< 2 Korintliler 10 >

1 Sizinle birlikteyken ürkek, ama aranızda değilken yiğit kesilen ben Pavlus, Mesih'teki alçakgönüllülük ve yumuşaklıkla size rica ediyor, yalvarıyorum: Yanınıza geldiğim zaman, bizi olağan insanlar gibi yaşayanlardan sayan bazılarına karşı güvenle takınmak niyetinde olduğum tavrı aynı cesaretle size karşı takınmaya zorlamayın beni.
Me, Paulo a sɛ mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛw, na sɛ minni mo nkyɛn nso a mewɔ akokoduru ma mo no, me na mitu saa fo yi. Mesrɛ wɔ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyefo no din mu sɛ:
2
Sɛ meba hɔ a monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Minim yiye sɛ metumi anya akokoduru wɔ nnipa a wɔka se wiase adwene na yɛde di dwuma no no ho.
3 Olağan insanlar gibi yaşıyorsak da, insansal güce dayanarak savaşmıyoruz.
Ɛyɛ nokware sɛ yɛte wiase, nanso yennyina wiase tumi so wɔ yɛn ko mu.
4 Çünkü savaşımızın silahları insansal silahlar değil, kaleleri yıkan tanrısal güce sahip silahlardır.
Akode a yɛde ko no mfi wiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akode a ano yɛ den a yebetumi de asɛe atamfo pampim a wɔabobɔ no. Yɛsɛe akyinnyehunu.
5 Safsataları, Tanrı bilgisine karşı diklenen her engeli yıkıyor, her düşünceyi tutsak edip Mesih'e bağımlı kılıyoruz.
Yɛsɛe akwanside biara a etia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔyɛ osetie ma Kristo.
6 Mesih'e tümüyle bağımlı olduğunuz zaman, O'na bağımlı olmayan her eylemi cezalandırmaya hazır olacağız.
Sɛ mo setie wie pɛyɛ na obi san yɛ asoɔden wɔ ɔkwan biara so a, yɛbɛtwe nʼaso.
7 Gözünüzün önündekine bakın. Bir kimse Mesih'e ait olduğuna güveniyorsa, yine düşünsün: Kendisi kadar biz de Mesih'e aitiz.
Sɛnea nneɛma te no ara na muhu. Obi wɔ hɔ a ɔkari ne ho ka se, ɔyɛ Kristo de ana? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ, efisɛ yɛn nso yɛyɛ Kristo de sɛnea ɔno nso yɛ ne de no.
8 Sizi yıkmak için değil, geliştirmek için Rab'bin bize verdiği yetkiyle biraz fazla övünsem de utanmam.
Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na munyin na memmfa nsɛe mo no bɛhoahoa me ho.
9 Mektuplarımla sizi korkutmaya çalışıyormuş gibi görünmek istemiyorum.
Mempɛ sɛ modwene sɛ mede me nkrataa a makyerɛw mo no rehunahuna mo.
10 Çünkü bazıları, “Mektupları ağır ve etkilidir, ama kişisel varlığı etkisiz, konuşma yeteneği de sıfır” diyormuş.
Obi bɛka se, “Paulo nkrataa mu nsɛm no yɛ yaw nanso sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!”
11 Böyle diyenler şunu bilsin ki, uzaktayken mektuplarımızda ne diyorsak, aranızdayken de öyle davranıyoruz.
Ɛsɛ sɛ saa onipa no te ne ho ase sɛ, nsonoe biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛkyerɛw no bere a yenni mo nkyɛn no, ne nea sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a yɛyɛ no mu.
12 Kendilerini tavsiye eden bazılarıyla kendimizi bir tutmaya ya da karşılaştırmaya elbette cesaret edemeyiz! Onlar kendilerini kendileriyle ölçüp karşılaştırmakla akılsızlık ediyorlar.
Ɛyɛ nokware, yɛrentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no yɛ nkwaseafo! Wɔnam wɔn ho a wɔde toto wɔn ho wɔn ho so no bu wɔn ho atɛn.
13 Ama biz haddimizi aşıp fazla övünmeyiz; övünmemiz, Tanrı'nın bizim için belirlediği, sizlere kadar da uzanan alanın sınırları içinde kalır.
Yɛn de, yɛn ahohoahoa no ntra so bi. Yɛn ahohoahoa no ntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn sɛ yenni a mo mu adwumayɛ ka ho bi no so.
14 Etkinlik alanımız size kadar uzanmasaydı, sizinle ilgilenmekle sınırlarımızın dışına çıkmış sayılabilirdik. Oysa Mesih'in Müjdesi'ni size kadar ilk ulaştıran biz olduk.
Esiane sɛ mowɔ saa tebea no mu nti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a yɛantra.
15 Başkalarının emeğiyle övünüp haddimizi aşmayız. Umudumuz odur ki, sizin imanınız büyüdükçe sayenizde etkinlik alanımız alabildiğine genişleyecek.
Eyi nti yɛmmfa adwuma a nkurɔfo ayɛ no nhoahoa yɛn ho te sɛ yɛn ara na yɛyɛe. Nea yɛrepɛ ne sɛ mo gyidi ase betim na anam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra baabi a Onyankopɔn ahyɛ no.
16 Böylelikle Müjde'yi sizlerden daha ötelere yayabileceğiz. Çünkü başkasının etkinlik alanında başarılmış işlerle övünmek istemiyoruz.
Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa wɔ aman afoforo so a yɛremfa adwuma a ɔfoforo ayɛ no nhoahoa yɛn ho.
17 “Övünen, Rab'le övünsün.”
Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no wɔ ade a Awurade ayɛ mu.”
18 Kabule değer kişi kendi kendini tavsiye eden değil, Rab'bin tavsiye ettiği kişidir.
Efisɛ ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu, na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ogye no to mu.

< 2 Korintliler 10 >