< Efesliler 3 >

1 Bu nedenledir ki, ben Pavlus siz uluslar uğruna Mesih İsa'nın tutuklusu oldum.
Me Paulo, mo amanamanmufo nti Kristo Yesu de me yɛɛ odeduani.
2 Tanrı'nın bana bağışladığı lütfu size ulaştırmakla görevlendirildiğimi duymuşsunuzdur.
Nokware mu, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm,
3 Yukarıda kısaca değindiğim gibi Tanrı, sır olan tasarısını bana vahiy yoluyla bildirdi.
a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyi so de ama sɛnea makyerɛw no tiaa dedaw no.
4 Bu mektubu okuduğunuzda Mesih sırrını nasıl kavradığımı anlayabilirsiniz.
Na sɛ mokenkan eyi a na mobɛte nhumu a mewɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase,
5 Bu sır önceki kuşaklara açıkça bildirilmemişti. Şimdiyse Mesih'in kutsal elçilerine ve peygamberlerine Ruh aracılığıyla açıklanmış bulunuyor.
nea wɔanyi ankyerɛ awo ntoatoaso bi mu nnipa sɛnea nnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafo ne adiyifo akronkron no.
6 Şöyle ki, öteki uluslar da mirasa ortaktır, aynı bedenin üyeleridir ve Müjde aracılığıyla Mesih İsa'da vaade ortaktır.
Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ amanamanmufo ne Israelfo bɔ mu yɛ adedifo. Wɔbɔ mu yɛ nipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu.
7 Tanrı'nın etkin gücüyle bana verilen lütuf armağanı uyarınca bu Müjde'yi yaymakla görevlendirildim.
Onyankopɔn dom akyɛde a ɔnam ne tumi so yɛ adwuma wɔ yɛn mu nti, meyɛɛ asɛmpa no ho somfo.
8 Bütün kutsalların en değersiziydim. Yine de Mesih'in akıl ermez zenginliğini uluslara müjdeleme,
Ɛwɔ mu sɛ me ne aketewa pa ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufo,
9 ve her şeyi yaratan Tanrı'da öncesizlikten beri gizli tutulan sırrın nasıl düzenlendiğini bütün insanlara açıklama ayrıcalığı bana verildi. (aiōn g165)
na memma nnipa nyinaa nhu saa ahintasɛm yi dwumadi a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa mu wɔ mfe bebree a atwa mu no mu no. (aiōn g165)
10 Öyle ki, Tanrı'nın çok yönlü bilgeliği, kilise aracılığıyla göksel yerlerdeki yönetimlere ve hükümranlıklara şimdiki dönemde bildirilsin.
Nʼatirimpɔw ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ wim mpanyinni ne atumfo,
11 Bu, Tanrı'nın başlangıçtan beri tasarladığı ve Rabbimiz Mesih İsa'da yerine getirdiği amaca uygundu. (aiōn g165)
sɛnea ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so wiee ne botae a ɛwɔ hɔ daa no. (aiōn g165)
12 Mesih'te ve Mesih'e olan imanımızla Tanrı'ya cesaret ve güvenle yaklaşabiliriz.
Afei Kristo ma yɛn akokoduru ne ahotoso a ɛma yenya gyidi ba Onyankopɔn anim.
13 Bu nedenle, uğrunuza çektiğim sıkıntılar karşısında yılmamanızı rica ediyorum. Bunlar size yücelik kazandırır.
Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mihu ma mo no ho. Ɛyɛ mo anuonyamhyɛ.
14 Bunun için, yerde ve gökte her ailenin adını kendisinden aldığı Baba'nın önünde diz çökerim.
Eyi nti mibu nkotodwe wɔ Agya no anim,
ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so no so.
16 Baba'nın kendi yüceliğinin zenginliği uyarınca Ruhu'yla sizi iç varlığınızda kudretle güçlendirmesini ve Mesih'in iman yoluyla yüreklerinizde yaşamasını dilerim. Öyle ki, Tanrı'nın bütün doluluğuyla dolmanız için, sevgide köklenmiş ve temellenmiş olarak bütün kutsallarla birlikte Mesih'in sevgisinin ne denli geniş ve uzun, yüksek ve derin olduğunu anlamaya, bilgiyi çok aşan bu sevgiyi kavramaya gücünüz yetsin.
Mebɔ mpae sɛ omfi nʼanuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den,
sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidi so abɛtena mo koma mu. Sɛ moagye ntin na moatim wɔ ɔdɔ mu no, mebɔ mpae sɛ
mo ne ahotefo nyinaa benya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛw, ne tenten, ne korɔn ne emu dɔ no ase,
na moahu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma.
20 Tanrı, bizde etkin olan kudretiyle, dilediğimiz ya da düşündüğümüz her şeyden çok daha fazlasını yapabilecek güçtedir.
Anuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so yɛ nea yebisa anaa nea yesusuw ma ɛboro so.
21 Kilisede ve Mesih İsa'da bütün kuşaklar boyunca sonsuzlara dek O'na yücelik olsun! Amin. (aiōn g165)
Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfi nnɛ nkosi daa daa. Amen. (aiōn g165)

< Efesliler 3 >