< Koloseliler 4 >

1 Ey efendiler, gökte sizin de bir Efendiniz olduğunu bilerek kölelerinize adalet ve eşitlikle davranın.
Awuranom, momma mo asomfoɔ deɛ ɛtene. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ ɔsoro.
2 Kendinizi duaya verin. Duada uyanık kalın, şükredin.
Mommɔ mpaeɛ daa. Monyɛ nnam wɔ mo mpaeɛbɔ mu na monna Onyankopɔn ase.
3 Aynı zamanda bizim için de dua edin ki Tanrı, sözünü yaymamız ve uğruna hapsedildiğim Mesih sırrını açıklamamız için bize bir kapı açsın.
Ɛberɛ korɔ no ara mu, mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Ɛfiri sɛ, ɛno enti na meda afiase no.
4 Bu sırrı gerektiği gibi açıklıkla bildirebilmem için dua edin.
Mommɔ mpaeɛ na matumi akasa ama nteaseɛ aba mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa.
5 Sizden olmayanlara karşı bilgece davranın. Fırsatı değerlendirin.
Ɛberɛ biara a mobɛnya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyedifoɔ no ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu.
6 Sözünüz tuzla terbiye edilmiş gibi her zaman lütufla dolu olsun. Böylece herkese nasıl karşılık vermek gerektiğini bileceksiniz.
Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuaeɛ pa.
7 Rab yolunda emektaşım ve güvenilir bir hizmetkâr olan sevgili kardeşimiz Tihikos, benimle ilgili her şeyi size bildirecektir.
Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɛfoɔ pa na ɔsane yɛ Awurade adwumayɛ mu ɔsomfoɔ no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo.
8 İşte bu amaçla, durumumuzu iletmesi ve yüreklerinize cesaret vermesi için kendisini size gönderiyorum.
Ɛno enti na meresoma no aba mo nkyɛn sɛ ɔmmɛka sɛdeɛ yɛrekɔ so fa mfa nhyɛ mo den no.
9 Onunla birlikte, sizden biri olan, güvenilir ve sevgili kardeş Onisimos'u da gönderiyorum. Burada olup biten her şeyi size bildirecekler.
Onua Onesimo a ɔyɛ ɔdɔfoɔ nokwafoɔ na ɔsane fra mo kuo mu no ne no na ɛreba. Wɔbɛka biribiara a ɛrekɔ so wɔ ha akyerɛ mo.
10 Hapishane arkadaşım Aristarhus ve Barnaba'nın yeğeni Markos size selam ederler. Markos'la ilgili buyruklar aldınız; yanınıza gelirse kendisini kabul edin.
Me yɔnko Aristarko a ɔne me da afiase no kyea mo. Saa ara na Barnaba wɔfaase Marko nso kyea mo. Wɔaka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so.
11 Yustus diye tanınan Yeşu da size selam eder. Tanrı'nın Egemenliği için çalışan emektaşım Yahudiler yalnız bunlardır. Bunlar bana teselli oldular.
Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyea mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafoɔ agyidifoɔ a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahennie no ho adwuma a wɔaboa me yie.
12 Sizden biri ve Mesih İsa'nın kulu olan Epafras size selam eder. Tanrı'nın her isteğinden emin, yetkin kişiler olarak ayakta kalasınız diye sizin için her zaman duayla mücadele ediyor.
Kristo Yesu ɔsomfoɔ a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuo mu no nso kyea mo. Daa ɔbɔ mpaeɛ denden srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma nʼapɛdeɛ.
13 Gerek sizin gerekse Laodikya ve Hierapolis'tekiler için çok emek verdiğine tanıklık ederim.
Mɛtumi adi ne nsiyɛ ho adanseɛ akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no.
14 Sevgili hekim Luka'yla Dimas da size selam ederler.
Luka a ɔyɛ yɛn yaresafoɔ pa no ne Dema kyea mo.
15 Laodikya'daki kardeşlere, Nimfa'ya ve evindeki topluluğa selam edin.
Yɛkyea anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wɔhyia wɔ ne fie no.
16 Bu mektup aranızda okunduktan sonra Laodikya kilisesine de okutun. Siz de Laodikya'dan gelecek mektubu okuyun.
Sɛ mokan saa nwoma yi wie a, monhwɛ sɛ mobɛkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no. Saa ara nso na monkan nwoma a ɛfiri Laodikea no.
17 Arhippus'a, “Rab yolunda üstlendiğin görevi tamamlamaya dikkat et!” deyin.
Monka nkyerɛ Arkipo sɛ, “Bɔ mmɔden sɛ wobɛwie ɔsom a wɔde ahyɛ wo nsa wɔ Awurade din mu no.”
18 Ben Pavlus bu selamı elimle yazıyorum. Zincire vurulduğumu unutmayın. Tanrı'nın lütfu sizinle birlikte olsun.
Me, Paulo, me nsa ano atwerɛ a mede kyea mo nie: Monkae me mpɔkyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo.

< Koloseliler 4 >