir’ derseniz, RAB diyor ki, ‘RAB'bin bildirisidir’ diyorsunuz. Oysa, ‘RAB'bin bildirisidir’ demeyeceksiniz diye sizi uyarmıştım.
Ɛwom, mosi so dua sɛ, ‘Yei ne Awurade adiyisɛm’ nanso sei na Awurade ka: Mokaa sɛ, ‘Yei yɛ Awurade adiyisɛm,’ wɔ ɛberɛ a maka akyerɛ mo sɛ monnka saa nsɛm yi bio.
39 Bu yüzden sizi büsbütün unutacağım, sizi de size ve atalarınıza verdiğim kenti de önümden söküp atacağım.
Afei, nokorɛm, me werɛ bɛfiri mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afiri mʼani so.
40 Sizi hiç unutulmayacak bir utanca düşürecek, sürekli alay konusu edeceğim.”
Na mede daa animguaseɛ, ne daa ahohora a werɛ remfi da bɛba mo so.”

< Yeremya 23 >