< 2 Korintliler 5 >

1 Biliyoruz ki, barındığımız bu dünyasal çadır yıkılırsa, göklerde Tanrı'nın bize sağladığı bir konut –elle yapılmamış, sonsuza dek kalacak bir evimiz– vardır. (aiōnios g166)
Yɛnim sɛ, sɛ yɛwu na yɛgya saa onipadua yi a, yɛbɛnya onipadua foforɔ a Onyankopɔn ankasa ayɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ɔsoro hɔ. (aiōnios g166)
2 Şimdiyse göksel evimizi giyinmeyi özleyerek inliyoruz.
Seesei, yɛsi apinie pɛ sɛ wɔde ɔsoro animuonyam foforɔ no kata yɛn ho,
3 Onu giyinirsek çıplak kalmayız.
ɛfiri sɛ, sɛ wɔde kata yɛn ho a, yɛn ho renna hɔ bio.
4 Dünyasal çadırda yaşayan bizler ağır bir yük altında inliyoruz. Asıl istediğimiz soyunmak değil, giyinmektir. Öyle ki, ölümlü olan, yaşam tarafından yutulsun.
Na sɛ yɛwɔ saa honam yi mu a, yɛsi apinie na adesoa bi da yɛn so; ɛnyɛ sɛ yɛmmpɛ sɛ yɛgya onipadua no, na mmom, yɛpɛ sɛ wɔde ɔsoro atenaeɛ foforɔ no kata yɛn ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkwa bɛmene deɛ ɛwu no.
5 Bizleri tam bu amaç için hazırlamış ve güvence olarak bize Ruh'u vermiş olan Tanrı'dır.
Onyankopɔn na wasiesie yɛn ama saa nsakraeɛ yi. Na ɔde ne Honhom no maa yɛn sɛ deɛ ɔwɔ ma yɛn no nyinaa akyigyina.
6 Bu nedenle her zaman cesaretimiz vardır. Şunu biliyoruz ki, bu bedende yaşadıkça Rab'den uzaktayız.
Yei enti, daa yɛwɔ akokoɔduru. Yɛnim sɛ mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ saa onipadua yi mu no, ɛma yɛne Awurade fie kwan ware.
7 Gözle görülene değil, imana dayanarak yaşarız.
Ɛfiri sɛ, yɛn nkwa gyina gyidie so na ɛnnyina deɛ yɛhunu so.
8 Cesaretimiz vardır diyorum ve bedenden uzakta, Rab'bin yanında olmayı yeğleriz.
Yɛwɔ nkuranhyɛ enti, ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛtu afiri yɛn fie wɔ saa honam yi mu na yɛne Awurade akɔtena ne fie.
9 Bunun için, ister bedende yaşayalım ister bedenden uzak olalım, amacımız Rab'bi hoşnut etmektir.
Sɛ yɛwɔ yɛn fie ha anaa nohoa no, yɛpɛ sɛ yɛsɔ nʼani sene biribiara.
10 Çünkü bedende yaşarken gerek iyi gerek kötü, yaptıklarımızın karşılığını almak için hepimiz Mesih'in yargı kürsüsü önüne çıkmak zorundayız.
Ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma ɔbu yɛn atɛn. Sɛdeɛ obiara tenaa ase wɔ onipadua no abrabɔ mu no, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne na wɔbɛgyina so abu no atɛn.
11 Rab'den korkmanın ne demek olduğunu bildiğimizden insanları ikna etmeye çalışıyoruz. Ne olduğumuzu Tanrı biliyor; umarım siz de vicdanınızda biliyorsunuz.
Ɛfiri sɛ yɛnim sɛdeɛ yɛsuro Awurade enti, yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yie na mewɔ anidasoɔ sɛ monim me nso wɔ mo akoma mu.
12 Kendimizi yine size tavsiye etmeye çalışmıyoruz. Ama yürekle değil, dış görünüşle övünenleri yanıtlayabilmeniz için bizimle övünmenize fırsat veriyoruz.
Yɛrensane nka yɛn ho asɛmpa nkyerɛ mo, na mmom, yɛrebɔ ho mmɔden sɛdeɛ mode yɛn bɛhoahoa mo ho na moatumi abua wɔn a wɔde onipa anim hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ wɔn su no.
13 Eğer kendimizde değilsek, bu Tanrı içindir. Aklımız başımızdaysa, bu sizin içindir.
Sɛ yɛabobɔ adam a ɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asɛm. Nanso sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, ɛyɛ ma mo yiedie.
14 Bizi zorlayan, Mesih'in sevgisidir. Yargımız şu: Biri herkes için öldü; öyleyse hepsi öldü.
Afei a yɛahunu sɛ onipa baako na ɔwu maa nnipa nyinaa wuu bi no enti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Yei kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wuo no mu kyɛfa bi.
15 Evet, Mesih herkes için öldü. Öyle ki, yaşayanlar artık kendileri için değil, kendileri uğruna ölüp dirilen Mesih için yaşasınlar.
Ɔwu maa yɛn nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio na mmom, wɔbɛtena ase ama deɛ yɛn enti, ɔwuiɛ a wɔmaa ɔsɔre firii awufoɔ mu no.
16 Bu nedenle, biz artık kimseyi insan ölçülerine göre tanımayız. Mesih'i bu ölçülere göre tanıdıksa da, artık öyle tanımıyoruz.
Enti, ɛnsɛ sɛ yɛgyina onipa adwene so bu obiara atɛn bio. Na sɛ mpo ɛberɛ bi a atwam no na yɛgyina nnipa adwene so na yɛhunu Kristo a, afei deɛ, yɛrenyɛ saa bio.
17 Bir kimse Mesih'teyse, yeni yaratıktır; eski şeyler geçmiş, her şey yeni olmuştur.
Sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ, na nneɛma dada nyinaa atwam ama nneɛma foforɔ aba.
18 Bunların hepsi Tanrı'dandır. Tanrı, Mesih aracılığıyla bizi kendisiyle barıştırdı ve bize barıştırma görevini verdi.
Onyankopɔn ayɛ ne nyinaa. Ɔsomaa Kristo sɛ ɔmmɛpata ɔne yɛn ntam na ɔde ɔne afoforɔ ntam mpata dwumadie no ahyɛ yɛn nsa.
19 Şöyle ki Tanrı, insanların suçlarını saymayarak dünyayı Mesih'te kendisiyle barıştırdı ve barıştırma sözünü bize emanet etti.
Asɛm a wɔde abrɛ yɛn ne sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so afa nnipa nyinaa adamfo. Onyankopɔn ankan wɔn bɔne antia wɔn na ɔde nʼasomdwoeɛ asɛnka ho dwumadie no ahyɛ yɛn nsa.
20 Böylece, Tanrı aracılığımızla çağrıda bulunuyormuş gibi Mesih'in adına elçilik ediyor, O'nun adına yalvarıyoruz: Tanrı'yla barışın.
Enti yɛyɛ asomafoɔ ma Kristo, na ɛte sɛdeɛ Onyankopɔn nam yɛn so kasa kyerɛ mo. Yesi Kristo anan mu srɛ mo sɛ, momma wɔmfa mo mmata Onyankopɔn ho.
21 Tanrı, günahı bilmeyen Mesih'i bizim için günah sunusu yaptı. Öyle ki, Mesih sayesinde Tanrı'nın doğruluğu olalım.
Na Kristo nni bɔne, nanso yɛn enti, Onyankopɔn maa ɔfaa yɛn bɔne sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam ɔno Kristo so bɛyɛ teneneefoɔ wɔ Onyankopɔn anim.

< 2 Korintliler 5 >