< Hezekiel 29 >

1 Sürgünlüğümüzün onuncu yılı, onuncu ayın on ikinci günü RAB bana şöyle seslendi:
Mfeɛ edu so bosome a ɛtɔ so edu no ɛda a ɛtɔ so dumienu no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 “İnsanoğlu, yüzünü firavuna çevir, ona ve Mısır'a karşı peygamberlik et.
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa.
3 Onlara de ki, ‘Egemen RAB şöyle diyor: “‘Kendi kanallarının içinde yatan Büyük canavar firavun, İşte, sana karşıyım. Sen ki, Nil benimdir, Onu kendim için yaptım dersin.
Kasa kyerɛ no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ. “‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao asuboa kɛseɛ a woda wo asutene mu.’” Woka sɛ, “Nil yɛ me dea; meyɛ maa me ho.”
4 Çenelerine çengeller takacak, Kanallarındaki balıkları Senin pullarına yapıştıracağım. Pullarına yapışmış balıklarla birlikte Seni kanallarından çıkaracağım.
Na mede nnarewa bɛsosɔ wʼapantan mu na mama mpataa a ɛwɔ wo asutene mu afenfam wo ho. Mɛtwe wo afiri wo asutene no mu, a mpataa no nyinaa tetare wo ho.
5 Seni de kanallarındaki bütün balıkları da Çöle atacağım. Kırlara düşeceksin, Toplanmayacak, gömülmeyeceksin. Seni yem olarak yabanıl hayvanlara Ve yırtıcı kuşlara vereceğim.
Megya wo hɔ wɔ ɛserɛ no so, wo ne mpataa a wɔwɔ wo asutene mu no nyinaa. Wobɛhwe ase wɔ asase petee mu a wɔrempagya wo bio. Mede wo bɛma asase so mmoa ne ewiem nnomaa sɛ wɔn aduane.
6 O zaman Mısır'da yaşayan herkes Benim RAB olduğumu anlayacak. “‘Çünkü sen İsrail halkına kamış bir değnek oldun.
Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa bɛhunu sɛ mene Awurade no. “‘Woayɛ sɛ demmire poma ama Israel efie.
7 Seni elleriyle tuttuklarında parçalanıp onların omuzlarını yardın. Sana dayandıklarında parçalanıp bellerini burktun.
Wɔde wɔn ho too wo so no, wo mu bukaaeɛ na wowɔɔ wɔn mmatire. Wɔtweree woɔ no, wo mu buiɛ ma wɔn sisi hinhimiiɛ.
8 “‘Bu yüzden Egemen RAB şöyle diyor: Üzerine halkını ve hayvanlarını öldürecek bir kılıç gönderiyorum.
“‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede akofena bɛba abɛtia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa.
9 Mısır kimsesiz bırakılacak, viraneye çevrilecek. O zaman benim RAB olduğumu anlayacaklar. “‘Madem Nil benimdir, onu ben yaptım dedin,
Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade. “‘Ɛfiri sɛ wo kaa sɛ, “Nil yɛ me dea; Me na meyɛeɛ,” enti
10 ben de sana ve kanallarına karşıyım. Mısır'ı Migdol'dan Asvan'a, Kûş sınırına dek kimsesiz bırakacak, viraneye çevireceğim.
me ne wo ne wo asutene anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, ɛfiri Migdol kɔsi Aswan twam de kɔka Kus hyeɛ so.
11 İçinden insan ayağı da, hayvan ayağı da geçmeyecek. Kırk yıl orada kimse yaşamayacak.
Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfeɛ aduanan.
12 Mısır'ı ıssız kalmış ülkeler gibi ıssız bırakacağım. Kentleri, viran olmuş kentler arasında kırk yıl kimsesiz kalacak. Mısırlılar'ı uluslar arasına gönderecek, ülkelere dağıtacağım.
Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛeɛ mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfeɛ aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛeɛ mu. Na mɛbɔ Misraimfoɔ apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so.
13 “‘Egemen RAB şöyle diyor: Kırk yıl sonra onları dağılmış oldukları uluslardan toplayacağım.
“‘Nanso yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mfeɛ aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfoɔ ano afiri aman a mebɔɔ wɔn petee soɔ no so.
14 Sürgündekileri geri getirip Patros'a, yurtlarına döndüreceğim. Orada güçsüz bir krallık oluşturacaklar.
Mede wɔn bɛfiri nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nananom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahennie mu kumaa bi.
15 Krallıkların en güçsüzü olacak, bir daha ulusların üzerinde egemenlik sürmeyecek. Ulusları yönetmesinler diye onları küçük düşüreceğim.
Ɛbɛyɛ ahennie a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahennie a ɛrentumi nni aman foforɔ so.
16 Mısır bir daha İsrail halkının güveneceği bir yer olmayacak. Ancak Mısırlılar onlara Mısır'a dönmekle işledikleri günahı anımsatacaklar. O zaman İsrailliler benim Egemen RAB olduğumu anlayacaklar.’”
Misraim renyɛ ɔman a Israelfoɔ de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛeɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdane no, de pɛɛ mmoa. Afei, wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.’”
17 Sürgünlüğümüzün yirmi yedinci yılı, birinci ayın birinci günü RAB bana şöyle seslendi:
Mfeɛ aduonu nson so, ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
18 “İnsanoğlu, Babil Kralı Nebukadnessar ordusunu Sur Kenti'ne karşı büyük bir saldırıya geçirdi; herkesin saçı döküldü, ağır yük yüzünden omuz derileri yüzüldü. Ama Sur'a karşı ordusunu saldırıya geçirmesine karşın, bundan ne kendisi ne de ordusu yararlandı.
“Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm koo ɔkoden tiaa Tiro, etire biara so pepaeɛ na mmatire nso so popɔreeɛ. Nanso ɔno ne nʼakodɔm no annya hwee amfiri adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu.
19 Bu yüzden Egemen RAB şöyle diyor: Mısır'ı Babil Kralı Nebukadnessar'a vereceğim, onun servetini alıp götürecek. Ordusuna ücret olarak ülkeden yağmaladığı çapul malını dağıtacak.
Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahodeɛ akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼakodɔm.
20 Hizmetine karşılık Mısır'ı ona verdim; çünkü o da ordusu da bana hizmet ettiler. Egemen RAB böyle diyor.
Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, ɛfiri sɛ ɔne nʼakodɔm ko maa me, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
21 “O gün İsrail halkını güçle donatacağım. Onların arasında senin dilini çözeceğim. O zaman benim RAB olduğumu anlayacaklar.”
“Saa ɛda no, mɛma abɛn bi afifiri ama Israel efie, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”

< Hezekiel 29 >