< Hezekiel 11 >

1 Ruh beni yine yukarıya kaldırıp RAB'bin Tapınağı'nın Doğu Kapısı'na götürdü. Kapının giriş bölümünde yirmi beş adam vardı. Aralarında halkın önderlerinden Azzur oğlu Yaazanya'yı, Benaya oğlu Pelatya'yı gördüm.
Afei, honhom no pagyaa me de me baa Awurade efie ɛpono a ani kyerɛ apueeɛ fam no ano. Na mmarima aduonu enum wɔ hɔ, na mehunuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ.
2 RAB bana, “İnsanoğlu, bunlar kötülük tasarlayan ve bu kentte kötü öğüt veren adamlardır” dedi,
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔrebɔ pɔ bɔne na wɔtu fo bɔne wɔ kuropɔn yi mu.
3 “Onlar, ‘Yıkım yakın değil, ev yapmanın zamanıdır. Bu kent kazan, biz de etiz’ diyorlar.
Wɔka sɛ, ‘Ɛberɛ a wɔde sisi afie nnuru so anaa? Kuropɔn no ayɛ sɛ dadesɛn, ɛnna yɛayɛ ɛnam a dadesɛn no bɔ yɛn ho ban.’
4 Bundan ötürü onları uyar, ey insanoğlu, onları uyar.”
Ɛno enti hyɛ nkɔm tia wɔn. Hyɛ nkɔm onipa ba.”
5 Sonra RAB'bin Ruhu üzerime inip şunları söylememi buyurdu: “RAB şöyle diyor: Ey İsrail halkı, neler söylediğinizi ve neler düşündüğünüzü bilirim.
Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ. Menim deɛ moreka, ɛfiri sɛ menim nsusuiɛ a ɛwɔ mo adwene mu.
6 Bu kentte birçok kişi öldürdünüz, kentin sokaklarını ölülerle doldurdunuz.
Moakunkum nnipa bebree wɔ kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyɛ ne mmɔntene so ma.
7 “Bundan ötürü Egemen RAB şöyle diyor: Oraya attığınız ölüler et, kent de kazandır. Ama sizi kentin dışına süreceğim.
“Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Kuro no yɛ dadesɛn deɛ, nanso emu ɛnam no yɛ nnipa a mode atirimuɔden akunkum wɔn apete hɔ. Ɛno enti, mɛpam mo afiri mu.
8 Kılıçtan korktunuz, ama ben üzerinize kılıç göndereceğim. Egemen RAB böyle diyor.
Mosuro akofena, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sei na Awurade seɛ.
9 Sizi kentten çıkarıp yabancıların eline teslim edeceğim. Sizi cezalandıracağım.
Mɛpam mo afiri kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafoɔ nsa, na matwe mo aso.
10 Kılıçla öldürüleceksiniz. Sizi İsrail sınırında cezalandıracağım. O zaman benim RAB olduğumu anlayacaksınız.
Mobɛtotɔ akofena ano, na mɛbu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei, mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
11 Bu kent sizin için kazan olmayacak, siz de onun içinde et olmayacaksınız. Sizi İsrail sınırında cezalandıracağım.
Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛdeɛ dadesɛn bɔ ɛnam a ɛwɔ mu no ho ban; Mɛbu mo atɛn wɔ Israel asase so.
12 O zaman benim RAB olduğumu anlayacaksınız. Kurallarımı izlemediniz, ilkelerime uymadınız; çevrenizdeki ulusların ilkelerine uydunuz.”
Na mobɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛfiri sɛ, moanni mʼahyɛdeɛ so, moapo me mmara, na deɛ aman a atwa mo ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.”
13 Ben peygamberlikte bulunurken Benaya oğlu Pelatya öldü. Yüzüstü yere kapanıp, “Ah, ey Egemen RAB! Geri kalan İsrailliler'i büsbütün mü yok edeceksin?” diye yüksek sesle haykırdım.
