< Efesliler 4 >

1 Bu nedenle, Rab'bin uğruna tutuklu olan ben, aldığınız çağrıya yaraşır biçimde yaşamanızı rica ederim.
Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no.
2 Her bakımdan alçakgönüllü, yumuşak huylu, sabırlı olun. Birbirinize sevgiyle, hoşgörüyle davranın.
Mommrɛ mo ho ase koraa na munnwo; montɔ mo bo ase, na mo ne obiara ntena wɔ ɔdɔ mu.
3 Ruh'un birliğini esenlik bağıyla korumaya gayret edin.
Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoe hama so bɛma Honhom biakoyɛ no atena mo mu.
4 Çağrınızdan doğan tek bir umuda çağrıldığınız gibi, beden bir, Ruh bir, Rab bir, iman bir, vaftiz bir, her şeyden üstün, her şeyle ve her şeyde olan herkesin Tanrısı ve Babası birdir.
Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidaso baako,
5
Awurade baako, gyidi baako ne asubɔ baako mu no.
6
Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a odi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.
7 Ama lütuf her birimize Mesih'in armağanı ölçüsünde bağışlandı.
Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛnea Kristo akyɛ ama yɛn.
8 Bunun için Kutsal Yazı şöyle der: “Yükseğe çıktı ve tutsakları peşine taktı, İnsanlara armağanlar verdi.”
Eyi nti na Kyerɛwsɛm no ka se, “Bere a ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔfaa nneduafo kaa ne ho; na ɔmaa nnipa akyɛde.”
9 Şimdi bu “çıktı” sözcüğü, Mesih önce aşağılara, yeryüzüne indi demek değil de nedir?
Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛase ne dɛn? Ase kyerɛ sɛ, nea edi kan no, ɔkɔɔ fam wɔ asase ase pɛɛ.
10 İnen de O'dur, her şeyi doldurmak üzere bütün göklerin çok üstüne çıkan da O'dur.
Enti nea ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro wim nyinaa so, sɛnea ɔbɛhyɛ abɔde nyinaa ma.
11 Kendisi kimini elçi, kimini peygamber, kimini müjdeci, kimini önder ve öğretmen atadı.
Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafo, afoforo yɛɛ adiyifo, afoforo yɛɛ asɛmpakafo, na afoforo nso yɛɛ asɔfo ne akyerɛkyerɛfo.
12 Öyle ki, kutsallar hizmet görevini yapmak ve Mesih'in bedenini geliştirmek üzere donatılsın.
Ɔyɛɛ eyi de siesiee Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛnea Kristo nipadua no nyin bɛkɔ so
13 Sonunda hepimiz imanda ve Tanrı Oğlu'nu tanımada birliğe, yetkinliğe, Mesih doluluğundaki olgunluk düzeyine erişeceğiz.
kosi sɛ yɛn nyinaa benya gyidi baako ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ baako, na yɛawie nyin wɔ Kristo mayɛ mu.
14 Böylece artık insanların kurnazlığıyla, aldatıcı düzenler kurmaktaki becerileriyle, her öğretinin rüzgarıyla çalkalanıp öteye beriye sürüklenen çocuklar olmayacağız.
Yɛrenyɛ mmofra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ nea ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na bradatofo ne aniferefo daadaa wɔn.
15 Tersine, sevgiyle gerçeğe uyarak bedenin başı olan Mesih'e doğru her yönden büyüyeceğiz.
Mmom, sɛ yɛtena ase nokware ne ɔdɔ honhom mu a, yebenyin wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti no mu.
16 O'nun önderliğinde bütün beden, her eklemin yardımıyla kenetlenip kaynaşmış olarak her üyesinin düzenli işleyişiyle büyüyüp sevgide gelişiyor.
Ne mu na honam akwaa ahorow no suso wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma, na nipadua no nyin ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu.
17 Bunun için şunu söylüyor ve Rab adına sizi uyarıyorum: Artık öteki uluslar gibi boş düşüncelerle yaşamayın.
Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ se monntena ase bio sɛ amanamanmufo a wonni adwene pa bi,
18 Onların zihinleri karardı. Bilgisizlikleri ve yüreklerinin duygusuzluğu yüzünden Tanrı'nın yaşamına yabancılaştılar.
na sum aduru wɔn ntease. Wonnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wonnim Onyankopɔn mu asetena na wonni nkatede ma nea ɛteɛ.
19 Bütün duyarlılıklarını yitirip açgözlülükle her türlü pisliği yapmak üzere kendilerini sefahate verdiler.
Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afide ahorow nyinaa bi a wonnu wɔn ho.
20 Ama siz Mesih'i böyle öğrenmediniz.
Ɛnyɛ saa na musua faa Kristo ho.
21 Kuşkusuz İsa'nın sesini duydunuz, O'ndaki gerçeğe uygun olarak O'nun yolunda eğitildiniz.
Ɛyɛ nokware sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛnea nokware a ɛwɔ Yesu mu no te.
22 Önceki yaşayışınıza ait olup aldatıcı tutkularla yozlaşan eski yaradılışı üzerinizden sıyırıp atmayı, düşüncede ve ruhta yenilenmeyi,
Enti montwe mo ho mfi mo suban dedaw no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔw no ho.
Momma Honhom no nyɛ mo koma ne mo adwene foforo,
24 gerçek doğruluk ve kutsallıkta Tanrı'ya benzer yaratılan yeni yaradılışı giyinmeyi öğrendiniz.
na montena ase wɔ suban foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ treneeyɛ ne kronkronyɛ mu no.
25 Bunun için yalanı üzerinizden sıyırıp atarak her biriniz komşusuna gerçeği söylesin. Çünkü hepimiz aynı bedenin üyeleriyiz.
Munnni atoro nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokware nkyerɛ ne nua, efisɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo nipadua mu.
26 Öfkelenin, ama günah işlemeyin. Öfkenizin üzerine güneş batmasın.
Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne. Mommma owia nkɔtɔ mo abufuw so.
27 İblis'e de fırsat vermeyin.
Mma ɔbonsam kwan.
28 Hırsızlık eden artık hırsızlık etmesin. Tersine, kendi elleriyle iyi olanı yaparak emek versin; böylece ihtiyacı olanla paylaşacak bir şeyi olsun.
Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔn no gyae akrɔmmɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforo.
29 Ağzınızdan hiç kötü söz çıkmasın. İşitenler yararlansın diye, ihtiyaca göre, başkalarının gelişmesine yarayacak olanı söyleyin.
Mma kasa bɔne mfi wʼanom, na mmom ka kasa pa na aboa afoforo sɛnea ehia wɔn na wɔn a wotie anya so mfaso.
30 Tanrı'nın Kutsal Ruhu'nu kederlendirmeyin. Kurtuluş günü için o Ruh'la mühürlendiniz.
Monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔw mo ano ama ogyeda no werɛ.
31 Her kötü niyetle birlikte her türlü kin, öfke, kızgınlık, bağrışma ve iftira sizden uzak olsun.
Munyi yawdi, bobɔne ne abufuw, ahohoahoa ne nseku ne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.
32 Birbirinize karşı iyi yürekli, şefkatli olun. Tanrı sizi Mesih'te bağışladığı gibi, siz de birbirinizi bağışlayın.
Monyɛ ayamye mma mo ho mo ho, mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomso nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.

< Efesliler 4 >