< Vaiz 4 >

1 Güneşin altında yapılan baskılara bir daha baktım, Ezilenlerin gözyaşlarını gördüm; Avutanları yok, Güç ezenlerden yana, Avutanları yok.
Bio, mehwɛ mehunuu nhyɛsoɔ a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase: Mehunuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nisuo na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara; tumi no wɔ wɔn nhyɛsofoɔ no nsam na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara.
2 Çoktan ölmüş ölüleri, Hâlâ sağ olan yaşayanlardan daha mutlu gördüm.
Na mekaa sɛ: Awufoɔ a wɔawuwu dada no ani gye sene ateasefoɔ; wɔn a wɔda so wɔ nkwa mu no.
3 Ama henüz doğmamış, Güneşin altında yapılan kötülükleri görmemiş olan İkisinden de mutludur.
Na deɛ ɔyɛ sene baanu yi ne deɛ ɔnnya mmaeɛ, deɛ ɔnnya nhunuu bɔne a wɔyɛ wɔ owia yi ase.
4 Harcanan her emeğin, yapılan her ustaca işin ardında kıskançlık olduğunu gördüm. Bu da boş ve rüzgarı kovalamaya kalkışmakmış.
Na mehunuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne deɛ onipa tumi yɛ nyinaa nnyinasoɔ ne sɛ, nʼani bere ne yɔnko. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, mmirika a wɔtu taa mframa.
5 Akılsız ellerini kavuşturup kendi kendini yer.
Ɔkwasea bobɔ ne nsa gu ne ho na ɔsɛe ne ho.
6 Rahat kazanılan bir avuç dolusu Zahmetle, rüzgarı kovalamaya kalkışarak kazanılan İki avuç dolusundan daha iyidir.
Nsa ma baako a asomdwoeɛ wɔ mu yɛ sene nsa ma mmienu a ɔbrɛ bata ho. Ɛte sɛ deɛ wotaa mframa.
7 Güneşin altında bir boş şey daha gördüm:
Afei nso mehunuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase:
8 Yalnız bir adam vardı, Oğlu da kardeşi de yoktu. Çabaları dinmek nedir bilmezdi, Gözü zenginliğe doymazdı. “Kimin için çalışıyorum, Neden kendimi zevkten yoksun bırakıyorum?” diye sormazdı. Bu da boş ve çetin bir zahmettir.
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam; ɔnni ɔbabarima anaa onuabarima. Nʼadwumaden amma nʼawieeɛ da, nanso nʼani ansɔ nʼahonya. Ɔbisaa ne ho sɛ, “Na hwan na merebrɛ ama no, na adɛn enti na mede anigyeɛ kame me kra?” Yei nso yɛ ahuhudeɛ, ɛyɛ ɔhaw kwa.
9 İki kişi bir kişiden iyidir, Çünkü emeklerine iyi karşılık alırlar.
Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ, ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:
10 Biri düşerse, öteki kaldırır. Ama yalnız olup da düşenin vay haline! Onu kaldıran olmaz.
Sɛ ɔbaako hwe ase a ne yɔnko bɛtumi aboa no. Nanso onipa a ɔhwe ase a ɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ.
11 Ayrıca iki kişi birlikte yatarsa, birbirini ısıtır. Ama tek başına yatan nasıl ısınabilir?
Bio, sɛ baanu da bɔ mu a, wɔka wɔn ho hye. Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye?
12 Yalnız biri yenik düşer, Ama iki kişi direnebilir. Üç kat iplik kolay kolay kopmaz.
Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ nanso baanu tumi pere wɔn ti. Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm.
13 Yoksul ama bilge bir genç artık öğüt almayı bilmeyen kocamış akılsız kraldan iyidir.
Ɔbabunu nyansafoɔ a ɔdi hia yɛ sene ɔhene akɔkoraa a ɔyɛ kwasea na ɔntie kɔkɔbɔ bio.
14 Çünkü genç, ülkesinde yoksulluk içinde doğsa bile cezaevinden krallığa yükselebilir.
Ebia na ɔbabunu no firi nneduafie na ɔbɛdii adeɛ anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehyeɛ abusua mu.
15 Güneşin altında yaşayan herkesin kralın yerine geçen genci izlediğini gördüm.
Mehunuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantee owia yi ase nyinaa dii ɔbabunu no akyi, deɛ ɔdii ɔhene no adeɛ no.
16 Yeni kralın yönettiği halk sayısız olabilir. Yine de sonrakiler ondan hoşnut olmayabilir. Gerçekten bu da boş ve rüzgarı kovalamaya kalkışmaktır.
Nnipa dɔm a wɔntumi nkane wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, ɛte sɛ wotaa mframa.

< Vaiz 4 >