Afei ɛberɛ a megu rehyɛ nkɔm no, Benaia babarima Pelatia wuiɛ. Na mede mʼanim butuu fam suu denden sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade, wobɛtɔre Israel nkaeɛfoɔ yi ase koraa anaa?”
14 RAB bana şöyle seslendi:
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
15 “Ey insanoğlu, Yeruşalim'de yaşayanlar senin kardeşlerin, akrabaların ve öbür İsrailliler için, ‘Onlar RAB'den uzaklar, bu ülke mülk olarak bize verildi’ demişler.”
“Onipa ba, wo nua mmarimma, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israel efie nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho sɛ, ‘Saa nkurɔfoɔ a wɔkɔɔ nnommum no ne Awurade ntam ɛkwan ware, ɛno enti na wɔde wɔn asase yi ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’”
16 “Bu yüzden de ki, ‘Egemen RAB şöyle diyor: Onları uzaktaki uluslar arasına gönderdim, ülkeler arasına dağıttım. Öyleyken gittikleri ülkelerde kısa süre için onlara barınak oldum.’
“Ɛno enti ka sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so deɛ, nanso berɛ tiawa bi mu no, meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ soɔ no so.’
17 “De ki, ‘Egemen RAB şöyle diyor: Sizi uluslar arasından toplayacak, dağılmış olduğunuz ülkelerden geri getirecek, İsrail ülkesini yeniden size vereceğim.’
“Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛboaboa mo ano afiri amanaman no ne nsase a mehwetee mo guu soɔ no asane aba, na mede Israel asase bɛsane ama mo.’
18 “Ülkeye dönecek, tiksindirici, iğrenç putları oradan söküp atacaklar.
“Wɔbɛsane aba so na wɔayiyi nsɛsodeɛ tantane ne ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no nyinaa.
19 Onlara tek bir yürek vereceğim, içlerine yeni bir ruh koyacağım. İçlerindeki taş yüreği çıkarıp onlara etten bir yürek vereceğim.
Mɛma wɔn akoma korɔ na mede honhom foforɔ ahyɛ wɔn mu; mɛyi wɔn akomaden no na mama wɔn akoma a ɛyɛ mmrɛ.
20 O zaman kurallarımı izleyecek, ilkelerime uymaya özen gösterecekler. Onlar halkım olacak, ben de onların Tanrısı olacağım.
Afei wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so na wɔahwɛ akora me mmara yie. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn.
21 Tiksindirici, iğrenç putlara gönülden yönelenlere gelince, yaptıklarının aynısını başlarına getireceğim. Böyle diyor Egemen RAB.”
Nanso wɔn a wɔde wɔn akoma ama nsɛsodeɛ tantane ne ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no deɛ, mɛma deɛ wɔayɛ no abɔ wɔn tiri so, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ.”
22 Keruvlar kanatlarını açtı, tekerlekler yanlarında duruyordu. İsrail Tanrısı'nın görkemi onların üzerindeydi.
Afei, Kerubim no ne wɔn ntwahonan trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu, na Israel Onyankopɔn animuonyam konkɔnn wɔn so.
23 RAB'bin görkemi kentin ortasından yükselip kentin doğusundaki dağa kondu.
Awurade animuonyam pagyaa ne ho firii kuropɔn no mu kɔgyinaa bepɔ a ɛwɔ apueeɛ fam no atifi.
24 Görümde Tanrı'nın Ruhu beni yukarı kaldırıp Kildan ülkesindeki sürgünlerin yanına götürdü. Sonra gördüğüm görüm kayboldu.
Honhom no pagyaa me de me baa atukɔfoɔ a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn wɔ anisoadehunu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu. Afei anisoadeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro.
25 Ben de RAB'bin bana gösterdiği her şeyi sürgündekilere anlattım.
Na mekaa biribiara a Awurade yi kyerɛɛ me no kyerɛɛ atukɔfoɔ no.

< Hezekiel 11 >