< 2 Korintliler 3 >

1 Kendimizi yine tavsiye etmeye mi başlıyoruz? Yoksa bazıları gibi size ya da sizden tavsiye mektuplarına ihtiyacımız mı var?
Eyi kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio ana? Anaasɛ yehia adansedi nkrataa a efi yɛn nkyɛn anaa mo nkyɛn sɛnea afoforo hia no ana?
2 Bütün insanlarca bilinen ve okunan, yüreklerimize yazılmış mektubumuz sizsiniz.
Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔakyerɛw wɔ yɛn koma mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu na wakenkan.
3 Hizmetimizin sonucu olup mürekkeple değil, yaşayan Tanrı'nın Ruhu'yla, taş levhalara değil, insan yüreğinin levhalarına yazılmış Mesih'in mektubu olduğunuz açıktır.
Mote sɛ krataa a Kristo nam yɛn som so akyerɛw. Ɛnyɛ adubiri na wɔde kyerɛw no ɔbo pon so na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde kyerɛw guu nnipa koma mu.
4 Mesih sayesinde Tanrı'ya böyle bir güvenimiz vardır.
Saa ahotoso yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam.
5 Herhangi bir şeyi kendi başarımız olarak saymaya yeterliyiz demek istemiyorum; bizi yeterli kılan Tanrı'dır.
Biribiara nni yɛn mu a ebetumi ama yɛasi yɛn bo aka se yebetumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no fii Onyankopɔn.
6 O bizi yazılı yasaya değil, Ruh'a dayalı yeni bir antlaşmanın hizmetkârları olmaya yeterli kıldı. Yazılı yasa öldürür, Ruh ise yaşatır.
Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforo ho asomfo. Efi Honhom Kronkron no na emfi mmara a wɔakyerɛw. Mmara de owu ba na Honhom no ne nea ɛma nkwa.
7 Ölümle sonuçlanan hizmet, yani taş üzerine harf harf kazılan yasa yücelik içinde geldiyse –öyle ki, İsrailoğulları geçici olan parlaklığından ötürü Musa'nın yüzüne bakamadılar– Ruh'a dayalı hizmetin yücelik içinde olacağı daha kesin değil mi?
Mmara a ɛde owu bae no, na wɔakyerɛw no ɔbo pon so, nanso anuonyam a na ekura no nti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose anuonyam hyerɛnee nanso saa anuonyam no dumii.
8
Enti apam a Honhom no de ba no rennya anuonyam mmoroso ana?
9 İnsanı suçlu çıkaran hizmetin yüceliği varsa, aklanmayı sağlayan hizmetin yüceliği çok daha aşkındır.
Sɛ mmara a ɛde owu ba no wɔ anuonyam a, ɛno de nea ɛma yɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim no rennya anuonyam a ɛboro so ana?
10 Çünkü eskiden yüceltilmiş olanın, şimdi yücelikte aşkın olana göre yüceliği yoktur.
Nokware mu, Apam Foforo no anuonyam mmoroso nti, mmara a ɛde owu ba no anuonyam ayera.
11 Geçici olan, yücelik içinde geldiyse, kalıcı olanın yüceliği çok daha büyüktür.
Na sɛ anuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛ mu a, ade a ɛwɔ hɔ daa no anuonyam bɛyɛ nea ɛso yiye.
12 Böyle bir umuda sahip olduğumuz için büyük cesaretle konuşabiliriz.
Esiane sɛ yɛwɔ saa anidaso yi nti, yɛwɔ akokoduru.
13 Yüzündeki parlaklığın giderek söndüğünü İsrailoğulları görmesin diye yüzünü peçeyle örten Musa gibi değiliz.
Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkataanim kataa nʼanim sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no renhu nea ɛretwa mu no awiei.
14 İsrailoğulları'nın zihinleri körelmişti. Bugün bile Eski Antlaşma okunurken zihinleri aynı peçeyle örtülü kalıyor. Çünkü bu peçe ancak Mesih aracılığıyla kalkar.
Nanso ntease a wɔannya no nti besi nnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dedaw nhoma no a, saa nkataanim no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkataanim no befi hɔ no, gye sɛ wogye Kristo di.
15 Ne var ki, bugün bile Musa'nın yazıları okunduğunda yüreklerini bir peçe örtüyor.
Nnɛ yi mpo, bere biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkataanim no da so kata wɔn koma so.
16 Oysa ne zaman biri Rab'be dönerse, o peçe kaldırılır.
Nanso sɛ obi gye Awurade di a woyi nkataanim no fi hɔ.
17 Rab Ruh'tur, Rab'bin Ruhu neredeyse orada özgürlük vardır.
Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no ahotɔ wɔ hɔ.
18 Ve biz hepimiz peçesiz yüzle Rab'bin yüceliğini görerek yücelik üstüne yücelikle O'na benzer olmak üzere değiştiriliyoruz. Bu da Ruh olan Rab sayesinde oluyor.
Yɛn a nkataanim biara nkata yɛn anim no, Awurade anuonyam hyerɛn wɔ yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanuonyam mu.

< 2 Korintliler 3 >